Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 14 - KYERƐW KRONKRON


Osuboni Yohane wu
( Marko 6.14 ; 6.17-30 ; Luka 9.7-9 ; 3.19-20 )

1 Ɛbere no mu no, ɔmansinhene Herode tee Yesu nka,

2 na osee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyan afi awufo mu, na ɛno nti na tumide yi yɛ ne mu adwuma yi.

3 Na Herode aso Yohane mu akyere no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.

4 Efisɛ Yohane aka akyerɛ no sɛ: Wunni ho kwan sɛ woware no.

5 Na ɔpɛe sɛ okum no, nanso na osuro nkurɔfo no, efisɛ na wobu no sɛ odiyifo.

6 Na wodii Herode awoda no, Herodia babea bɛsawee wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ.

7 Ɛno nti Herode kaa ntam hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a obebisa.

8 Na ne na tuu no fo bɔne ma ɔbɛkae sɛ: Fa osuboni Yohane ti to prɛte mu ma me ha yi ara!

9 Na ɛyɛɛ ɔhene no yaw, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidii no nti, ɔhyɛe sɛ wɔmfa mma no.

10 Na ɔsoma ma wokotwaa Yohane ti wɔ afiase.

11 Na wɔde ne ti no too prɛte mu bae, na wɔde maa ababaa no, na ɔde kɔmaa ne na.

12 Na n’asuafo bae bɛfaa amu no kosiei, na wɔbɛka kyerɛɛ Yesu.


Nnipa mpemnum aduanma
( Marko 6.31-44 ; Luka 9.10-17 ; Yohane 6.1-13 )

13 Na Yesu tee no, ɔtenaa ɔkorow mu fii hɔ kɔɔ sare so, nkyɛn baabi. Na nkurɔfo akuwakuw no tee no, wofii nkurow so nam fam tiw no.

14 Na osii fam behuu nkurɔfo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefo yare.

15 Na onwini dwoe no, n’asuafo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Ɛha yi yɛ sare so na onwini nso adwo, gya nkurɔfo akuwakuw no kwan na wɔnkɔ nkuraa nkɔtɔ aduan nni.

16 Na Yesu see wɔn sɛ: Enhia sɛ wɔkɔ, mo ara momma wɔn biribi nni!

17 Na wosee no sɛ: Yenni biribi ha yi sɛ abodoo anum ne mpataa abien.

18 Ɛnna ose: Momfa mmrɛ me ha!

19 Na ɔhyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ wɔntenatena sare no so, na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na obubuu mu de abodoo no maa n’asuafo no, na asuafo no nso de maa nkurɔfo akuwakuw no.

20 Na wɔn nyinaa didi mee, na wɔtasetasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn dumien mama.

21 Na wɔn a wodii no bɛyɛ mmarima mpemnum; wɔankan mmea ne mmofra anka ho.


Yesu kɔbɔ mpae bepɔw so
( Marko 6.45-56 ; Yohane 6.15-21 )

22 Na ntɛm ara na Yesu hyɛɛ asuafo no sɛ wɔnkɔ ɔkorow mu nni kan ntwa nkɔ asuogya noho, na onnya nkurɔfo akuwakuw no kwan ansa.

23 Na owiee nkurɔfo akuwakuw no kwan gya no, ɔkɔɔ bepɔw so fa baabi mpaebɔ. Na onwini dwoe no, na aka ne nko wɔ hɔ.

24 Na ɔkorow no adu ɛpo no mfinimfini, na asorɔkye rehaw no, efisɛ na mframa no rehyia wɔn.


Yesu nantew po ani

25 Na ahemadakye nnɔnabiɛsa rekɔ no, Yesu nam po so kɔɔ wɔn nkyɛn.

26 Na asuafo no huu no sɛ ɔnam po no so no, wɔn koma tui, na wɔkae sɛ: Ɛyɛ ɔsaman! Na wɔde ehu teɛteɛɛm.

27 Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, munnsuro!

28 Na Petro buaa no sɛ: Awurade, sɛ ɛyɛ wo de a, ka ma memmra wo nkyɛn nsu no ani!

29 Na ose: Bra! Na Petro fii ɔkorow no mu si faa nsu no ani sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.

30 Na ohuu mframa no, osuroe; na ofii ase sɛ ɔremem no, ɔteɛɛm sɛ: Awurade, gye me!

31 Na ntɛm ara Yesu teɛɛ ne nsa soo no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo a wo gyidi sua! Adɛn nti na wugyee akyinnye?

32 Na woduu ɔkorow no mu no, mframa no gyaee.

33 Na wɔn a wɔwɔ ɔkorow no mu no ba bɛkotow sɔree no sɛ: Onyankopɔn ba ne wo ampa.


Genesaret ayaresa

34 Na wotwae no, woduu Genesaret asase so.

35 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no huu no no, wɔsoma kɔɔ asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wɔde wɔn a wɔyare nyinaa brɛɛ no,

36 na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atade ano nnwow nko ara. Na dodow a wɔde wɔn nsa kaa n'atade ano no ho yɛɛ wɔn den.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan