Mika 4 - KYERƐW KRONKRONWiase bɛdan asomdwoe ahenni ( Yesaia 2.2-4 ) 1 Na nna a edi akyiri no mu no, AWURADE fi bepɔw no betim hɔ mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na aman asen yuu aba so. 2 Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so; na Sion na mmara befi, na AWURADE asɛm afi Yerusalem. 3 Na obebu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio. 4 Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo AWURADE ankasa na aka. 5 Na aman no mu biara nantew ne nyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daadaa. Israel anoboa ne anuonyam 6 Ɛda no, AWURADE asɛm ni, mɛboa asiifo no ano, na wɔn a wɔapam wɔn no, mɛma wɔaba, ne wɔn a me ne wɔn adi no bɔne no. 7 Na mɛma asiifo no ayɛ nkae, na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no ayɛ ɔman kɛse; na AWURADE bedi wɔn so hene Sion bepɔw so afi nnɛ de akosi daa. 8 Na wo, Sion babea koko, woayɛ sɛ nguanhwɛ abantenten wo hɔ, na kan tumidi no bɛba abedu, Yerusalem babea ahenni no bɛba abedu. 9 Afei, ɛdɛn nti na woteɛm dennen? So ɔhene bi nni wo mu, anaasɛ wo fotufo no ayera, na awoko aka wo sɛ ɔwofo yi? 10 Sion babea, ko awo, kyem sɛ ɔwofo, na afei wubefi adi afi kurow no mu akɔtena wuram, na woakɔtena Babel tɔnn; ɛhɔ na wobeyi wo, ɛhɔ na AWURADE bɛpɔn wo afi w’atamfo nsam. 11 Na afei amanaman pii aboa wɔn ho ano ahyɛ wo, na wɔka sɛ: Ma Sion ho nhura, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ n’animguase no. 12 Na wɔn de, wonnim AWURADE adwene na wonhu n’agyinatu mu; sɛ waboaboa wɔn ano sɛ awiporowbea afiafi. 13 Sɔre, porow, O Sion babea, na mɛyɛ wo dade mmɛn, na mayɛ wo ntɔte kɔbere, na wode adwerɛw aman pii dukuduku, na mehyira wɔn ahonyade so mama AWURADE, ne wɔn ade dodow so mama asase nyinaa wura no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana