Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 15 - KYERƐW KRONKRON


Honhom mu ahotew
( Marko 7.1-23 )

1 Ɛnna Kyerɛwfo ne Farisifo fi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛkae sɛ:

2 Adɛn nti na w’asuafo no nni mpanyimfo atetesɛm no so? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi.

3 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti munni Onyankopɔn ahyɛde so?

4 Na Onyankopɔn kae sɛ: Di w’agya ne wo na ni, na nea ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owu na ma onwu.

5 Na mo de, muse: Obi a obese n’agya anaa ne na sɛ: Nea anka wubenya me ho no yɛ ayɛyɛde no,

6 na enni sɛ odi n’agya anaa ne na ni, na mo atetesɛm nti moasɛe Onyankopɔn asɛm.

7 Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:

8 Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.

9 Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.

10 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntie, na monte ase.

11 Ɛnyɛ nea ɛkɔ anom na egu onipa ho fi, na mmom nea efi anom ba na egu onipa ho fi.

12 Ɛnna n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wunim sɛ Farisifo no tee asɛm yi no, ato wɔn hintidua?

13 Na obuae sɛ: Dua biara a ɛnyɛ me soro agya na oduae no, wobetu.

14 Munnyaa wɔn, wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.

15 Na Petro bua see no sɛ: Kyerɛ yɛn bɛ no ase!

16 Na ose: Mo nso moda so nte ase ara?

17 Munhu sɛ ade biara a ɛkɔ anom no kɔ ɔyafunu mu na eyi fi gu yaane mu anaa?

18 Na nea efi anom fi adi de, efi onipa komam, na ɛno na egu onipa ho fi.

19 Na koma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayerefasɛm, aguamansɛm, awifosɛm, adansekurum ne abususɛm fi.

20 Eyinom ne nneɛma a egu onipa ho fi; na wɔde nsa a wɔanhohoro didi a, engu onipa ho fi.


Abeawa ɔbosonsonni bi ayaresa
( Marko 7.24-30 )

21 Na Yesu fi hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam.

22 Na hwɛ, Kanaanni bea bi a ofi mpɔtam hɔ bae bɛteɛteɛɛm sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi rehaw me babea dodo!

23 Nanso wammua no. Na n’asuafo no bae bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan na ɔnkɔ, na ɔteɛteɛm di yɛn akyi.

24 Na Yesu buae sɛ: Israel fi nguan a ayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me.

25 Na ɔbea no bae bɛkotow no sɛ: Awurade, boa me!

26 Na obuae sɛ: Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduan tow ma akraman mma.

27 Na ose: Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma no nso di mporoporowa a efi wɔn wuranom pon so gu fam no bi.

28 Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O ɔbea, wo gyidi so; ɛnyɛ mma wo sɛnea wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babea no ho yɛɛ no den.


Yesu sa nyarewa ahorow

29 Na Yesu fi hɔ baa Galilea po ho. Na ɔkɔɔ bepɔw so kɔtenaa ase wɔ hɔ.

30 Na nkurɔfo akuwakuw pii de mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum ne afoforo pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn beguu ne nan ase, na ɔsaa wɔn yare

31 ma ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn anuonyam.


Nnipa mpemnan aduanma
( Marko 8.1-10 )

32 Na Yesu frɛɛ n’asuafo no see wɔn sɛ: Nkurɔfokuw yi yɛ me mmɔbɔ sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi; nanso mempɛ sɛ migya wɔn kwan ma wɔde yafumpan kɔ, na wɔankɔtoto baha wɔ ɔkwan mu.

33 Na asuafo no see no sɛ: Ɛhe na yebenya abodoo a ɛbɛso nkurɔfokuw pii sɛɛ, anwea pradada so ha?

34 Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Abodoo ahe na mowɔ? Na wose: Ason ne mpataa nketewaa bi.

35 Na ɔhyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ wɔntenatena fam.

36 Na ɔfaa abodoo ason no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na obubui de maa n’asuafo no, na asuafo no nso de maa nkurɔfo akuwakuw no.

37 Na wɔn nyinaa di mee, na wɔtasetasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn ason mama.

38 Na wɔn a wodii no yɛ mmarima mpemnan a wɔankan mmea ne mmofra anka ho.

39 Na ogyaa nkurɔfo akuwakuw no kwan no, ɔtenaa ɔkorow mu na ɔbaa Magadan ahye so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan