Mateo 10 - KYERƐW KRONKRONAsuafo dumien no paw ( Marko 3.14-19 ; Luka 6.13-16 ) 1 Na ɔfrɛɛ n’asuafo dumien no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wontu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa. 2 Na asomafo dumien no din ni: Nea odi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro, ne ne nua Andrea; Yakob a ɔyɛ Sebedeo ba no, ne ne nua Yohane, 3 Filipo ne Bartolomeo, Toma ne towgyeni Mateo, Alfeo ba Yakob ne Tadeo, 4 Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a oyii no mae no nso. Asomafo no adwuma ( Marko 6.7-13 ; Luka 9.1-6 ) 5 Dumien yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ: Mommman nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛn Samariafo kurow biara mu, 6 na mmom monkɔ Israel fi nguan a ayera no nkyɛn! 7 Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn. 8 Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, muntu ahonhommɔne; munyaa no kwa, na momfa mma kwa! 9 Monnhwehwɛ sika anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔso mu, 10 monnhwehwɛ akwantu bɔtɔwa anaa ntade abien anaa mpaboa anaa poma; na ɛfata odwumayɛfo sɛ odidi. 11 Na kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, mummisa nea ɔfata wɔ hɔ, na ɛhɔ na montena nkosi sɛ mubefi hɔ akɔ. 12 Na mohyɛn ofi bi mu a, munkyia emufo no. 13 Na sɛ ɛfata ofi no a, mo asomdwoe mmra so; na sɛ ɛmfata no a, mo asomdwoe nsan mmra mo nkyɛn. 14 Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo asɛm no, mufi ofi anaa kurow no mu rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw. 15 Nokware mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom ne Gomora asase asen saa kurow no. Ɔtaa ho nkɔmhyɛ ( Marko 13.9-13 ; Luka 21.12-17 ) 16 Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anitew sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmorɔnoma. 17 Na monhwɛ mo ho yiye nnipa ho; na wɔbeyi mo ama mpanyimfo agua, na wɔaka mo mpire wɔn hyiadan mu. 18 Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahemfo anim na adi adanse akyerɛ wɔn ne amanaman. 19 Na sɛ woyi mo ma a, monnnwenwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka, na wɔde nea mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu. 20 Na ɛnyɛ mo na mokasa, na mo agya honhom no na ɔkasa mo mu. 21 Na onua beyi onua ama owu, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofo, na wɔama wɔakum wɔn. 22 Na me din nti nnipa bɛtan mo; na nea obegyina ano akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa. 23 Na sɛ wɔtaa mo kurow yi mu a, munguan nkɔ foforo mu; na nokware mise mo sɛ, morenwie Israel nkurow nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba. 24 Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nsen ne wura. 25 Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo, ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ ofiwura no Beelsebul a, mpɛn ahe na wɔremfa mfrɛ ne fifo? 26 Enti munnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adi, anaa ahintaw a wɔrenhu. 27 Nea meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na nea mote no mo asom no, mompae mu nka no adan atifi. 28 Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom. 29 So wɔntɔn nkasanoma abien nnye kaprɛ? Nanso wɔn mu biako mpo nkwati mo agya nhwe fam. 30 Na mo ti nwi mpo, wɔakan ne nyinaa. 31 Enti munnsuro! Mosen mpatuprɛ bebree. 32 Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim; 33 na obiara a ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim. Ɔko di asomdwoe anim ( Luka 12.51-53 ) 34 Munnsusuw sɛ mede asomdwoe baa asase so; ɛnyɛ asomdwoe na mede bae, na mmom nkrante. 35 Na meba bɛpaapae mu na ɔbarima asɔre atia n’agya, na ɔbabea asɔre atia ne na, na osew asɔre atia n’asebea; 36 na onipa fifo bɛyɛ n’atamfo. 37 Nea ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛn me no, ɔmfata me; na nea ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabea kyɛn me no, ɔmfata me, 38 na nea ɔmfa n’asɛnnua na onni m’akyi no, ɔmfata me. 39 Nea ne nsa aka ne kra no, ebefi ne nsa, na nea me nti ne kra fii ne nsa no, ne nsa bɛka. Asafo no tumi 40 Nea ogye mo no gye me, na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no. 41 Nea ogye odiyifo wɔ odiyifo din mu no, ne nsa bɛka odiyifo akatua; na nea ogye onipa trenee wɔ onipa trenee din mu no, ne nsa bɛka onipa trenee akatua. 42 Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu biako nsuonwini kuruwa ma osuani din mu no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana