Mateo 22 - KYERƐW KRONKRONƆhene ba ayeforohyia ( Luka 14.16-24 ) 1 Na Yesu kasa kyerɛɛ wɔn mmebu mu bio sɛ: 2 Ɔsoro ahenni te sɛ ɔhene bi a ɔtoo ayeforo pon maa ne ba. 3 Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra ayeforo no ase no, wɔampɛ sɛ wɔba. 4 Bio, ɔsomaa nkoa foforo sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduan, wɔakum m’anantwi ne me nyɛmmoa, na wɔawie ade nyinaa; mommra ayeforo no ase! 5 Na wɔn de, wɔamfa anyɛ hwee, na wɔkokɔe, obi kɔɔ n’afum, na obi nso kodii ne gua. 6 Na wɔn a aka no kyekyeree ne nkoa no bɔɔ wɔn adapaa kunkum wɔn. 7 Na ɔhene no tee no, ne bo fuwii, na ɔsomaa ne dɔm kokunkum awudifo no, na ɔhyew wɔn kurow. 8 Ɛnna osee ne nkoa no sɛ: Wɔasiesie ayeforohyia no de, nanso wɔn a wɔahyia wɔn no, ansɛ wɔn. 9 Enti monkɔ atempɔn nkwanta so, na dodow ara a mubehu wɔn no, momfrɛ wɔn mmra ayeforo apontow no ase. 10 Na nkoa no fii adi kɔɔ akwan so kɔboaboaa dodow a wohuu wɔn no ano, nnipa bɔne ne nnipa pa; na ahɔho bɛhyɛɛ ayeforohyia dan no ma. 11 Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ ahɔho a wɔaba no, obehuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ. 12 Na obisaa no sɛ: Awɛ, wobaa mu ha dɛn ni na wonhyɛ ayeforohyia atade yi? Na ɔtɔɔ mum. 13 Ɛnna ɔhene no see asomfo no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ. 14 Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔapaw wɔn no de, wɔyɛ kakraa bi. Tow ho asɛmmisa ( Marko 12.13-17 ; Luka 20.20-26 ) 15 Ɛnna Farisifo no kɔe kotuu agyina sɛnea wobesum no afiri ɔkasa mu. 16 Na wɔsomaa wɔn asuafo kaa Herodefo no ho baa ne nkyɛn sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wokyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim. 17 Enti kyerɛ yɛn nea wudwen. Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi? 18 Na Yesu huu wɔn amumɔyɛ no, ɔkae se: Mo nyaatwomfo, adɛn na mosɔ me hwɛ? 19 Momfa ɔtow sika no bi mmɛkyerɛ me! Na wɔde denare brɛɛ no. 20 Na obisaa wɔn sɛ: Hena mfonini ne nkyerɛwee ni? 21 Wose: Kaesare dea. Ɛnna osee wɔn sɛ: Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn! 22 Na wɔtee no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa; na wogyaw no hɔ kɔe. Owusɔre ho asɛmmisa ( Marko 12.18-27 ; Luka 20.27-40 ) 23 Da no ara na Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn bebisaa no 24 sɛ: Kyerɛkyerɛfo, Mose kae sɛ: Sɛ obi wu na onni mma a, ne nua nware ne yere no, na ɔnwo mma ne nua no. 25 Na anuanom baason tenaa yɛn nkyɛn ha. Nea odi kan no waree, na owui; wannya mma, na ogyaw ne yere no maa ne nua. 26 Saa ara nso na nea ɔto so abien ne abiɛsa no yɛe de beduu ason no so. 27 Na wɔn nyinaa akyi no, ɔbea no nso wui. 28 Enti owusɔre mu no, baason yi mu hena na ɔbɛyɛ ne yere? Efisɛ wɔn nyinaa aware no. 29 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mofom, na munnim kyerɛw nsɛm ne Nyankopɔn tumi. 30 Na owusɔre mu no, wɔnnware na wɔmma aware, na wɔte sɛ abɔfo wɔ ɔsoro. 31 Na ɛfa awufo sɔre ho de, monnkenkan nea Onyankopɔn kaa no pɛn sɛ: 32 Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn? Onyankopɔn nyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo Nyankopɔn. 33 Na nkurɔfo akuwakuw no tee no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiriw. Ɔdɔ ne mmara a edi kan ( Marko 12.28-31 ; Luka 10.25-28 ) 34 Na Farisifo no tee sɛ wamua Sadukifo no ano no, wokohyiaa faako. 35 Na wɔn mu biako a ɔyɛ mmarakyerɛfo bisaa no de sɔɔ no hwɛe sɛ: 36 Kyerɛkyerɛfo, mmara no mu kɛse ne nea ɛwɔ he? 37 Na osee no sɛ: Dɔ Awurade wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! 38 Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. 39 Na nea ɛto so abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! 40 Mmara nsɛm abien yi so na mmara ne adiyifo nyinaa gyina. Dawid ba ne Dawid wura ( Marko 12.35-37 ; Luka 20.41-44 ) 41 Na Farisifo no hyiae no, Yesu bisaa wɔn 42 sɛ: Mudwen Kristo no ho dɛn? Hena ba ne no? Wosee no sɛ: Dawid. 43 Obisaa wɔn sɛ: Na afei adɛn na Dawid nam honhom mu frɛ no owura ka sɛ: 44 Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo megu wo nan ase? 45 Sɛ Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba? 46 Na obiara antumi ammua no asɛm bi, nanso efi da no, obiara antumi ammisa no asɛm bi bio. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana