Mateo 8 - KYERƐW KRONKRONƆkwatani bi ahofi ( Marko 1.40-44 ; Luka 5.12-14 ) 1 Na ofi bepɔw no so sianee no, nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi. 2 Na hwɛ, ɔkwatani bi bae bɛkotow no kae sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi. 3 Na ɔteɛɛ ne nsa kaa no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na ne kwata no gyaee. 4 Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, na kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na kɔma ayɛyɛde a Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse. Akoa bi ayaresa ( Luka 7.1-10 ) 5 Na Yesu kɔhyɛn Kapernaum no, asraafo ha so panyin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no 6 sɛ: Owura, m’abofra da fie yare mmubui rehu amane dodo. 7 Na Yesu see no sɛ: Mɛba mabɛsa no yare. 8 Na asraafo ha so panyin no buae sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase, na ka asɛm nko, na m’abofra no ho bɛyɛ no den. 9 Na me nso meyɛ onipa a mewɔ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na mise oyi sɛ: Kɔ a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo bi sɛ: Bra a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi a, ɔyɛ. 10 Na Yesu tee no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wodi n’akyi no sɛ: Nokware mise mo sɛ, Israel mu mpo minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ pɛn. 11 Na mise mo sɛ, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidii ɔsoro ahenni mu; 12 na ahenni mma no de, wɔbɛtow wɔn akogu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ. 13 Na Yesu see asraafo ha so panyin no sɛ: Kɔ, na sɛnea woagye adi no, ɛnyɛ mma wo! Na ɛdɔn no ara mu n’abofra no ho tɔɔ no. Petro n’ase ayaresa ( Marko 1.29-34 ; Luka 4.38-41 ) 14 Na Yesu baa Petro fi no, obehuu n’asebea sɛ ɔda hɔ yare atiridii. 15 Na osoo ne nsa, na atiridii no gyaa no, na ɔsɔre som no. Yesu sa nyarewa ahorow 16 Na eduu anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’anom asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare. 17 Na nea odiyifo Yesaia kae no aba mu sɛ: Ɔno na ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛw, na ɔsoaa yɛn nyarewa. Yesu akyidi ( Luka 9.57-60 ) 18 Na Yesu huu nkurɔfo akuwakuw pii wɔ ne ho no, ɔhyɛe sɛ wɔbɛkɔ asuogya noho. 19 Na ɔkyerɛwfo bi bae bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi. 20 Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to. 21 Na asuafo no mu ɔfoforo bi see no sɛ: Awurade, ma me kwan na minkosie m’agya ansa. 22 Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi, na ma awufo nsie wɔn awufo! Ahum asebrɛ ( Marko 4.36-41 ; Luka 8.23-25 ) 23 Na ɔtenaa ɔkorow no mu no, n’asuafo no dii n’akyi. 24 Na hwɛ, ahum kɛse bi tui ɛpo no so, na ɛmaa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so; na ɔno de, na wada. 25 Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera! 26 Na osee wɔn sɛ: Mo a mo gyidi sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne ɛpo no, na ɛyɛɛ dinn. 27 Na ɛyɛɛ nnipa no nwonwa, na wɔkae sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi? Ahonhommɔne ( Marko 5.1-17 ; Luka 8.26-37 ) 28 Na oduu asuogya noho, Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a honhommɔne wɔ wɔn so fi aboda mu behyiaa no; wɔyɛ keka sɛ, enti obiara ntumi ntwam ɔkwan no so. 29 Na hwɛ, wɔteɛteɛɛm sɛ: Dɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ wobɛyɛ yɛn ayayade ansa na bere no adu anaa? 30 Nanso na mprakokuw bi redidi akyirikyiri. 31 Na ahonhommɔne no srɛɛ no sɛ: Sɛ wutu yɛn a, ma yɛn kwan na yɛnkɔ mprakokuw yi mu. 32 Na osee wɔn sɛ: Monkɔ! Na wofii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ, mprakokuw no nyinaa bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu po no mu wuwui nsu no mu. 33 Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no guanguanee, na wɔkɔɔ kurow no mu kɔkaa ne nyinaa ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so no ho asɛm kyerɛe. 34 Na hwɛ, kurom hɔfo no nyinaa fii adi sɛ wɔrebehyia Yesu; na wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ omfi wɔn hye so hɔ nkɔ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana