Marko 9 - KYERƐW KRONKRONYesu anuonyam haran ( Mateo 17.1-13 ; Luka 9.28-36 ) 1 Na osee wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ de bɛkɔ akosi sɛ wobehu sɛ Nyankopɔn ahenni no de tumi aba. 2 Na ɛno akyi nnansia no Yesu faa Petro ne Yakob ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so fa baabi. Na ɔsakrae wɔn anim, 3 na n’atade hyerɛn fitafita a asase so ntamasifo biara ntumi nhoa no saa. 4 Na Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, a na wɔne Yesu rekasa. 5 Na Petro bua see Yesu sɛ: Rabi, eye sɛ yɛwɔ ha, na ma yɛmmɔ asese abiɛsa, wo de biako, Mose de biako ne Elia de biako. 6 Na onnim asɛm a ɔnka mpo; efisɛ na wosuro yiye. 7 Na omununkum bi bae bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba, muntie no! 8 Na amonom hɔ ara, wototoo wɔn ani no, wɔanhu obiara sɛ Yesu nko ara ne wɔn. Elia ba 9 Na wɔresian bepɔw no, ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea wohui no nnkyerɛ obiara, gye sɛ onipa ba no asɔre afi awufo mu ansa. 10 Na wɔmaa asɛm no kaa wɔn tirim, na wobisabisaa wɔn ho sɛ awufo mu sɔre no ne dɛn? 11 Na wobisaa no sɛ: Adɛn nti na kyerɛwfo ka sɛ: Ɛsɛ sɛ Elia ba ansa? 12 Na osee wɔn sɛ: Elia aba ansa, na wabesiesie nneɛma nyinaa mmom de, na nea wɔakyerɛw onipa ba no ho sɛ obehu amane pii na wɔabu no animtiaa no ɛ? 13 Na mise mo sɛ: Elia aba dedaw, na wɔayɛ no nea wɔpɛ nyinaa sɛnea wɔakyerɛw wɔ ne ho no. Otwafo bi ayaresa ( Mateo 17.14-20 ; Luka 9.37-42 ) 14 Na woduu asuafo no nkyɛn no, wohuu nkurɔfokuw pii wɔ wɔn ho ne kyerɛwfo sɛ wɔne wɔn rebisabisa wɔn ho nsɛm. 15 Na ntɛm ara a nkurɔfokuw no nyinaa huu no no, wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔde mmirika bae bekyiaa no. 16 Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Dɛn asɛm na mo ne wɔn rebisabisa mo ho yi? 17 Na nkurɔfokuw no mu biako buae sɛ: Kyerɛkyerɛfo, mede me babarima a ɔwɔ mumu honhom mebrɛɛ wo; 18 na bere biara a eso no mu no, esinsen no, na n’ano po ahuru, na ɔtwɛre ne se, na ɔfɔn. Na meka mekyerɛɛ w’asuafo sɛ wontu no, wɔantumi. 19 Na obuaa wɔn sɛ: O nnɛ mma a munni gyidi! Mentena mo nkyɛn nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mo ho nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me! 20 Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ohuu no no, ntɛm ara na honhom no ma osinsenee, na ɔhwee ase, na obu faa so, na n’ano poo ahuru. 21 Na obisaa n’agya sɛ: Nna ahe ni a eyi yɛɛ no? Na ɔkae sɛ: Efi ne mmofraase; 22 na ɛtaa ka no to ogya ne nsu mu sɛ ebekum no; na sɛ wubetumi ayɛ biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn! 23 Na Yesu see no sɛ: Wuse: Sɛ wubetumi a! Nneɛma nyinaa betumi ayɛ ama nea ogye di. 24 Na ntɛm ara, abofra no agya de nusu teɛɛm sɛ: Migye midi, boa me m'akyinnyegye mu! 25 Na Yesu hui sɛ nkurɔfokuw no de mmirika reba no, ɔteɛteɛɛ honhom fi no sɛ: Wo honhom mum ne sotifo, mehyɛ wo sɛ, fi no mu, na nsan nkɔ ne mu bio! 26 Na ɛteɛɛm, na ɛtwetwee no pii no, efii no mu. Na ɔyɛe sɛ owufo ma nnipa pii kae sɛ: Wawu. 27 Na Yesu soo ne nsa maa no so, na ɔsɔree. 28 Na oduu fie no, n’asuafo no bisaa no wɔ nkyɛn sɛ: Adɛn nti na yɛn de, yɛantumi antu no? 29 Na Yesu see wɔn sɛ: Saa ade yi de, n’ade ban, wontumi mfa biribiara so ntu no, gye mpaebɔ [ne abuada]. Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ a ɛto so abien ( Mateo 17.22-23 ; Luka 9.43-45 ) 30 Na wofii hɔnom no, wokotwaam Galilea; na wampɛ sɛ obi te. 31 Na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo no, na osee wɔn sɛ: Wɔde onipa ba no bɛhyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na wokum no a, ne nnansa so ɔbɛsɔre. 32 Na wɔante asɛm no ase, na wosuroe sɛ wobebisa no. Ahobrɛase ( Mateo 18.1-9 ; Luka 9.46-50 ) 33 Na wɔbaa Kapernaum. Na ɔwɔ ofie no, obisaa wɔn sɛ: Dɛn na modwennwenee ho ɔkwan mu no? 34 Na womuaa wɔn ano; efisɛ ɔkwan mu no wɔdwennwenee ho sɛ hena ne wɔn mu ɔkɛse. 35 Na ɔtenaa ase frɛɛ dumien no, na osee wɔn sɛ: Sɛ obi pɛ kan adi a, ma onni wɔn nyinaa akyi, na ɔnyɛ wɔn nyinaa somfo. 36 Na ɔfaa abofra bi de no gyinaa wɔn mfinimfini, na ɔyɛɛ no atuu see wɔn sɛ: 37 Obiara a obegye saa mmofra yi mu biako me din mu no begye me; na obiara a obegye me no, ɛnyɛ me na ogye me, na nea ɔsomaa me no. Ahomaso ho animka 38 Na Yohane see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛahu obi sɛ ɔde wo din retu ahonhommɔne, na onni yɛn akyi; na yɛbraa no, efisɛ onni yɛn akyi. 39 Ɛnna Yesu kae sɛ: Mommmara no; na obi nni hɔ a ɔde me din bɛyɛ anwonwade na obetumi aka me ho asɛmmɔne ɛhɔ ara. 40 Na nea ɔnyɛ biribi ntia yɛn no, na ɔwɔ yɛn afa. 41 Na obiara a ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom wɔ me din mu, sɛ moyɛ Kristo dea no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no. Hintiduato 42 Na obiara a ɔbɛto nketewa yi a wogye me di no mu biako hintidua no, eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo kɛse sɛn ne kɔn mu, na wɔde no kɔto po mu. 43 Na sɛ wo nsa to wo hintidua a, twa! Eye ma wo sɛ wode basasin bɛkɔ nkwa mu, sen sɛ wowɔ nsa abien na wode bɛkɔ amanehunu kurom, ogya a ennum da no mu, 44 [nea wɔn aboaa nnwu na ogya no nnum] 45 Na sɛ wo nan to wo hintidua a, twa! Eye ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu, sen sɛ wowɔ nan abien na wɔde wo bɛto amanehunu kurom, 46 [nea wɔn aboaa nnwu na ogya no nnum] 47 Na sɛ w’aniwa to wo hintidua a, tu! Eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu, sen sɛ wowɔ aniwa abien na wɔde wo bɛto amanehunu kurom, 48 nea wɔn aboaa nwu na ogya no nnum. 49 Na wɔde ogya bɛhyɛ nnipa nyinaa nkyene, [na wɔde nkyene bɛto afɔre nyinaa mu] 50 Nkyene ye; na sɛ nkyene dɛ tu fi mu a, dɛn na mode bɛhyɛ no nkyene? Munnya nkyene mo ara mo mu, na mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana