Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 13 - KYERƐW KRONKRON


Ogufo ho bɛ
( Marko 4.1-20 ; Luka 8.4-15 )

1 Ɛda no ara Yesu fii fie kɔtenaa mpoano.

2 Na nkurɔfo akuwakuw pii boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na enti ɔkɔɔ ɔkorow mu kɔtenaa mu; na nkurɔfokuw no nyinaa gyinagyina mpoano.

3 Na ɔkasae pii mmebu mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufo fii adi koguu aba.

4 Na ɔregu no, ebi koguu kwankyɛn, na nnomaa bae bɛsosɔwee.

5 Ebi nso koguu abo so, nea dɔte pii nni; na ntɛm ara na efifii, efisɛ dɔte no mu nnɔ,

6 na owia fii no, ekisae, na enni ntini nti, ɛhyewee.

7 Ebi nso koguu nsɔe mu; na nsɔe no nyinii, na emiaa no.

8 Na ebi nso koguu asase pa mu; na ɛsow aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.

9 Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!


Ɛbɛ no gyinae

10 Na asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ: Adɛn na wokasa kyerɛ wɔn mmebu mu?

11 Na obua see wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no, na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn.

12 Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no, na wanya aboro so; na obiara a onni no, nea ɔwɔ mpo wobegye ne nsam.

13 Eyi nti na mekasa mekyerɛ wɔn mmebu mu, efisɛ wohu de, nanso wonhu, na wɔte de, nso wɔnte na wɔnte ase.

14 Na wɔn mu na Yesaia adiyisɛm no aba mu sɛ: Ɔte de, mobɛte, na morente ase; na ohu nso mubehu, na morenhu mu.

15 Efisɛ ɔman yi koma apirim, na wɔn aso ayɛ den, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho, na mansa wɔn yare.

16 Na mo de, nhyira ne mo ani sɛ ehu, ne mo aso sɛ ɛte.

17 Na nokware mise mo sɛ, adiyifo ne atreneefo pii pɛe sɛ wohu nea muhu yi, na wɔte nea mote yi, nanso wɔanhu, na wɔante nso.


Ogufo ho bɛ no nkyerɛase

18 Afei muntie ogufo ho bɛ no:

19 Obiara a ɔte ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔne no ba behwim nea wɔagu ne koma mu no; oyi ne nea woguu no kwankyɛn no.

20 Na nea woguu no abo so no, ɔne nea ɔte asɛm no, na ɔde anigye gye no ntɛmntɛm;

21 nanso onni ntini wɔ no mu, na ɔtena hɔ kyɛ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no hintidua.

22 Na nea woguu no nsɔe mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba.

23 Na nea woguu no asase pa mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na ɔte ase; ɔno na ɔsow aba, obi sow ɔha, obi aduosia, obi aduasa.


Awi ne wura ho bɛ

24 Obuu wɔn bɛ foforo sɛ: Ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a oguu aba pa n’afuw mu.

25 Na bere a obiara ada no, ɔtamfo bae beguu wura bɔne bi awi no mu, na ofii hɔ kɔe.

26 Na eyii ahaban na ɛsow aba no, ɛnna wura bɔne no nso daa adi.

27 Na afuwura no nkoa baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ɛnyɛ aba pa na wugui w’afuw no mu? Na wura bɔne yi de, efi he?

28 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔtamfo bi na wayɛ saa. Na nkoa no bisaa no sɛ: Ɛnne wopɛ sɛ yɛkɔ kɔboaboa ano anaa?

29 Ɛnna ose: Dabi, anyɛ a, moreboaboa wura bɔne no ano no, na moatu awi no bi afra mu.

30 Momma n’abien no nyinaa nnyin nkosi twa bere, na twa bere no mu na mɛka makyerɛ twafo no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kan, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhyew, na awi no de, mommoaboa ano nkogu me san so!


Sinapi aba ho bɛ
( Marko 4.30-32 ; Luka 13.18-19 )

31 Obuu wɔn bɛ foforo sɛ: Ɔsoro ahenni te sɛ sinapi fua a onipa fa koduae n’afuw mu.

32 Ɛno na ɛyɛ aba horow nyinaa mu ketewa de, nanso enyin a, ɛne afifide nyinaa mu kɛse, na ɛyɛ dua ma wim nnomaa ba bɛyɛ berebuw wɔ ne mman so.


Mmɔkaw ho bɛ

33 Obuu wɔn bɛ foforo sɛ: Ɔsoro ahenni te sɛ mmɔkaw a ɔbea bi fa kɔfɔtɔw asikresam korokuma abiɛsa mama de kosii sɛ ne nyinaa kawee.

34 Eyinom nyinaa Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no mmebu mu, na wankwati bɛ anka asɛm biara ankyerɛ wɔn.

35 Eyi ma nea odiyifo no kae no ba mu sɛ: Mebue m’ano mmebu mu; na mɛpae nsɛm a ahintaw fi wiase asefi no mu maka.


Awi ne wura ho bɛ no asekyerɛ

36 Afei ogyaa nkurɔfo akuwakuw no kwan no, ɔbaa ofie. Na n’asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa sɛ: Kyerɛ yɛn afuw mu wura bɔne ho bɛ no ase.

37 Na obua see wɔn sɛ: Nea ogu aba pa no ne onipa ba no;

38 afuw no ne wiase; aba pa no ne ahenni no mma; wura no ne ɔbɔne no mma;

39 ɔtamfo a ogui no ne ɔbonsam; twa bere no ne wiase awiei; twafo no ne abɔfo.

40 Enti sɛnea wɔboaboa wura no ano na wɔde ogya hyew no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awiei.

41 Onipa ba no bɛsoma n’abɔfo na wɔakɔboaboa hintidua ne wɔn a wodi nsɛmmɔne nyinaa ano afi n’ahenni mu,

42 na wɔde wɔn akogu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa besu na wɔatwere wɔn se.

43 Ɛnna atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahenni mu. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!


Ademude ho bɛ

44 Ɔsoro ahenni no te sɛ ademude bi a wɔde asie afuw mu; ɛno na onipa bi kohui, na ɔkataa so, na ɛho anigye nti ɔkɔ kɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuw no.


Ahene pa ho bɛ

45 Ebio, ɔsoro ahenni te sɛ oguadini bi a ɔhwehwɛ nhene pa;

46 na ohuu ahene biako a ne bo yɛ den no, ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.


Asawu ho bɛ

47 Ebio, ɔsoro ahenni te sɛ asawu a wɔde guu po mu na ebumaa nam horow nyinaa bi;

48 na ɛyɛɛ ma no, wɔtwe baa mpoano, na wɔtenaa ase boaboaa nea eye no ano guu akorow mu, na nea enye no de, wɔtow gui.

49 Sɛnea ɛbɛyɛ wiase awiei no mu ara ne no. Abɔfo no bɛba abɛpaw nnipa bɔne afi atreneefo mu,

50 na wɔatow wɔn agu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa besu na wɔatwɛre wɔn se.

51 Moate eyinom nyinaa ase anaa? Wobuaa no sɛ: Yiw.

52 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi nti ɔkyerɛwfo biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahenni no te sɛ ofiwura bi a ofi n’ademude mu yi nneɛma afoforo ne adedaw adi.


Nasaret nsra
( Marko 6.1-6 ; Luka 4.15-30 )

53 Na ɛbae sɛ Yesu wiee mmɛ yi bu no, ofii hɔ kɔe.

54 Na ɔkɔɔ n’agya kurom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, wɔn hyiadan mu ma ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na wɔkae sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne tumi nnwuma yi fi?

55 Ɛnyɛ duadwumfo no ba no ni? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakob ne Yosef ne Simon ne Yuda?

56 Na ɛnyɛ ne nuammeanom nyinaa na wɔne yɛn wɔ ha yi anaa? Na afei ɛhe na oyi konyaa eyinom nyinaa?

57 Na ɔyɛɛ hintidua maa wɔn. Na Yesu see wɔn sɛ: Nidi mmɔ odiyifo, gye ne kurom ne ne fi.

58 Na wɔn gye a wonnye nni nti wanyɛ tumi nnwuma pii wɔ hɔ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan