Mateo 16 - KYERƐW KRONKRONƆsoro sɛnkyerɛnne bi ( Marko 8.11-21 ) 1 Na Farisifo ne Sadukifo no bae bɛsɔɔ no hwɛe, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro sɛnkyerɛnne bi. 2 Na obua see wɔn sɛ: Edu anwummere a, moka sɛ: Wim bɛtew, efisɛ ɔsoro abere. 3 Na anɔpa muse: Ahum betu nnɛ, efisɛ ɔsoro abere, na ayɛ kusuu. Munim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmere no ho nsɛnkyerɛnne de, muntumi nkyerɛ mu? 4 Nnɛ mma bɔne ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, na wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye Yona sɛnkyerɛnne no. Na ogyaw wɔn fii hɔ kɔe. Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw 5 Na asuafo no duu asuogya noho no, na wɔn werɛ afi sɛ wɔfa abodoo. 6 Na Yesu see wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho! 7 Na wɔdwennwenee wɔn mu kekae sɛ: Yɛamfa abodoo nti anaa? 8 Na Yesu hui no, ɔkae sɛ: Mo gyidi sua. Adɛn na modwennwene mo mu sɛ moamfa abodoo ntia? 9 Munnya nhui ɛ, na monkae nnipa mpemnum abodoo anum ne nkɛntɛn dodow a munyae no? 10 Anaasɛ nnipa mpemnan abodoo ason ne nkɛntɛn dodow a munyae no? 11 Ɛdɛn nti na munhu sɛ ɛnyɛ abodoo ho asɛm na meka mekyerɛ mo? Monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho! 12 Ɛnna wohui sɛ wanka sɛ wɔnhwɛ wɔn ho yiye abodoo mmɔkaw ho, na mmom Farisifo ne Sadukifo no nkyerɛkyerɛ ho. Petro kyerɛ onipa ko a Yesu yɛ ( Marko 8.27-30 ; Luka 9.18-21 ) 13 Na Yesu duu Kaesarea Filipi fam no, obisaa n’asuafo no sɛ: Nnipa ka sɛ Onipa Ba no ne hena? 14 Na wose: Ebinom se: Yohane suboni no. Na ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifo no mu biako. 15 Obisaa wɔn sɛ: Na mo nso, muse mene hena? 16 Na Simon Petro buae sɛ: Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefo no ba! 17 Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, efisɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na eyi kyerɛɛ wo, na m’agya a ɔwɔ ɔsoro no. 18 Na me nso mise wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo besi, na asaman apon remmu mfa so. 19 Na mede ɔsoro ahenni ano nsafe mɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere asase so no, na wɔakyekyere no ɔsoro, na biribiara a wobɛsan asase so no na wɔasan no ɔsoro. 20 Ɛnna ɔhyɛɛ asuafo no ketee sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no. Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ ( Marko 8.31—9.1 ; Luka 9.22-27 ) 21 Na efi saa bere no na Yesu Kristo fii ase kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii mpanyimfo ne asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo no nsam, na wɔakum no, na da ɛto so abiɛsa no wanyan. 22 Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ofii ase kaa n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, eyi remma wo so da. 23 Na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen. Ahopakyi 24 Ɛnna Yesu see n’asuafo no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na onni m’akyi. 25 Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa, na obiara a me nti ne kra bɛyera no de, ne nsa bɛka. 26 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Anaasɛ dɛn na onipa bɛma de asesa ne kra? 27 Na Onipa Ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo na ɛbɛba; ɛno na obetua onipa biara ka sɛnea ne nneyɛe te. 28 Nokware mise mo sɛ: Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana