Mateo 1 - KYERƐW KRONKRONYesu awo ntoatoaso ( Luka 3.23-38 ) 1 Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awo ntoatoaso. 2 Abraham woo Isak, Isak woo Yakob, Yakob woo Yuda ne ne nuanom. 3 Yuda ne Tamar woo Peres ne Sera, Peres woo Hesron, Hesron woo Ram, 4 Ram woo Aminadab, Aminadab woo Nahson, Nahson woo Salmon, 5 Salmon ne Rahab woo Boas, Boas ne Rut woo Obed, Obed woo Yisai, 6 na Yisai woo ɔhene Dawid. Na Dawid ne nea kan ɔyɛ Uria yere no woo Solomon, 7 na Solomon woo Rehoboam, Rehoboam woo Abigya, Abigya woo Asa, 8 Asa woo Yehosafat, Yehosafat woo Yoram, Yoram woo Usia, 9 na Usia woo Yotam, Yotam woo Ahas, Ahas woo Hesekia, 10 Hesekia woo Manase, Manase woo Amon, Amon woo Yosia, 11 na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, bere a wotu kɔtenaa Babel no mu. 12 Na wotwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyi no, Yekonia woo Sealtiel, Sealtiel woo Serubabel, 13 Serubabel woo Abihud, Abihud woo Eliakim, Eliakim woo Asor, 14 na Asor woo Sadok, Sadok woo Akim, Akim woo Elihud, 15 na Elihud woo Eleasar, Eleasar woo Matan, Matan woo Yakob, 16 na Yakob woo Yosef a ɔyɛ Maria a ɔwoo Yesu a wɔfrɛ no Kristo no ne kunu. 17 Na awo ntoatoaso a efi Abraham so de besi Dawid so nyinaa yɛ dunan, na efi Dawid so de besi sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no yɛ awo ntoatoaso dunan, na efii sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no de besi Kristo so no nso yɛ awo ntoatoaso dunan. Yesu awo 18 Na sɛnea Yesu Kristo awo te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef asiwayere, na wonnya nhyiaa mu no, wohui sɛ ɔyem nea efi Honhom Kronkron mu. 19 Na ne kunu Yosef yɛ onipa trenee, na ɔmpɛ sɛ ogu Maria anim ase guam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ obegyaa no kokoam. 20 Na ɔredwennwene eyinom no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no no fi Honhom Kronkron mu. 21 Na ɔbɛwo babanin, na woato ne din Yesu, efisɛ ɔno na obegye ne man afi wɔn bɔne mu. 22 Na eyi nyinaa yɛɛ hɔ, na nea Awurade nam odiyifo no so kae no aba mu sɛ: 23 Hwɛ, ababaa no benyinsɛn, na wawo babanin, na wɔato ne din Imanuel (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ). 24 Na Yosef fii nna mu nyanee no, ɔyɛe sɛnea Awurade bɔfo no hyɛɛ no no, na ɔkɔfaa ne yere no baa ne nkyɛn. 25 Na Yosef ne no anhyia mu de kosii da a ɔwoo ɔbabanin; na ɔtoo ne din Yesu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana