Mmebusɛm 10 - KYERƐW KRONKRONNhyira ne nnome 1 Solomon mmebusɛm. Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea yɛ ne na awerɛhow. 2 Ɔbɔnefo akorade nyɛ mfaso bi, na trenee gye onipa fi owu mu. 3 AWURADE mmma ɔkɔm nne ɔtreneeni kra, na abɔnefo adepɛ de, ɔka gu. 4 Ohia behia nea ɔtwentwɛn ne nsa ase, na nsiyɛfo nsa ma wonya wɔn ho. 5 Nea ɔboaboa ano ahohuru bere no yɛ ɔba nyansafo, na nea ɔtɔ nko twabere no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwu. 6 Nhyira da ɔtreneeni atifi, na akakabensɛm kata abɔnefo ano. 7 Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira, na abɔnefo din bɛporɔw. 8 Komam nyansafo gye mmara nsɛm, na ogyimifo kurokurofo bɛhwe ase. 9 Nea ɔnam pɛyɛ mu no nam dwoodwoo, na nea ɔkyea n’akwan no, wobehu no. 10 Nea obu ani no yi awerɛhow, na ogyimifo kurokurofo bɛhwe ase. 11 Ɔtreneeni ano yɛ nkwa nsuti, na akakabensɛm kata abɔnefo ano. 12 Ɔtan hwanyan atutuw, na ɔdɔ kata mfomso nyinaa so. 13 Nhumufo anom na wohu nyansa, na abaa fata nea onni ti akyi. 14 Anyansafo kora nimdeɛ, na ogyimifo ano yɛ abu a ɛbɛn. 15 Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den, abrɛfo abu a ebu wɔn ne wɔn hia. 16 Ɔtreneeni adeyɛ ma nkwa, ɔbɔnefo nnɔbae de, ɔde yɛ bɔne. 17 Nea obu nteɛso no fa nkwa kwan so, na nea ɔpo animka no fom kwan. 18 Nea ɔkata nitan so no wɔ atoro ano, na nea otwiri obi no yɛ ɔkwasea. 19 Mfomso mpa ɔkasa dodow mu, na nea osianka n’ano yɛ onimdefo. 20 Ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ a wɔayiyi mu, abɔnefo koma de, ɛmfra. 21 Ɔtreneeni ano yɛn nnipa pii, na agyimifo de, ti a wonni nti wowuwu. 22 AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho. 23 Amumɔyɛ yɛ ɔkwasea sɛ agoru, na nyansa yɛ nhumu nipa fɛ. 24 Ɔbɔnefo ade a osuro ara na ɛbɛba no so, na treneefo ade a wɔpɛ no, wɔbɛma wɔn. 25 Sɛ ahum tu twam a, na ɔbɔnefo nni hɔ bio, na ɔtreneeni yɛ daa nnyinaso. 26 Sɛ nsa nyinyanyinya yɛ ɛse na owusiw yɛ aniwa no, sɛ onihawfo yɛ wɔn a wɔsoma no ne no. 27 AWURADE suro to nna so, na abɔnefo mfe de, wobetwa so. 28 Treneefo anidaso bɛyɛ anigye, na nea abɔnefo hwɛ no kwan no bɛyera. 29 AWURADE akwan yɛ ahoɔden ma pɛyɛfo, na ɛyɛ ɔsɛe ma amumɔyɛfo. 30 Ɔtreneeni renhim da biara da, na abɔnefo rentena asase so. 31 Ɔtreneeni ano yi nyansa adi, na tɛkrɛma kɔntɔnkye de, wobetwa. 32 Ɔtreneeni ano nim ade a ɛsɔ ani, na abɔnefo ano di akɔntɔnkyesɛm. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana