Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mika 2 - KYERƐW KRONKRON


Amimfo nnue!

1 Wonnue wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm ne wɔn a wosiesie bɔne, wɔn nnae so; anɔpa hann mu wɔyɛ, efisɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,

2 na wɔn ani bere mfuw, na wogye, ne afi, na wɔfofa kɔ, na wɔhyɛ ofiwura ne ne fi so ne onipa ne n’agyapade so.

3 Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meredwen abusua yi ho bɔne a morentumi nyiyi mo kɔn mfi mu, na morenyi akyea ahantan so nso, na ɛbɛyɛ bere bɔne.

4 Ɛda no wɔbebu mo ho bɛ na wɔatwa kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakra no; wagye afi me nsam; otuatewfo na ɔkyɛ yɛn mfuw mu ma no.

5 Enti worennya nea ɔde susuhama bɛto wo kyɛfa so, AWURADE asafo mu.

6 Monnka adiyisɛm! Sɛ wɔkeka nen; wɔnnka eyinom ho adiyisɛm, ahohora remma.

7 Yakob fi, so; wɔnka sɛ: So AWURADE honhom nni boasetɔ anaa? So eyinom ne ne nneyɛe anaa? So ɛnyɛ yiye na me nsɛm yɛ nea ɔnam tee no anaa?

8 Nanso mosɔre tia me man sɛ ɔtamfo, na muyi wɔn a wotwam dwoodwoo a wɔmpɛ ɔko no ho ntade so nguguso.

9 Mopam me man mu mmea fi wɔn afi afɛfɛ mu na mugye m’anuonyam fi wɔn mmotafowa hɔ koraa.

10 Monsɔre na monkɔ! Na ɛha nyɛ mo homebea, esiane efigu a ɔsɛe a ɛso ba no nti.

11 Sɛ obi a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atoro ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne mmorosa ho adiyisɛm, a ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafo!


Ogye ho bɔhyɛ

12 Ɔboa na mɛboa mo nyinaa ano, O Yakob, hyia na mehyia Israel nkae; mɛka wɔn mabom sɛ nguan a wɔwɔ nguanban mu, sɛ mmoakuw wɔ wɔn didibea, nnipa dodow nti, wɔbɛyɛ hoo.

13 Otwafo di wɔn anim reforo aba; wɔbɔ kirididi sen fa kurow pon mu, na wɔfa mu fi adi bio; na wɔn hene sen di wɔn anim, na AWURADE di wɔn kan.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan