Marko 5 - KYERƐW KRONKRONHonhom fi bi tu ( Mateo 8.28-34 ; Luka 8.26-40 ) 1 Na woduu ɛpo no agya, Gerasafo asase so. 2 Na ofii ɔkorow mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi fi aboda mu wɔ asiei hyiaa no; 3 ɔno na ɔde aboda no mu ayɛ ne tenabea. Na obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn po nkyekyere no, 4 na wɔtaa de no to mpokyerɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, nanso ɔtetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no bubu mpokyerɛ no; na obiara ntumi nnwudwo no. 5 Na daa, anadwo ne awia, ɔwɔ aboda mu ne mmepɔw so teɛteɛm, na ɔde abo atwitwa ne ho. 6 Na ohuu Yesu wɔ akyirikyiri no, otutuu mmirika bɛkotow no, 7 na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Dɛn na me ne wo Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ba, wɔ yɛ? Medɔ Onyankopɔn sɛ: Nhaw me? 8 Efisɛ wase no sɛ: Wo honhom fi, fi onipa no mu! 9 Na Yesu bisaa no sɛ: Wo din de dɛn? Na obuae sɛ: Me din de Ɛdɔm, efisɛ yɛyɛ bebree. 10 Na ɔsrɛɛ no pii sɛ ɔmmpam no mmfi asase no so. 11 Nso na mprakokuw pii wɔ bepɔw no ho hɔ redidi. 12 Na ahonhommɔne no nyinaa srɛɛ no sɛ: Pam yɛn kɔ mprako no mu, na yɛnkɔhyɛn wɔn mu! 13 Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhom fi no fii adi kɔhyɛn mprako no mu, na kuw no nyinaa bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu ɛpo no mu; nso wɔbɛyɛ sɛ mpennu, na wɔn mu tetewee wuwui ɛpo no mu. 14 Na wɔn a wɔhwɛ mprako no guanee, na wɔkɔkae kurow no mu ne nkuraa no ase. Na wofii adi sɛ wɔrekɔhwɛ nea aba no. 15 Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu nea honhommɔne a ɔde ɛdɔm wɔ no so sɛ ɔte hɔ fura ntama, na n’adwenem atew no; wosuroe. 16 Na wɔn a wohui no kaa nea ɛyɛɛ nea honhommɔne wɔ no so no ne mprako no ho asɛm no kyerɛɛ wɔn. 17 Na wofii ase srɛɛ no sɛ omfi wɔn asase so nkɔ. 18 Na osii ɔkorow no mu no, nea anka honhommɔne wɔ no so no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. 19 Nanso Yesu amma no kwan, na osee no sɛ: Kɔ wo fi, w’abusuafo nkyɛn, na kɔka nneɛma a Awurade ayɛ ama wo ne mmɔbɔ a wahu wo no kyerɛ wɔn! 20 Na osiim kɔe, na okofii ase kaa nneɛma akɛse a Yesu yɛ maa no no wɔ Dekapoli; na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa. Yairo babea ne ɔbea bi ayaresa ( Mateo 9.18-26 ; Luka 8.41-56 ) 21 Na Yesu tenaa ɔkorow no mu twaa po no baa asuogya bio no, nkurɔfokuw pii behyiaa ne nkyɛn; na ɔwɔ mpoano. 22 Na hyiadan mu panyin biako a wɔfrɛ no Yairo bae, na ohuu no no, ɔhwee ne nan ase; 23 na ɔsrɛɛ no pii sɛ: Me babea rewu, na bra na fa wo nsa begu no so, na ne ho nyɛ no den, na onnya nkwa. 24 Na ɔne no siim kɔe; na nkurɔfokuw pii dii n’akyi, na wɔkyeree no so. 25 Na ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien, 26 na wahu amane pii ayaresafo bebree nsam, na wahwere n’ahode nyinaa, na anyɛ no yiye biara, na mmom ɛkɔɔ so no, 27 tee Yesu nka no, obefii n’akyi nkurɔfokuw no mu, de ne nsa bɛkaa n’atade. 28 Na ɔkae se: Sɛ mede me nsa meka n’atade nko a, me ho bɛyɛ me den. 29 Na ntɛm ara na mogya a etu no no twae, na ɔtee ne honam mu sɛ ne yare no agyae. 30 Na ntɛm ara Yesu hui ne mu sɛ ahoɔden bi afi ne mu, na ɔdan ne ho nkurɔfokuw no mu kae sɛ: Ɛhena na ɔde ne ho kaa m’atade? 31 Ɛnna n’asuafo no see no sɛ: Woahu sɛ nkurɔfokuw no kyere wo so, na wuse: Hena na ɔde ne ho kaa me? 32 Na otwaa n’ani sɛ obehu nea ɔyɛɛ ade no. 33 Na ɔbea no nim nea ayɛ wɔ ne mu nti, ɔde suro ne ahopopo bae bɛkotow n’anim, na ɔkaa ne nokware nyinaa kyerɛɛ no. 34 Na osee no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo; kɔ asomdwoe mu, wo yare no nnyae, na wo ho nyɛ wo den! 35 Ogu so rekasa no, wofi hyiadan mu panyin no fi bae bɛkae sɛ: Wo babea no awu; adɛn na woda so haw ɔkyerɛkyerɛfo no? 36 Na Yesu tee asɛm a wɔreka no, osee hyiadan mu panyin no sɛ: Nsuro, na gye di ara! 37 Na wamma obiara anni n’akyi sɛ Petro ne Yakobo, ne Yakob ne nua Yohane. 38 Na oduu hyiadan mu panyin no fi no, obehuu nnipa a wɔreyɛ gyegyeegye ne wɔn a wɔresu na wɔreyɛ hoo pii. 39 Na ɔhyɛn hɔ no, obisaa wɔn sɛ: Adɛn na moreyɛ gyegyeegye na moresu? Abofra no nwui, wada. 40 Na wɔserew no. Na Yesu pam wɔn nyinaa, na ɔfaa abofra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ nea abofra no da hɔ. 41 Na osoo abofra no nsa see no sɛ: Talita, kuum! Ase ne sɛ: Abeawa, mise wo sɛ, Nyan! 42 Na ntɛm ara abeawa no sɔree na ɔnantewee; (na wadi mfirihyia dumien). Na wɔn ho dwiriw wɔn kɛse. 43 Na ɔhyɛɛ wɔn dennennen sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkae sɛ wɔmma no biribi nni. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana