Mmebusɛm 21 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn kyerɛ koma kwan 1 Ɔhene koma te sɛ asuten, AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdan kɔ. 2 Onipa kwan biara teɛ n’ani so, na koma karifo ne AWURADE. 3 Asɛntreneedi ne atemmu sɔ AWURADE ani sen afɔrebɔ. 4 Ani a ɛtra ntɔn ne koma a ɛhoran, abɔnefo kanea, ɛyɛ bɔne. 5 Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba, na obiara a ɔpere ho no, ɛde no kɔ ohia nko mu. 6 Ademude a wɔde atoro tɛkrɛma anya yɛ ahuhuw a ehuw kɔ; wɔn a wɔhwehwɛ no hwehwɛ owu. 7 Abɔnefo akokobirisɛm de wɔn kɔ, efisɛ wɔpo atemmu. 8 Onipa a ɛso da no so kwan kyea, na nea ne ho tew adwuma yɛ tee. 9 Ɔdan atifi kokoam tena ye sen sɛ wo ne ɔbea tutupɛfo bɛtena ɔdan mu. 10 Ɔbɔnefo kra kɔn dɔ bɔne, ne yɔnko anim nyɛ nyam n’ani so. 11 Ɔfɛwdifo akasadi mu, atetekwaa hu nyansa, na onyansafo yiyedi mu na onya nimdeɛ. 12 Ɔtreneeni gyen n’ani hwɛ abɔnefo fi, sɛnea wɔka abɔnefo gu sɛe wɔn. 13 Nea osiw n’aso fi ɔbrɛfo su ho no, ɔno nso besu afrɛ, na wɔrennye no so. 14 Kokoam adekyɛ pata abufuw, na kokom ayɛyɛde dwudwo abufuhyew. 15 Ɛyɛ ɔtreneeni anigye sɛ obedi asɛntrenee, na ɛyɛ hu ma amumɔyɛfo. 16 Onipa a ɔfom fi nimdeɛ kwan so no bɛtena nsamanfo asafo mu. 17 Nea ɔdɔ anigye bedi hia, nea ɔdɔ nsa ne ngo rennya ade. 18 Ɔbɔnefo bɛyɛ ɔtreneeni nnwensa, na nkontompofo besi teefo ananmu. 19 Num asase so tena ye sen ɔyere tutupɛfo a ne bo nnwo tena. 20 Ademude a ɛsom bo ne ngo wɔ onyansafo tenabea, na ɔkwasea de, ɔsɛe no. 21 Nea odi trenee ne adɔe akyi no, obenya nkwa, trenee ne anuonyam. 22 Onyansafo foro nnɔmmarima kurow, na osum ahoɔden a wɔde wɔn ho too so no kyene. 23 Nea ɔkora n’ano ne ne tɛkrɛma no, ɔkora ne kra fi ahohia mu. 24 Ɔhantanni a wahoman, ne din de ɔfɛwdifo, odi n’asɛm ahantan ntraso mu. 25 Ɔkwadwofo akɔnnɔ kum no, efisɛ ne nsa nso ade mu. 26 Ɔpere ara na obi pere ade daa adesae, na ɔtreneeni de, ɔma na ɔnkyɛe so. 27 Abɔnefo afɔrebɔ yɛ akyide, na menne sɛ ɔde nam adwemmɔne mu ba. 28 Atoro dansefo bɛyera, na onipa a otie asɛm, kasa daa. 29 Onipa bɔnefo hyɛ n’ani den, na ɔteefo de, ɔtaataa n’akwan. 30 Nyansa ne ntease ne afotu bi nni hɔ a ɛne AWURADE bedi asi. 31 Wosiesie ɔpɔnkɔ ma ko da, na nkonimdi de ɛwɔ AWURADE nsam. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana