Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Marko 7 - KYERƐW KRONKRON


Atetesɛm ho nkyerɛkyerɛ
( Mateo 15.1-20 )

1 Na Farisifo ne kyerɛwfo no mu binom a wofi Yerusalem bae behyiaa ne nkyɛn.

2 Na wohuu n’asuafo bi sɛ wɔde wɔn nsa fi, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohoro, redidi.

3 (Na Farisifo ne Yudafo nyinaa, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa yiye a, wonnidi, efisɛ wokura mpanyimfo atetesɛm mu;

4 na sɛ wofi gua so ba na wɔanhohoro wɔn ho a, wonnidi; na nneɛma pii keka ho a wogyei sɛ wobekura mu, nkuruwa ne nkuku ne kɔberesɛn ne adidii ntwerimu ho hohoro).

5 Ɛnna Farisifo ne kyerɛwfo no bisaa no sɛ: Adɛn nti na w’asuafo no nni mpanyimfo atetesɛm so na wɔde nsa fi didi yi?

6 Na obua see wɔn sɛ: Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo nyaatwomfo ho nkɔm, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.

7 Na wɔsɔre me kwa, na wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.

8 Na moagyaw Onyankopɔn ahyɛde kura nnipa atetesɛm mu.

9 Na osee wɔn sɛ: Moayɛ ade sɛ mokwae Onyankopɔn ahyɛde sɛ ɛbɛyɛ na mubedi mo atetesɛm so!

10 Na Mose kae sɛ: Di w’agya ne wo na ni, ɛne: Nea ɔka n’agya anaa ne na ho asɛmmɔne no, owu na ma onwu!

11 Na mo de, muse: Sɛ onipa bi ka kyerɛ n’agya anaa ne na sɛ: Ade a anka wode benya me ho mfaso no yɛ Korban (Ɛne sɛ, wɔde ma Onyankopɔn)

12 ana momma ɔnyɛ biribi mma n’agya anaa ne na bio,

13 na mode mo atetesɛm a mokyerɛ no sɛe Onyankopɔn asɛm no, na nneɛma a ɛte sɛ eyinom pii na moyɛ.

14 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no nyinaa baa ne nkyɛn see wɔn sɛ: Mo nyinaa muntie, na monte ase!

15 Biribiara nni onipa ho a ɛkɔ no mu a ebetumi agu ne ho fi.

16 (Sɛ obi wɔ aso a ɔde betie a, ma ontie!)

17 Na ofii nkurɔfokuw no nkyɛn baa fie no, n’asuafo no bisaa no ɛbɛ no ase.

18 Na osee wɔn sɛ: Mo nso munni ntease sɛɛ? Munhu sɛ ade biara a efi onipa ho na ɛkɔ no mu no ntumi ngu ne ho fi anaa?

19 Efisɛ ɛnkɔ ne komam, na mmom ɛkɔ ɔyafunu mu, na efi adi gu tiafi mu. (Ɔkaa eyi de tew aduan nyinaa ho).

20 Na ɔkae sɛ: Nea efi onipa mu ba no, ɛno na egu onipa ho fi.

21 Na nnipa mu, ne wɔn komam, na adwemmɔne fi ba: Aguamansɛm, awifosɛm, awudisɛm,

22 ayerefasɛm, aniberesɛm, amumɔyɛ, nsisi, ahohwi, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.

23 Nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na egu onipa ho fi.


Siro-Foinikeni bea bi gyidi
( Mateo 15.21-28 )

24 Na ɔsɔre fii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na ɔkɔɔ ofi bi mu, na wampɛ sɛ obiara te; nanso wantumi anhintaw.

25 Na amonom hɔ ara ɔbea bi a ne babea kumaa bi wɔ honhom fi tee ne nka no, ɔba bɛhwee ne nan ase;

26 nso na ɔbea no yɛ Helani, na n’awo mu ɔyɛ Siro-Foinikeni; na ɔsrɛɛ no sɛ ontu honhommɔne no mfi ne babea no mu.

27 Na osee no sɛ: Ma mma mmee ansa; na ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduan tow ma akraman mma.

28 Na ɔbea no buaa see no sɛ: Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma a wɔwɔ ɔpon ase no nso di mmofra no mporoporowa no bi!

29 Na Yesu see no sɛ: Asɛm yi nti kɔ! Honhommɔne no afi wo babea no mu.

30 Na ɔkɔɔ ne fi no, okohui sɛ honhommɔne no afi kɔ, na ne babea no da mpa so.


Ɔdodowpofo bi ayaresa

31 Na ofii Tiro ahye so nam Sidon baa Galilea po ho faa Dekapoli ahye so.

32 Na wɔde ɔsotifo bi a ɔpo dodow brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nto no so.

33 Na Yesu faa no fii nkurɔfokuw no mu kɔɔ nkyɛn de ne nsatea hyehyɛɛ n’asom, na ɔtoo ntasu de kaa ne tɛkrɛma,

34 na ɔhwɛɛ ɔsoro guu ahome, na osee no sɛ: Efata! Ɛne sɛ: Bue!

35 Na n’aso buei, na ne tɛkrɛma hama no sanee ntɛm ara, na otumi kasae.

36 Na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso mpɛn dodow a ɔkɔ so bra wɔn no, na wɔkɔ so pae mu ka.

37 Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw boroo so, na wɔkae sɛ: Wayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo te asɛm, na ɔma mumu kasa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan