Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 25 - KYERƐW KRONKRON


Nyansa so akatua

1 Eyi nso ne Solomon mmebusɛm bi a Yuda hene Hesekia nnipa fa kyerɛwee.

2 Onyankopɔn anuonyam ne asɛm so hintaw, na ahene anuonyam ne asɛm mu hwehwɛ.

3 Ɔsoro ware a ɛware, ne asase mu dɔ a ɛdɔ, ne ahene komam nni hwehwɛbea.

4 Yi fi fi dwetɛ mu, na agude fi odwumfo nsam aba.

5 Yi ɔbɔnefo fi ɔhene anim, na n’ahengua betim trenee mu.

6 Nhyehye wo ho ɔhene anim, na nkogyina nnipa akɛse gyinabea.

7 Na eye sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Bra ɔsoro ha! Sen sɛ wɔbɛbrɛ wo ase ɔberɛmpɔn a w’aniwa ahu no no anim.

8 Mfi hyerebahyereba nkɔko, na ebewie akyiri no a wo yɔnko agu w’anim ase no, wobɛyɛ dɛn?

9 Asɛm a wo ne wo yɔnko wɔ no, wo ne no nni, na nyi obi ahintasɛm adi.

10 Na nea ɔbɛte no annidi wo atɛm, na wo nsopa anka hɔ.

11 Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kɛntɛn mu.

12 Sɛ sika asomkaa ne amapa ahyehyɛde te no, sɛ onimkafo nyansafo te wɔ aso a ɛte asɛm so ne no.

13 Sɛ sukyerɛma dwo te twabere mu no, saa na ɔbɔfo nokwafo te ma wɔn a wɔsomaa no, efisɛ odwudwo ne wuranom kra.

14 Nea ɔde ayɛyɛ hunu hoahoa ne ho no te sɛ amununkum ne mframa a osu nni mu.

15 Abodwokyɛre dan ɔtemmufo ti, na tɛkrɛmabere bu dompe mu.

16 Wuhu ɛwo a, di nea ɛso wo, na anyi wo, na woamfe angu.

17 Mma wo nan nnyɛ wo yɔnko fi ntiantia, na wo ho anyɛ no mfonee na wantan wo.

18 Asabaa ne nkrante ne agyan nnamnam ne onipa a odi ne yɔnko ho adansekurum.

19 Ɔkɔnkɔnsani so anidaso hiada te sɛ ɛse a abu ne nan a afekyere.

20 Nea ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhowni no te sɛ nea ɔpa ntama awɔwbere mu, anaa nsa nyinyanyinya a wɔde gu gyakisi so.

21 Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni, na osukɔm de no a, ma no nsu nnom;

22 na wobɛsɔ nsramma agu n’atifi, na AWURADE bɛhyɛ wo ananmu.

23 Atifi fam mframa wo osu, na ntwiri tɛkrɛma wo abufunim.

24 Ɔdan atifi kokoam tena ye sen sɛ wo ne ɔbea tutupɛfo a ne ho nwo bɛtena ɔdan mu.

25 Sɛ nsuonwini yɛ ɔkra a atɔ piti no, sɛ asɛmpa a efi akyirikyiri asase so yɛ ne no.

26 Ɔtreneeni a ɔtɔ ɔbɔnefo anim ntintan te sɛ nsuaniwa a wɔatiatia mu ne abura a wɔasɛe no.

27 Ɛwodi ntraso nye, enti anuonyam a nnipa pɛ ma wɔn ho nyɛ anuonyam.

28 Onipa a ontumi nhyɛ ne ho so no te sɛ kurow a abubu a afasu nni ho.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan