Mateo 4 - KYERƐW KRONKRONYesu sɔhwɛ ( Marko 1.12-13 ; Luka 4.1-13 ) 1 Ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. 2 Na odii mmuada adaduanan awia ne anadwo, akyiri yi no, ɔkɔm dee no. 3 Na ɔsɔhwɛfo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na abo yi nnan abodoo. 4 Na Yesu buae sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so. 5 Ɛnna ɔbonsam de no kɔɔ kurow kronkron no mu, na ɔde no kogyinaa asɔrefi no atifi, 6 na osee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, tow wo ho kyene fam; na wɔakyerɛw sɛ: Wo nti ɔbɛhyɛ n’abɔfo, na wɔabɛsoa wo wɔn nsam, na woamfa wo nan ampem ɔbo. 7 Yesu see no sɛ: Wɔakyerɛw bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ! 8 Na ɔbonsam faa no bio kɔɔ bepɔw tententen bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam, 9 na osee no sɛ: Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa bɛma wo. 10 Ɛnna Yesu see no sɛ: Fi me so, Satan! Na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no. 11 Ɛnna ɔbonsam gyaw no hɔ, na hwɛ, abɔfo bae bɛsom no. Yesu kɔ Galilea ( Marko 1.14-15 ; Luka 4.14-15 ) 12 Na Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, osiim kɔɔ Galilea. 13 Na ofii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so, 14 na nea Odiyifo Yesaia kae no aba mu sɛ: 15 Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo kwan so, Yordan agya, amanaman Galilea, 16 ɔman a wɔte sum mu no ahu hann kɛse bi, na wɔn a wɔte owu asase so ne ne sunsuma mu no, hann bi apue ama wɔn. 17 Efi saa bere no, Yesu fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn. Asuafo baanan frɛ ( Marko 1.16-20 ; Luka 5.1-11 ) 18 Na Yesu nenam Galilea po ho no, ohuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asawu ɛpo mu; na wɔyɛ apofofo. 19 Na osee wɔn sɛ: Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo. 20 Na ntɛm ara wogyaw wɔn asawu no bedii n’akyi. 21 Na ofi hɔ kɔɔ n’anim no, ohuu anuanom baanu bio, Sebedeo ba Yakob ne ne nua Yohane, sɛ wɔne wɔn agya Sebedeo te ɔkorow mu retuatua wɔn asawu mu; na ɔfrɛɛ wɔn. 22 Na ntɛm ara wogyaw ɔkorow no ne wɔn agya bedii n’akyi. Galilea asɛnka ne ayaresa 23 Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu. 24 Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyare, wɔn a ɔhaw horow akita wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui nyinaa brɛɛ no na ɔsaa wɔn yare. 25 Na nkurɔfo akuwakuw pii a wofi Galilea ne Dekapoli no mu ne Yerusalem ne Yudea ne Yordan agya dii n’akyi. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana