Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 28 - KYERƐW KRONKRON


Ɔda hunu no
( Marko 16.1-10 ; Luka 24.1-10 ; Yohane 20.1-18 )

1 Na homeda no twaam no, da a edi nnawɔtwe kan no ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria biako no bae sɛ wɔrebɛhwɛ ɔda no.

2 Na hwɛ, asase wosowee kɛse pa ara; na Awurade bɔfo fi soro sian bae bemunum ɔbo no fii ɔda no ano, na ɔtenaa so.

3 Na ne ho te sɛ anyinam, na n’atade hoa sɛ asukɔtwea.

4 Na ne ho hu nti awɛmfo no ho popoe, na wɔyɛe sɛ awufo.

5 Na ɔbɔfo no bua see mmea no sɛ: Mo de, munnsuro! Na minim sɛ mohwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.

6 Onni ha; na wanyan sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ faako a na ɔda!

7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo sɛ wanyan afi awufo mu. Na hwɛ, odi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mubehu no; hwɛ, maka makyerɛ mo.


Wohyia Yesu

8 Na wofii ɔda no ho ntɛm ara de ehu ne anigye kɛse tutuu mmirika sɛ wɔrekɔka akyerɛ n’asuafo no.

9 Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kae sɛ: Mema mo amo! Na wɔbae besusoo n’anan kotow sɔree no.

10 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Munnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wobehu me.


Asɔfo mpanyin no ma ademmude

11 Na wɔrekɔ no, hwɛ, awɛmfo no mu binom baa kurow no mu bɛkaa nea esii nyinaa kyerɛɛ asɔfo mpanyimfo no.

12 Na wɔne mpanyimfo no hyiae na wotuu agyina no, wɔmaa asraafo no sika bebree

13 kae sɛ: Monka sɛ: Anadwo a yɛdae no na n’asuafo bae bewiaa no.

14 Na sɛ eyi du amrado asom a, yɛbɛkyerɛ no mu na mo ho anka mu.

15 Na wogyee sika no kɔyɛe sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no. Na asɛm yi atrɛw Yudafo mu de abedu nnɛ.


Asɛmpatrɛw adwuma ho ahyɛde

16 Na asuafo dubiako no siim kɔɔ Galilea, bepɔw a Yesu kyerɛɛ wɔn no so.

17 Na wohuu no no, wɔkotow sɔree no; na ebinom gyee akyinnye.

18 Na Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.

19 Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,

20 na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan