Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 20 - KYERƐW KRONKRON


Bobe turo mu adwumayɛfo

1 Na ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a ɔyɛ ofiwura a ofii adi anɔpatutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfo paa akɔ ne bobe turom.

2 Na ɔne adwumayɛfo no dii ano sɛ da koro denare biako no, ɔma wɔkɔɔ ne bobe turom hɔ.

3 Na ofii adi bɛyɛ sɛ anɔpa nnɔnkron kohuu afoforo sɛ wogyinagyina gua so kwa.

4 Na osee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom, na akatua a eye no na mede bɛma mo.

5 Na wɔkɔe. Bio ɛbɛyɛ awia dumien ne nnɔnabiɛsa mu no ofii adi kɔyɛɛ saa ara.

6 Na ɛbɛyɛ anwummere nnɔnnum mu no ofii adi kohuu afoforo sɛ wogyinagyina hɔ kwa, na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na mugyinagyina ha kwa adekyee nyinaa yi?

7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obi mmɔɔ yɛn paa ɛ. Osee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom hɔ!

8 Na eduu anwummere no, bobe turo wura no ka kyerɛɛ n’abofra panyin sɛ: Frɛ adwumayɛfo no, na ma wɔn wɔn apaabɔde fi wɔn a wodi akyiri so kosi wɔn a wodi kan so.

9 Na wɔn a wɔfaa wɔn bɛyɛ anwummere nnɔnnum bae no, wɔn nyinaa nyaa denare denare.

10 Na adikanfo no bae no, wosusuwii sɛ wobenya nea ɛsen saa; na wɔn nso nyaa denare denare.

11 Na ɛkaa wɔn nsa no, wonwiinwii hyɛɛ ofiwura no

12 sɛ: Akyirikafo yi de, dɔnhwerew biako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔne yɛn a yefi anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ?

13 Na obua see wɔn mu biako sɛ: Awɛ, menyɛɛ wo bɔne bi ɛ; me ne wo anni ano denare anaa?

14 Fa wo de na kɔ! Minni ho kwan sɛ mema nea ɔbaa akyiri yi sɛ wo,

15 anaasɛ minni ho kwan sɛ mede me ara m’ade meyɛ nea mepɛ anaa? Sɛ me yam ye nti na w’ani abere yi?

16 Saa na akyikafo bedi kan, na adikanfo adi akyiri; (na wɔafrɛ bebree, nanso kakraa bi na wɔapaw wɔn).


Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ a ɛto so abiɛsa
( Marko 10.32-34 ; Luka 18.31-33 )

17 Na Yesu reforo akɔ Yerusalem no, ɔfaa dumien no nko kɔɔ nkyɛn, ɔkwan no mu, ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

18 Hwɛ, yɛreforo akɔ Yerusalem, na wobeyi Onipa Ba no ahyɛ asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nsa na wɔabu no kumfɔ,

19 na wɔde no ahyɛ amanaman mufo nsa sɛ wongoru ne ho, na wɔnka no mpire, na wɔmmɔ no asɛnnua mu, ne nnansa so no, obenyan bio.


Ɔsoro ahenni mu dibea
( Marko 10.35-45 )

20 Ɛnna Sebedeo mma no na, ne ne mma baa ne nkyɛn bɛkotow no, na ɔsrɛɛ ne hɔ biribi.

21 Na Yesu bisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ? Osee no sɛ: Ka ma me mma baanu yi mu biako ntena wo nifa, na obiako nso ntena wo benkum w’ahenni no mu.

22 Na Yesu buae sɛ: Munnim nea morebisa. Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom no anaa? (Anaasɛ mubetumi ama wɔde asubɔ a wɔde rebɛbɔ me no abɔ mo anaa?) Wosee no sɛ: Yebetumi.

23 Na osee wɔn sɛ: Me kuruwa de, mobɛnom; (na m'asubɔ nso mubenya) na me nifa ne me benkum tena de, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a m’agya asiesie ama wɔn.


Ɔsom na ɛpagyaw onipa

24 Na edu no tee no, anuanom baanu no asɛm no anyɛ wɔn abodwo.

25 Na Yesu frɛɛ wɔn bae, kae sɛ: Munim sɛ wiase amanaman ahemfo di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi.

26 Na ɛnte saa mo mu, na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo,

27 na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa;

28 sɛnea Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii ne no.


Anifuraefo baanu adehu
( Marko 10.46-52 ; Luka 18.35-43 )

29 Na wofi Yeriko rekɔ no, nkurɔfokuw pii dii n’akyi.

30 Na hwɛ, anifuraefo baanu a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam no, wɔteɛteɛɛm sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!

31 Na nkurɔfokuw no kaa wɔn anim sɛ wommua wɔn ano. Ɛno mmom na wɔteɛteɛɛm dennen sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!

32 Na Yesu gyina frɛɛ wɔn sɛ: Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo?

33 Wosee no sɛ: Awurade, ma yɛn aniwa mmue!

34 Yesu huu wɔn mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kekaa wɔn ani; na ntɛm ara wohuu ade, na wodii n’akyi.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan