Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 21 - KYERƐW KRONKRON


Yesu hyɛn Yɛriko nkunimdi mu
( Marko 11.1-10 ; Luka 19.29-38 ; Yohane 12.12-19 )

1 Na wɔbɛn Yerusalem na woduu Betfage, Ngo Bepɔw ho no, Yesu somaa asuafo baanu,

2 see wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na ntɛm ara mubehu afurum a wɔasa no ne ne ba; monsan wɔn mfa wɔn mmrɛ me!

3 Na sɛ obi bisa mo a, monka sɛ: Wɔn ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode wɔn aba.

4 Na eyi nyinaa sii, na nea odiyifo no kae no aba mu sɛ:

5 Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, odwo, na ɔte afurum ne afurum a ɔsoa nnesoa ba so.


Yesu hyɛn Yerusalem

6 Na asuafo no kɔe kɔyɛɛ sɛnea Yesu hyɛɛ wɔn no,

7 de afurum no ne ne ba no bae, na wɔde ntama guguu wɔn so, na ɔtenaa so.

8 Na nkurɔfokuw no mu pii de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no mu, na ebinom nso twitwaa nnubaa, na wɔde sesɛw ɔkwan no mu.

9 Na nkurɔfo akuwakuw a wodi kan ne wɔn a wodi akyiri no teɛɛm sɛ: Hosiana nka Dawid ba no, Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no, Hosiana wɔ ɔsorosoro noho!

10 Na oduu Yerusalem no, kurow mu no nyinaa bɔɔ twi bisae sɛ: Ɛhena ni?

11 Na nkurɔfo akuwakuw no se: Oyi ne Yesu, odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Yesu pam aguadifo fi asɔrefi
( Marko 11.11-24 ; Luka 19.45-48 )

12 Na Yesu kɔɔ asɔrefi, na ɔkɔpam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ fii asɔrefi hɔ, na ɔkaa sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkongua butuwii.

13 Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi, na mo de, mode ayɛ adwowtwafo bon.

14 Na anifuraefo ne mpakye baa ne nkyɛn asɔrefi hɔ, na ɔsaa wɔn yare.

15 Na asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo no huu anwonwade a ɔyɛe, ne mmofra a wɔteɛteɛm asɔrefi sɛ: Hosiana Dawid ba no, anyɛ wɔn abodwo,

16 na wobisaa no sɛ: Wote nea eyinom se yi? Na Yesu see wɔn sɛ: Yiw. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu ano na woasiesie ayeyi, anaa?

17 Na ogyaw wɔn fii kurow no mu kɔɔ Betania kɔtenaa hɔ.


Ɔdome borɔdɔma dua

18 Na anɔpa a ɔresan aba kurow no mu no, ɔkɔm dee no.

19 Na ohuu borɔdɔma bi ɔkwan so no, otwiw bɛn ho, na wanhu hwee wɔ so sɛ nhaban nko. Na osee no sɛ: Worensow aba bio ara da! Amonom hɔ ara na borɔdɔma nhaban no poe.

20 Na asuafo no hui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wɔkae sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na amonom ha yi ara borɔdɔma nhaban yi apo yi?

21 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi na munnye akyinnye a, ɛnyɛ borɔdɔma de yi nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! Na ɛbɛyɛ.

22 Na biribiara a mubebisa mpaebɔ mu na mugye di no, mubenya.


Mpanyimfo no animguase
( Marko 11.27-33 ; Luka 20.1-8 )

23 Na oduu asɔrefi na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi, na hena na ɔmaa wo tumi yi?

24 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Me nso mebisa mo asɛm biako na sɛ moka kyerɛ me a, me nso mɛka tumi ko a mede meyɛ nneɛma yi makyerɛ mo:

25 Yohane asubɔ no, efi he? Efi soro anaasɛ efi nnipa? Na wosusuwii wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ efi soro a, obese yɛn sɛ: Adɛn nti na moannye no anni?

26 Na sɛ yɛka sɛ efi nnipa a, yesuro nkurɔfokuw no; efisɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo.

27 Na wobuaa Yesu sɛ: Yennim. Na ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ eyinom menkyerɛ mo.


Osetie ne asoɔden

28 Na mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mma baanu; na ɔkɔɔ nea odi kan no nkyɛn sɛ: Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobe turom adwuma!

29 Na ɔba no buae sɛ: Merenkɔ! Na akyiri yi, ɔsesaa n'adwene na ɔkɔe.

30 Na ɔkɔɔ nea ɔka ho no nkyɛn kɔkaa saa ara kyerɛɛ no. Na obuae sɛ: Owura mɛkɔ, nanso wankɔ.

31 Wɔn baanu yi mu hena na ɔyɛɛ nea n’agya pɛ? Na wose: Nea odi kan no. Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, towgyefo ne nguamanfo redi mo anim akɔ Onyankopɔn ahenni mu.

32 Na Yohane nam trenee kwan mu baa mo nkyɛn, na moannye no anni; na towgyefo ne nguamanfo na egyee no dii, na mo nso muhui no, moannu mo ho akyiri yi annye no anni.


Akuafo bɔne no
( Marko 12.1-12 ; Luka 20.9-19 )

33 Muntie bɛ foforo! Ofiwura bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ bobe turo, na ogyee ho ban hyiae, na otuu mu nsa-kyi-amoa, na ɔtoo abantenten, na ɔde hyɛɛ ahwɛsofo bi nsa, na ogyaw hɔ kɔɔ baabi.

34 Na aduaba bere dui no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ ahwɛsofo no nkyɛn sɛ wonkogye n’aduaba mmra.

35 Na ahwɛsofo no faa ne nkoa no, na wɔhwee bi, na wokum bi, na wosiw bi abo.

36 Bio ɔsomaa nkoa foforo a wɔdɔɔso sen kan de no; nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara.

37 Na akyiri no, ɔsomaa ne ba kɔɔ wɔn nkyɛn se: Wɔbɛfɛre me ba.

38 Nanso ahwɛsofo no huu ɔba no, wɔkekae wɔn mu sɛ: Oyi ne ɔdedifo no; mommra mma yenkum no, na n'agyapade no nyɛ yɛn de!

39 Na wɔfaa no twee no fii bobe turom hɔ kokum no.

40 Enti da a bobe turo wura no bɛba no, ɛdɛn na ɔbɛyɛ ahwɛsofo no?

41 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɛsɛe nnipa bɔne no pasaa, na ɔde bobe turo no ama ahwɛsofo foforo a wɔde aduaba bɛbrɛ no ne bere mu.

42 Yesu see wɔn sɛ: Monkenkan kyerɛw nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ twea tibo; eyi fi Awurade, na ɛyɛ nwonwa yɛn ani so?

43 Eyi nti mise mo sɛ: Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.

44 Na nea ɔbɛhwe ɔbo yi so no, bebubu, na nea ɛbɛhwe no so no, ɛbɛpɛtɛw no.

45 Na asɔfo mpanyimfo ne Farisifo tee ne mmɛbu no, wohui sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka.

46 Na wɔhwehwɛe sɛ wɔkyere no nanso, wosuroo nkurɔfo akuwakuw no, efisɛ wobuu no sɛ odiyifo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan