Marko 6 - KYERƐW KRONKRONWɔpo Yesu wɔ Nasaret ( Mateo 13.53-58 ; Luka 4.15-30 ) 1 Na Yesu fii hɔ kɔe, na ɔbaa ne kurom; na n’asuafo no dii n’akyi. 2 Na homeda dui no, ofii ase kyerɛkyerɛe hyiadan mu; na nnipa pii a wɔtee ho dwiriw wɔn na wɔkae sɛ: Ɛhena na oyi nkonyaa nneɛma yi? Nyansa bɛn na wɔde ama no, na saa ahoɔdenne a ɔde ne nsa yɛ yi ase ne dɛn? 3 Ɛnyɛ duadwumfo yi ɔyɛ Maria ba no, Yakob ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no ni? Na ɛnyɛ ne nuammeanom na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ hintidua maa wɔn. 4 Na Yesu see wɔn sɛ: Nidi mmɔ odiyifo, gye ne kurom ne n’abusuafo mu ne ne fi. 5 Na wantumi anyɛ anwonwade biara bio wɔ hɔ, gye ayarefo kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare. 6 Na wɔn gye a wonnye nni no yɛɛ no nwonwa. Na okyinkyinii nkuraa no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛe. Yesu soma dumien no ( Mateo 10.1 ; 10.9-15 ; Luka 9.1-6 ) 7 Na ɔfrɛɛ dumien no baa ne nkyɛn, na ofii ase somaa wɔn baanu baanu, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi. 8 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmfa biribiara nntu kwan, gye poma nko ara; wɔmmfa aduan anaa kotoku, anaa sika wɔ wɔn abɔso mu; 9 na wɔnhyɛ mpaboa. Nso monnhyɛ ntade abien abien! 10 Na osee wɔn sɛ: Baabiara a mobɛhyɛn ofi bi mu no, ɛhɔ na montena nkodu sɛ mubefi hɔ akɔ. 11 Na wɔn a wɔrennye mo na wɔrentie mo asɛm no, sɛ mufi hɔ rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw nni wɔn adanse. 12 Na wɔkɔe kɔkaa asɛm sɛ wɔnsakra wɔn adwene. 13 Na wotutuu ahonhommɔne bebree, na wɔde ngo sraa ayarefo pii saa wɔn yare. Osuboni Yohane kum ( Mateo 14.1-12 ; Luka 9.7-9 ; 3.19-20 ) 14 Na ɔhene Herode tee; efisɛ na Yesu din atrɛw, na ɔkae sɛ: Yohane a anka ɔbɔ asu no anyan afi awufo mu, enti na ahoɔdenne yi yɛ adwuma wɔ no mu. 15 Na ebinom sɛ: Ɛyɛ Elia; ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifo te sɛ adiyifo no mu biako. 16 Na Herode tee no, ɔkae sɛ: Yohane a mitwaa ne ti no, ɔno na wanyan. 17 Na Herode no ara asoma ama wɔabɛsɔ Yohane mu akyere no ato afiase ne nua Filipo yere Herodia nti, efisɛ waware no. 18 Na Yohane aka akyerɛ Herode sɛ: Wunni ho kwan sɛ woware wo nua yere! 19 Na Herodia nyaa no menasepɔw, na ɔpɛe sɛ okum no, nanso wantumi. 20 Na Herode suro Yohane, efisɛ onim sɛ ɔyɛ onipa trenee ne onipa kronkron; na ɔbɔɔ ne ho ban, na ɔretie no a, ne ho yeraw no pii, nanso ɔde anigye tiee no. 21 Na da a ɛsɛ dui a Herode redi n’awoda no, ɔtow pon maa n’atitiriw ne n’asafohene ne Galilea mpanyimfo, 22 na Herodia no ara babea bae bɛsawee, na ɔsɔɔ Herode ne wɔn a wɔne no te adidii no ani. Ɛnna ɔhene see ababaa no sɛ: Bisa me biribiara a wopɛ, na mɛma wo. 23 Na ɔkaa no ntam sɛ: Ade biara a wubebisa me no, mɛma wo, de akosi m’ahenni fa so. 24 Na ofii adi kobisaa ne na sɛ: Dɛn na minkobisa? Na ɔkae sɛ: Yohane a ɔbɔ asu no ti. 25 Na ntɛm ara ɔde ahoɔhare baa ɔhene nkyɛn bekaa sɛ: Mepɛ sɛ wode Yohane suboni ti to prɛte mu ma me mprempren. 26 Na ɛyɛɛ ɔhene yaw pii, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidii no nti, wampɛ sɛ ɔkame no. 27 Na ntɛm ara ɔhene somaa ɔbrafo hyɛe sɛ wɔmfa Yohane ti mmra. Na ɔkɔe kotwaa ne ti afiase hɔ, 28 na ɔde ne ti no too prɛte mu bae, na ɔde maa ababaa no, na ababaa no de kɔmaa ne na. 29 Na n’asuafo tee no, wɔbɛfaa n’amu no, na wɔde kɔtoo ɔboda bi mu. Asomafo no sanba 30 Na asomafo no boaboaa wɔn ho ano baa Yesu nkyɛn, na wɔbɛkaa nea wɔyɛe ne nea wɔkyerɛkyerɛe no nyinaa kyerɛɛ no! 31 Na osee wɔn sɛ: Mo nso mommra mmɛsen nkɔ sare so fa baabi, na monkɔhome kakra! Na wɔn a wɔreba ne wɔn a wɔrekɔ dɔɔso, na wɔannya adagyew annidi po. Yesu ma nnipa mpemnum aduan ( Mateo 14.13-21 ; Luka 9.11-17 ; Yohane 6.1-13 ) 32 Na wɔde ɔkorow siim mu kɔɔ sare so fa baabi. 33 Na nkurɔfo huu wɔn sɛ wɔrekɔ, nso na pii nim wɔn; na wɔnam fi nkurow no nyinaa mu tutuu mmirika kɔɔ hɔ, na wotwaa wɔn ano. 34 Na Yesu sii fam no, ohuu nkurɔfokuw pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii. 35 Na onwini reyɛ adwo no, n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Ɛha yɛ sare so, na onwini reyɛ adwo; 36 gya wɔn kwan na wɔnkɔ mfuw ne nkuraa a atwa ahyia yi ase nkɔtɔ abodoo bi nni. 37 Na obua see wɔn sɛ: Mo ara momma wɔn biribi nni! Na wosee no sɛ: Yɛnkɔ nkɔtotɔ abodoo denare ahanu, na yɛmfa mma wonni anaa? 38 Na osee wɔn sɛ: Abodoo ahe na mowɔ? Monkɔ nkɔhwɛ! Na wɔkɔhwɛe no, wɔkae sɛ: Anum ne mpataa abien. 39 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn nyinaa ntenatena ase akuwakuw sare momono no so. 40 Na wɔtenatenaa ase akuwakuw, ɔha ɔha ne aduonum aduonum. 41 Na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na obubuu abodoo no, na ɔde maa n’asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa abien no nso mu maa wɔn nyinaa. 42 Na wɔn nyinaa didii, na wɔmeemee; 43 na wɔtasee mporoporowa nkɛntɛn dumien mama ne mpataa no nso bi. 44 Na wɔn a edii abodoo no ano si mmarima mpemnum. Yesu bɔ mpae ( Mateo 14.22-36 ; Yohane 6.15-21 ) 45 Na ntɛm ara na opiapiaa n’asuafo no sɛ wɔnkɔ ɔkorow mu, na wonni n’anim nkɔ asuogya noho, Betsaida fam, na onnya nkurɔfokuw no kwan ansa. 46 Na ɔma wɔkɔe no, ɔkɔɔ bepɔw so mpaebɔ. Yesu nantew po so 47 Na eduu anwummere no, na ɔkorow no wɔ po no mfinimfini, na ɔno nko ara wɔ fam. 48 Na ohuu wɔn sɛ wɔrebrɛ ahare mu; na mframa rehyia wɔn. Na ɛbɛyɛ anɔpahemahema nnɔnabiɛsa ne nnɔnsia ntam no, ɔnam po ani baa wɔn nkyɛn, na ɔrepɛ atwa wɔn ho. 49 Na wohuu no sɛ ɔnam po no ani no, wosusuwii sɛ ɛyɛ ɔsaman, na wɔteɛteɛɛm; 50 na wɔn nyinaa huu no, na wɔn koma tui. Na ntɛm ara ɔne wɔn kasae, na osee wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam! Ɛyɛ me; munnsuro! 51 Na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. Na wɔn ho dwiriw wɔn boroo so. 52 Na wɔante abodoo ho asɛm no ase; efisɛ wɔn koma apirim. Genesaret ayaresa 53 Na wotwae no, woduu Genesaret asase so, na wosii fam. 54 Na wofii ɔkorow no mu no, ntɛm ara na wohuu no, 55 na wɔde mmirika kokyinii asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wofii ase soaa wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den kɛtɛ so de wɔn baa baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ. 56 Na baabiara a ɔkɔe, nkuraase, anaa nkurow mu no, wɔde ayarefo beguu gua so, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔnka n’atade ano nnwow nko ara; na dodow a wɔkaa no no ho yɛɛ wɔn den. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana