Mateo 3 - KYERƐW KRONKRONYohane asɛnka ( Marko 1.1-8 ; Luka 3.1-18 ; Yohane 1.19-28 ) 1 Na nna no mu no, Yohane suboni no ba bɛkaa asɛm Yudea sare so 2 sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn. 3 Na oyi ne nea Odiyifo Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ: Obi nne teɛm sare so sɛ: Munsiesie Awurade akwan! Momma n’atempɔn nteɛ! 4 Nso na Yohane yi fura ntama a wɔde yoma nwi na ayɛ, na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen, na n’aduan ne mmoadabi ne wuram wo. 5 Ɛnna Yerusalemfo ne Yudeafo nyinaa ne Yordan ho asase nyinaa sofo fi kɔɔ ne nkyɛn; 6 na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu asubɔnten Yordan mu. 7 Na Yohane huu Farisifo ne Sadukifo no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, osee wɔn sɛ: Nhurutoa mma! Hena na ɔkyerɛɛ mo sɛ munguan mfi abufuw a ɛreba no ho? 8 Ɛnne monsow aba a ɛfata adwensakra. 9 Na munnsusuw nnse mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham. 10 Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw; enti dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu. 11 Me de, mebɔ mo asu nsu mu kɔ adwensakra mu, na nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu. 12 Ɔno na ne nhuwso apaawa kita ne nsam, na ɔbɛpra awiporowee hɔ fitaa, na waboaboa n’awi ano akogu san so, na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew. Yesu asubɔ ( Marko 1.9-11 ; Luka 3.21-22 ; Yohane 1.31-34 ) 13 Ɛnna Yesu fii Galilea baa Yordan ho Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu. 14 Na ɔno de, osiw no kwan sɛ: Me mmom a ehia me sɛ wobɔ me asu no na woba me nkyɛn yi? 15 Na Yesu bua see no sɛ: Mprempren de, ma ho kwan; na ɛnam eyi so na yɛhyɛ trenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan. 16 Na wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii nsu no mu, na hwɛ, ntɛm ara ɔsoro bue maa no, na ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma reba no so. 17 Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana