Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mika 3 - KYERƐW KRONKRON


Ɔkasa tia ɔman no adikanfo ne adiyifo

1 Na mise: Muntie ɛ, Yakob atitiriw ne Israel fi akannifo, so ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ muhu atemmu?

2 Mo na motan papa na modɔ bɔne, mugua wɔn were fi wɔn ho, ne wɔn nam fi wɔn nnompe ho,

3 na mo na moadi me man nam, na moaworɔw wɔn were afi wɔn ho, na moabubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no sɛ kutu mu ade, ne ɔsɛn mu nam.

4 Ɛno ansa na wobesu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim behintaw wɔn bere no mu, sɛnea wɔmaa wɔn nsɛnnii yɛɛ bɔne no.

5 Sɛɛ na AWURADE ka tia adiyifo a wɔdaadaa me man na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ: Asomdwoe! Na nea ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anom no, wɔnoa no so sa no.

6 Ne saa nti ade bɛsa mo, anisoadehu nni hɔ ma mo, na esum aduru mo, mo nkɔmhyɛ ho, na owia bɛtɔ adiyifo no so, na adekyee adan wɔn so sum kabii;

7 na adehufo no ani bewuwu, na nkɔmhyɛfo no anim asinsiam, na wɔn nyinaa bemuamua wɔn ano, efisɛ Onyankopɔn mmuae bi nni hɔ.

8 Na me de, AWURADE honhom mu tumi ne atemmu ne mmaninyɛ ahyɛ me ma, sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato, ne Israel ne bɔne.

9 Muntie eyi ɛ, Yakob fi atitiriw ne Israel fi akannifo, mo a mukyi atemmu na mokyea nea ɛteɛ nyinaa,

10 mo a mokyekye Sion, mogyahwiegu mu, ne Yerusalem, akɔntɔnkyede mu.

11 Emu atitiriw gye ademmude bu atɛn, na emu asɔfo gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifo gye sika hyɛ nkɔm, nanso wotweri AWURADE ka sɛ: So ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntam yi? Bɔne bi remma yɛn so.

12 Ne saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuw, na Yerusalem adan abo akuakuw, na ofi no bepɔw adan kwae sorɔnsorɔmmea.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan