Mateo 2 - KYERƐW KRONKRONAnyansafo no 1 Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, ɔhene Herode bere so no, hwɛ, anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem 2 bebisaa sɛ: Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahu ne nsoromma wɔ apuei, na yɛreba abɛkotow no. 3 Na ɔhene Herode tee no, ɔne Yerusalemfo nyinaa akoma tui; 4 na ohyiaa ɔman no mu asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no. 5 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifo no akyerɛw sɛ: 6 Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, efisɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel no befi aba. 7 Ɛnna Herode frɛɛ anyansafo no kokoam, bisaa wɔn bere ko a nsoromma no fii no yiye; 8 Afei ɔsomaa wɔn Betlehem sɛ: Monkɔ nkɔhwehwɛ abofra no yiye; na sɛ munya hu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔ nkɔkotow no bi. 9 Na wotiee ɔhene asɛm no wiei no, wosiim kɔe; na hwɛ, nsoromma a wohuu no apuei no dii wɔn anim ara de kosii sɛ ekogyinaa faako a abofra no wɔ no atifi. 10 Na wohuu nsoromma no no, wɔn ani gyei kɛse pa ara. 11 Na wɔkɔɔ dan no mu no, wohuu abofra no ne ne na Maria, na wɔkotow sɔree no; na wobuee wɔn fotow so yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne kurobow. 12 Na woyi kyerɛɛ wɔn ɔdae mu sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforo bi so san kɔɔ wɔn kurom. Woguan kɔ Misraim 13 Na wofii hɔ kɔe no, hwɛ, Awurade bɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ɔdae mu sɛ: Sɔre fa abofra no ne ne na, na guan kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kosi sɛ mɛka makyerɛ wo; efisɛ Herode rebɛhwehwɛ abofra no akum no. 14 Na ɔsɔre faa abofra no ne ne na anadwo, na ofii hɔ kɔɔ Misraim, 15 na ɔwɔ hɔ ara kosii sɛ Herode wui; na nea Awurade nam odiyifo no so kae no aba mu sɛ: Mafrɛ me ba afi Misraim. Wokunkum mmofra wɔ Betlehem 16 Na Herode hui sɛ anyansafo no agoru ne ho no, ne bo fuwii pii; na ɔsoma ma wokokunkum mmofra a wɔ Betlehem ne n’ahye so a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii saa no nyinaa sɛnea bere no a obisabisaa anyansafo no kyerɛe no. 17 Ɛnna nea Odiyifo Yeremia kae no baa mu sɛ: 18 Wɔtee nne bi Rama, osu ne awerɛhow kɛse; Rahel resu ne mma, na ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ, efisɛ wonni hɔ. Wofi Misraim san ba 19 Na Herode wui no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ Yosef ɔdae mu wɔ Misraim 20 sɛ: Sɔre fa abofra no ne ne na, na kɔ Israel asase so; na wɔn a wɔhwehwɛ abofra no akum no no awu. 21 Na ɔsɔre faa abofra no ne ne na, na ɔbaa Israel asase so. 22 Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, osuroe sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na woyi kyerɛɛ no ɔdae mu no, ɔman kɔɔ Galilea fam. 23 Na ɔba bɛtenaa kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na nea odiyifo no kae no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana