Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Marko 8 - KYERƐW KRONKRON


Nnipa mpemnan aduanma
( Mateo 15.32-39 )

1 Nna no mu a nkurɔfokuw no dɔɔso bio na wonni biribi a wodi no, Yesu frɛɛ asuafo no bae see wɔn sɛ:

2 Nkurɔfokuw yi yɛ me mmɔbɔ, efisɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi.

3 Na sɛ migya wɔn kwan na wɔde kɔm kɔ fie a, wɔbɛtotɔ baha ɔkwan mu; efisɛ wɔn mu binom fi akyirikyiri na ɛbae.

4 Na n’asuafo no buaa no sɛ: Ɛhefa na obi betumi anya abodoo a eyinom bedi amee wɔ anwea pradada so ha?

5 Na obisaa wɔn sɛ: Abodoo ahe na mowɔ? Na wɔkae sɛ: Asɔn.

6 Na ɔhyɛɛ nkurɔfokuw no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa abodoo ason no daa ase bubui, na ɔde maa asuafo no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na wɔkyɛ maa nkurɔfokuw no.

7 Na wɔwɔ mpataa kakraa bi; na ohyiraa so kae sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn.

8 Na wodi mee; na wɔtasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn ason mama.

9 Na wɔn a wodii no bɛyɛ sɛ mpemnan. Na ogyaa wɔn kwan.

10 Na ntɛm ara ɔne n’asuafo no kɔtenaa ɔkorow mu, na ɔbaa Dalmanuta fam.


Ɔsoro sɛnkyerɛnne
( Mateo 16.1-12 )

11 Na Farisifo no bae, na wofii ase bisabisaa no nsɛm hwehwɛɛ ne nkyɛn sɛnkyerɛnne a efi soro de sɔɔ no hwɛe.

12 Na oguu ahome ne honhom mu kae sɛ: Adɛn na nnɛ mma yi hwehwɛ sɛnkyerɛnne yi? Nokware mise mo sɛ: Wɔremma nnɛ mma yi sɛnkyerɛnne biara.

13 Na ogyaw wɔn tenaa ɔkorow mu bio kɔɔ asuogya noho.


Farisifo ne Herode mmɔkaw

14 Na wɔn werɛ fii sɛ wɔfa abodoo, na wonni biribi wɔn nkyɛn ɔkorow no mu sɛ abodoo biako pɛ.

15 Na Yesu see wɔn sɛ: Hwɛ, monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Herode mmɔkaw ho!

16 Na wɔdwennwene sisee wɔn ho sɛ wonni abodoo.

17 Na Yesu hui no, osee wɔn sɛ: Adɛn na modwennwene abodoo a munni ho? Munnya nhui na montee ase ɛ? Mo koma da so apirim?

18 Mowɔ ani na munhu ade, na mowɔ aso nso monte asɛm? Na monkae?

19 Mibubuu abodoo anum memaa mpemnum no, mporoporowa nkyerɛnkyɛ ma ahe na motasee? Ɛnna wose: Dumien.

20 Mibubuu ason no memaa mpemnan no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motasee? Ɛnna wose: Asɔn.

21 Na osee wɔn sɛ: Ɛnna afei monte ase ara yi?


Betsaida onifuraeni bi ayaresa

22 Na woduu Betsaida. Na wɔde onifuraefo bi brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no.

23 Na osoo onifuraefo no nsa de no fii akuraa no ase, na ɔtoo ntasu guu n’ani so de ne nsa guu no so bisaa no sɛ: Wuhu ade anaa?

24 Na onifuraeni no maa n’ani so kae sɛ: Yiw, mihu nnipa a ɛnenam hɔ, nanso mihu wɔn sɛ nnua.

25 Afei ɔde ne nsa guu n’ani so bio, na ɔhwɛɛ ade haa; na ne ho san no, na ohuu biribiara kann.

26 Na ɔma ɔkɔɔ ne fi see no sɛ: Nkɔ akuraa no mpo ase.


Yesu ne Kristo no
( Mateo 16.13-20 ; Luka 9.18-21 )

27 Na Yesu ne n’asuafo no fii hɔ kɔɔ Kaesarea Filipi nkuraa ase. Na ɔkwan mu no, obisaa n’asuafo no sɛ: Nnipa ka sɛ mene hena?

28 Na wobuae sɛ: Yohane suboni; na ebinom se: Elia; na ebinom nso se: Adiyifo no mu biako.

29 Na obisaa wɔn sɛ: Na mo de, muse mene hena? Na Petro bua see no sɛ: Wone Kristo no.

30 Na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara.


Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ
( Mateo 16.21-28 ; Luka 9.22-27 )

31 Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hu amane pii na mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no po no, na wokum no, na ne nnansa so wasɔre;

32 na ɔkaa asɛm no pefee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛn fii ase kaa n’anim.

33 Na ɔdan ne ho hwɛɛ n’asuafo no kaa Petro anim sɛ: Fi me so, Satan, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de.

34 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ne n’asuafo no bae ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na onni m’akyi.

35 Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa; na nea ne kra befi ne nsa me ne asɛmpa no nti no, wobegye no nkwa.

36 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?

37 Anaasɛ dɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?

38 Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfo kronkron no bɛba wɔ n’agya anuonyam mu no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan