Mmebusɛm 26 - KYERƐW KRONKRONNkwaseafo, anihafo ne nkɔnkɔnsafo 1 Sɛ ahohurubere mu sukyerɛma ne twabere mu su te no, sɛ anuonyam mfata ɔkwasea ne no. 2 Sɛ akasanoma kyin na asomfena tu no, saa ara na nnuabɔ hunu remma mu. 3 Pɔnkɔabaa fata ɔpɔnkɔ, nnareka fata afurum, na abaa nso fata ɔkwasea akyi. 4 Mmua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wo nso woanyɛ sɛ ɔno. 5 Bua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wanyɛ n’ani so onyansafo. 6 Nea ɔde nsɛm soma ɔkwasea no twitwa n’ankasa nan, na ɔnom mmusu. 7 Sɛ apakye nan sensɛn hɔ no, sɛ nkwasea anom abebusɛm te ne no. 8 Sɛ abohene boaa te abokuw so no, sɛ nea ɔhyɛ ɔkwasea anuonyam te ne no. 9 Sɛ nsɔe poma te wɔ ɔsabofo nsam no, sɛ nkwasea anom abebusɛm te nen. 10 Nea ɔbɔ ɔkwasea ne anantefo paa no te sɛ bɛmmatofo a opira nnipa nyinaa. 11 Sɛ ɔkraman san kɔ ne fe ho no, sɛ ɔkwasea ti n’agyimisɛm mu ne no. 12 Wuhu onipa a ɔyɛ n’ankasa ani so nyansafo a, anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no. 13 Ɔkwadwofo se: Ɔsebɔ wɔ ɔkwan mu, gyata wɔ mmɔnten so! 14 Sɛ ɔpon dan ne ho ne mpontɛre so no, sɛ Ɔkwadwofo nso yɛ ne kɛtɛ so nen. 15 Ɔkwadwofo de ne nsa bɔ asanka mu, ɛhaw n’ani sɛ ɔde bɛhyɛ n’anom. 16 Ɔkwadwofo yɛ n’ani so nyansafo sen nnipa baasɔn a wɔkyerɛ ade a ɛsɛ. 17 Nea ɔde ne ho fra asɛm a ɛnyɛ ne de mu te sɛ nea oso ɔkraman a ɔretwam aso mu. 18 Sɛ ɔbɔdamfo a ɔtow nnyansramma, agyan ne owu te no, 19 sɛ onipa a ogyigye ne yɔnko, na ɔka se: Agoru na meredi, te ne no. 20 Nnyina sa a, ogya dum, na sɛ huhuhuhu nni hɔ a, ntɔkwaw to twa. 21 Sɛ gyabiriw yɛ ma nsramma, ne nnyina ma ogya no, sɛ ɔbarima ntɔkwapɛfo ma ɔko ano sɔ ne no. 22 Nea ɔpɛ huhuhuhu nsɛm te sɛ mfremfrem ade, na esian kɔ nnipadua no mu pɛɛ. 23 Ano fremfrem ne amumɔyɛ koma te sɛ dwetɛ fi a wɔde adura asankagow ho. 24 Nea ɔtan obi no de n’ano kyerɛ asɛm bi, na ne mu de, osiesie nkontompo. 25 Sɛ ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm a, nnye no nni, na akyide ason wɔ ne komam. 26 Nitan de nnaadaa kata ne ho, nanso asafo mu wobeyi ne bɔne adi. 27 Nea otu amoa bɛhwe ɛno ara mu, na nea omunum ɔbo no, ɛbɛsan aba no so. 28 Atoro tɛkrɛma kyi wɔn atamfo, na ano a ɛdɛfɛdɛfɛ de ɔsɛe ba. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana