Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 12 - KYERƐW KRONKRON


Homeda sɛe
( Marko 2.23-28 ; Luka 6.1-5 )

1 Ɛbere no mu no, Yesu kɔfaa aburofuw bi mu homeda bi; na ɔkɔm dee n’asuafo no, wofii ase pempan mmɛtem no bi wee.

2 Na Farisifo no hui no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafo yɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ homeda.

3 Na osee wɔn sɛ: Monkenkanee nea Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no?

4 Sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi, na okodii Kyerɛ abodoo a ɔne wɔn a wɔka ne ho no nni ho kwan sɛ wodi gye asɔfo nko ara no?

5 Anaasɛ monkan mmara no mu sɛnea homeda, asɔfo a wɔwɔ asɔrefi no sɛe homeda nanso woanni ho fɔ no?

6 Na mise mo sɛ, nea ɔkyɛn asɔrefi wɔ ha.

7 Na sɛ anka mote eyi ase sɛ: Mmɔborohunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ a, anka moammu wɔn a wonni fɔ no fɔ;

8 na onipa ba no yɛ homeda wura.


( Marko 3.1-6 ; Luka 6.6-11 )

9 Na ofii hɔ kɔɔ wɔn hyiadan mu.

10 Na hwɛ, onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu. Na wobisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yare homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano.

11 Na osee wɔn sɛ: Mo mu hena na sɛ ɔwɔ oguan biako, na ɔkɔtɔ amoa mu homeda a, ɔrenso no mu mma no so?

12 Onipa nsom bo nsen oguan anaa? Enti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa homeda.

13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe, na ɛsan yɛɛ yiye sɛ biako no.


Wɔpam Yesu tiri so sɛ wobekum no

14 Na Farisifo no fii adi kotuu ne ho agyina sɛnea wobekum no.

15 Na Yesu hui no, ɔtwee ne ho fii hɔ, na nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yare.

16 Na ɔbraa wɔn sɛ wonnyi no adi,

17 na nea Odiyifo Yesaia kae no aba mu sɛ:

18 Hwɛ, m’abofra a mayi no, nea medɔ no a me kra ani sɔ no; Mede me honhom megu no so, na waka atemmu akyerɛ amanaman mufo.

19 Ɔrenko, na ɔrenteɛteɛm, na obi rente ne nne abɔnten so;

20 na abaa a abukaw no, ɔremmu mu, na ntamaban a efi wusiw nso, ɔrennum de akosi sɛ ɔde atɛntrenee bɛkɔ nkonimdi mu.

21 Na ne din so na amanaman de wɔn ho bɛto.


Nkɔnkɔnsa ho mmuae
( Marko 3.22-30 ; Luka 11.14-26 ; 11.29-32 )

22 Ɛnna wɔde obi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ onifuraefo ne mum brɛɛ no, na ɔsaa no yare maa mum no kasae, na ohuu ade.

23 Na nkurɔfo akuwakuw no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no ni?

24 Na Farisifo no tee no, wɔkae sɛ: Ahonhommɔne panyin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.

25 Na ohuu wɔn adwene no, osee wɔn sɛ: Ahenni biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no dan amamfo; na kurow anaa ofi biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no rennyina.

26 Na sɛ Satan tu Satan a, na ɔne ne ho adi mpaapaemu; na ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina?

27 Na sɛ me, mede Beelsebul na etu ahonhommɔne a, na mo mma de hena na etu wɔn? Eyi nti wɔbɛyɛ mo atemmufo.

28 Na sɛ mede Onyankopɔn honhom na etu ahonhommɔne a, ɛnne na Onyankopɔn ahenni anya aba mo so.

29 Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na obi betumi akɔ ɔhoɔdenfo fi akɔfow n’afide, gye sɛ odi kan kyekyere ɔhoɔdenfo no ansa na wafow ne fi.


Honhom ho abususɛm

30 Nea ɔnka me ho no, na otia me; na nea ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu.

31 Eyi nti mise mo sɛ: Wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, na honhom ho abususɛm de, wɔremfa nkyɛ nnipa.

32 Na nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron de, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.


Koma ne asetena

33 Momma dua no nyɛ dua pa, na n’aba ayɛ aba pa; anaasɛ momma dua no nyɛ dua bɔne, na n’aba ayɛ aba bɔne; na dua aba na wɔde hu dua ko.

34 Nhurutoa mma! Moyɛ abɔnefo yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.

35 Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi nnepa adi; na onipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi nnebɔne adi.

36 Na mise mo sɛ, asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wobebu ho akontaa atemmuda.

37 Na wo nsɛm so na wɔnam bebu wo bem, na wo nsɛm so nso na wɔnam bebu wo fɔ.


Wɔhwehwɛ sɛnkyerɛnne

38 Ɛnna kyerɛwfo ne Farisifo no mu bi ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ yehu wo nsam sɛnkyerɛnne bi fi wo hɔ.

39 Na obua see wɔn sɛ: Nnɛ mma abɔnefo ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara gye Odiyifo Yona sɛnkyerɛnne no.

40 Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bedi asase ase nnansa awia ne anadwo.

41 Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu na wɔabu wɔn fɔ, efisɛ wɔsakraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha.

42 Anafo hɔ hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wabu wɔn fɔ, efisɛ ofi asase ano noho betiee Solomon nyansa; na hwɛ, nea ɔsen Solomon wɔ ha.

43 Sɛ honhom fi no fi onipa no mu a, okokyinkyin nkyerekyerewa so hwehwɛ ɔhome, na onnya bi.

44 Na ose: Mɛsan makɔ me dan a mifii mu mebae no mu. Na ɔba a, ɔbɛto sɛ ɛda mpan, wɔaprapra mu, na wɔasiesie mu.

45 Na ɔkɔ kɔfa ahonhom ason foforo a wɔyɛ bɔne sen no ka ne ho, na wɔbɛhyɛn mu tena hɔ; na onipa no akyiri yi asetena yɛ bɔne sen kan de no. Saa ara nso na ɛbɛyɛ nnɛ mma abɔnefo yi.


Yesu abusuafo hwehwɛ no
( Marko 3.31-35 ; Luka 8.19-21 )

46 Na ogu so kasa kyerɛ nkurɔfo akuwakuw no, hwɛ, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛe sɛ wɔne no kasa.

47 Na obi ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina afikyiri pɛ sɛ wɔne wo kasa.

48 Na obua see nea osee no saa no sɛ: Hena ne me na, na hena ne me nuanom?

49 Na ɔteɛɛ ne nsa kyerɛɛ n’asuafo no so kaa sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom ni!

50 Na obiara, a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no, ɔno ara ne me nuammarima ne onuabea ne ɛna.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan