Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 23 - KYERƐW KRONKRON


Asetena mu nyansa ne teeyɛ

1 Sɛ wotena ase ne ɔberɛmpɔn rebedidi a, susuw nea ɛwɔ w’anim no ho yiye;

2 na sɛ woyɛ odifudepɛfo a, ɛte sɛ wode sekan reto wo menewa mu.

3 Mma n’adɔkɔdɔkɔde nnnɔ wo kɔn, na ɛyɛ nnaadaa aduan.

4 Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade, gyae wo nhumu yi akyidi.

5 So wobɛma w’ani adi nea enni hɔ akyi? Na ahonyade fuw ntaban tu sɛ ɔkɔre a otu kɔ ɔsoro.

6 Nni nea ɔwɔ ani bɔne aduan, na mma n’adɔkɔdɔkɔde nnnɔ wo kɔn.

7 Na sɛnea odwen ne mu no, sɛ ɔte ne no, ose wo sɛ: Didi, nom! Nanso ne koma nni wo ho.

8 Afono ma a woadi no, wobɛfe, na wo nsɛm dɛdɛ no ayɛ ɔkwa.

9 Nkasa ngu ɔkwasea asom, na obebu wo kasa mu nimdeɛ no animtiaa.

10 Ntwiw tete hye, na nhyɛn nyisaa mfuw mu.

11 Na wɔn gyefo no yɛ otumfo, ɔne wo bedi wɔn asɛm ama wɔn.

12 Fa wo koma bra nteɛso ho, na fa w’aso bra nimdeɛ nsɛm ho.

13 Mfa nteɛso nkame abofra; na wode abaa hwe no a, ɔrenwu.

14 Sɛ wode abaa hwe no a, na wode regye ne kra afi asaman.

15 Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a, me koma bɛtɔ me yam, me ara nso m’ani begye,

16 na m’asaabo ho bɛsɛpɛw no, sɛ w’ano reka nea ɛteɛ.

17 Mma wo koma mmpere wo wɔ nnebɔneyɛfo ho, na mmom AWURADE suro ho daa nyinaa.

18 Na ampa ara, akyiri asɛm bi wɔ hɔ, na wɔrentwa nea w’ani da so no nkyene.

19 Me ba, wo de, tie, na hu nyansa, na teɛ wo koma kɔ ɔkwan no so.

20 Mfra asadweamfo, ne wɔn a wodi nam fuu no mu;

21 na ɔsadweam ne odidifo bedi hia, na nkotɔ de ntamagow fura onipa.

22 Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.

23 Tɔ nokware, na ntɔn, nyansa ne nteɛso ne nhumu nso.

24 Ahurusi na ɔtreneeni agya bedi, na nea ɔwoo onyansafo no ani gye ne ho.

25 Ma w’agya ne wo na ani nnye, na nea ɔwoo wo no nni ahurusi.

26 Me ba, fa wo koma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani.

27 Na oguamamfo yɛ amoa donkudonku, na ɔbea sansani yɛ abura hihiaa.

28 Ɔtɛw nso sɛ ɔkwanmukafo, na ɔma nnipa mu nkɔnkɔnsafo dɔɔso.

29 Hena na ɔwɔ ahohia mu, hena na ɔwɔ awerɛhow mu, hena na ɔwɔ atutuw ne nkɔmmɔdi, hena na ɔwɔ apirapira hunu ne ani a abere?

30 Wɔn a wɔkyɛ nsa ho, wɔn a wɔkɔka afrasa hwɛ.

31 Nhwɛ nsa sɛ ɛbere kɔɔ, na ani twa kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no,

32 akyiri no ɛka sɛ ɔwɔ, na ɛwɔ bɔre sɛ ahurutoa.

33 W’aniwa bɛhwɛ ananade, na wo koma aka akɔntɔnkyesɛm.

34 Na woayɛ sɛ nea ɔda po mfinimfini, ne nea ɔda hyɛn nnua atifi.

35 Na wobɛka se: Wɔbɔɔ me ade, nanso mante, wɔhwee me, nanso mante, bere bɛn na menyan, na makɔpɛ nsa akyi kwan!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan