Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mika 5 - KYERƐW KRONKRON


Nea wɔasra no no awo ne n’ahenni

1 Afei bɔ tukuw, wo Sion babea; wotua yɛn twa yɛn ho hyia; wɔde abaa bɔ Israel temmufo abogye.

2 Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.

3 Enti ɔde wɔn bɛma akosi bere a ɔwofo bi bɛwo, na ne nuanom nkae bɛsan ne Israel mma nso aba.

4 Na obegyina hɔ ayɛn wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛso akosi asase awiei.

5 Na oyi bɛyɛ asomdwoe. Sɛ Asaria ba yɛn asase so na otiatia yɛn aban afɛfɛ mu a, ɛnna yebesisi ahwɛfo baasɔn, ne nnipa mu mmapɔmma baawɔtwe atia no.

6 Na wɔde afoa ayɛn Asaria asase ne Nimrod asase n’apon mu; na sɛ Asaria ba yɛn asase so na sɛ otiatia yɛn hye so a, obegye yɛn afi ne nsam.

7 Na Yakob nkae no a amanaman bebree atwa ho ahyia no bɛyɛ sɛ obosu a efi AWURADE nkyɛn, sɛ nsu a ɛpete nhabamma so ɛnhwɛ nkurɔfo bi kwan na ɛntwɛn adasamma nso.

8 Na Yakob nkae no bɛyɛ sɛ gyata wɔ kwae mu mmoa mu amanaman bebree a atwa ahyia no mu, sɛ gyataforo wɔ nguankuw no mu sɛ ɔsen ba a otiatia so, na ɔtetew mu a ogyefo bi nni hɔ.

9 Ma wo nsa so, w’ahohiafo so, na di w’atamfo so.

10 Na ɛda no, AWURADE asɛm ni, metwitwa w’apɔnkɔ afi wo mu, na masɛe wo nteaseɛnam,

11 na matwitwa w’asase so nkurow agu, na madwiriw w’abandennen nyinaa;

12 na metwitwa wo ntafowayi afi wo nsam, na woannya akɔmfo bio;

13 na metwitwa w’ahoni ne w’adum afi wo mu, na woansɔre wo nsa ano adwuma bio;

14 na metutu w’abosompɔw nnua afi wo mu, na masɛe wo nkurow;

15 na mede abufuw ne abufuhyew matɔ were, amanaman a wɔantie no so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan