Marko 4 - KYERƐW KRONKRONOgufo ho bɛ ( Mateo 13.1-23 ; Luka 8.4-15 ) 1 Na ofii ase kyerɛkyerɛe bio mpoano; na nkurɔfokuw pii hyia baa ne nkyɛn, enti ɔkɔɔ ɔkorow mu kɔtenaa ase ɛpo no ani; na nkurɔfokuw no nyinaa wɔ mpoano asase no so. 2 Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii wɔ mmebu mu, na osee wɔn wɔ ne kyerɛkyerɛ no mu sɛ: 3 Muntie: Hwɛ, ogufo bi fii adi koguu aba. 4 Na ɛbae sɛ ɔregu no, ebi koguu kwankyɛn; na wim nnomaa bae bɛsosɔwee. 5 Na ebi koguu abo so nea dɔte pii nni; na ntɛm ara na efifii, efisɛ dɔte no mu nnɔ ntia, 6 na owia fii no, ekisae, esiane sɛ enni ntini nti, ewui. 7 Na ebi koguu nsɔe mu; na nsɔe no nyinii, na emiaa no, na ansow aba. 8 Na ebi koguu asase pa mu; na efifi kɔɔ so nyinii na ɛtrɛwee na ɛsowee, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha. 9 Na ɔkae sɛ: Nea ɔwɔ aso betie no, ma no ntie! 10 Na ɛkaa ɔno nko no, wɔn a wɔwɔ ne ho ne dumien no bisaa no ɛbɛ no ase. 11 Na osee wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni ho ahintasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyiri no de, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebu mu; 12 na ohu de, wɔahu, na wɔanhu mu, na ɔte nso wɔate, na wɔante ase, na da bi wɔansakra, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn. 13 Na osee wɔn sɛ: Munnim abɛbu yi? Na ɛbɛyɛ dɛn na mubehu mmɛbu no nyinaa? 14 Ogufo no gu asɛm no. 15 Na eyinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wogu asɛm no, na wonya te a, ntɛm ara Satan ba, na obeyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no. 16 Na eyinom nso ne wɔn a wogu wɔn wɔ abo so no: Wɔn na wonya te asɛm no a, ntɛm ara, wɔde anigye gye, 17 na ennye ntini wɔn mu, wɔwɔ hɔ bere tiaa bi; na akyiri no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn hintidua. 18 Na eyinom ne wɔn a wogu wɔn wɔ nsɔe mu no: Wɔne wɔn a wɔte asɛm no, 19 na ɔbra yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa ne nneɛma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ba mu a, emia asɛm no na ɛnsow aba. 20 Na eyinom ne wɔn a woguu wɔn wɔ asase pa mu no: Wɔn a wɔte asɛm no, na wogye, na wɔsow aba, ebi aduasa, na ebi aduosia, na ebi ɔha. Kanea adwuma ( Luka 8.16-18 ) 21 Na osee wɔn sɛ: So wɔde kanea ba sɛ wɔde bɛhyɛ kora anaa mpa ase? Ɛnyɛ sɛ wɔde besi kaneadua so? 22 Na biribiara nni kokoam a wɔrenyi no adi, anaasɛ wɔde ahintaw a ɛrenna adi. 23 Sɛ obi wɔ aso a ɔde betie a, ma ontie! 24 Na osee wɔn sɛ: Monhwɛ yiye nea mote no ho! Susukora ko a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo, na wɔde bi bɛka mo ho. 25 Na nea ɔwɔ no, wɔbɛma no bebree; na nea onni no, nea ɔwɔ po, wobegye ne nsam. Aba a n’ankasa fifi 26 Na ɔkae sɛ: Sɛnea Onyankopɔn ahenni te ni: Ɛte sɛ onipa bi gu aba wɔ fam, 27 na ɔda na onyan anadwo ne awia, na aba no fifi, na enyin, na onnim sɛnea ɛyɛe. 28 Na asase no ara sow aba, eyi ahaban kan, na afei ayɛ bɛtem, na afei ayɛ awi a anyin bɛtem no mu. 29 Na sɛ aba no nyin a, ntɛm ara ɔsoma ma wɔde kantankrakyi kɔ, efisɛ twa bere no adu. Sinapi aba ho bɛ ( Mateo 13.31-32 ; 13.34 ; Luka 13.18-19 ) 30 Na ɔkae sɛ: Dɛn ho na yɛde Onyankopɔn ahenni bɛto? Anaasɛ ɛbɛ bɛn na yebebu wɔ ho? 31 Ɛte sɛ sinapi aba fua a wodua no fam a ɛyɛ aba horow a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa; 32 na wodua a, enyin na ɛyɛ kɛse sen afifide nyinaa, na eyiyi mman akɛse, na wim nnomaa tumi tena ne nwini ase. 33 Na mmɛbu a ɛtete sɛɛ pii so na ɔnam de kaa asɛm kyerɛɛ wɔn, sɛnea wobetumi ate ase. 34 Na wankwati abebu ankasa ankyerɛ wɔn; na ɛka wɔn nko a, ɔkyerɛ n’asuafo no ne nyinaa ase. Ahum no asebrɛ ( Mateo 8.18 ; 8.23-27 ; Luka 8.22-25 ) 35 Na da no ara, eduu anwummere no, osee wɔn sɛ: Momma yentwa nkɔ asuogya noho! 36 Na wogyaa nkurɔfokuw no kwan no, wɔfaa no kaa wɔn ho ɔkorow no mu sɛnea ɔte no ara; na akorow bi nso ka ne ho. 37 Na ahum kɛse tui; na asorɔkye bu beguu ɔkorow no mu a na ɛreyɛ ayɛ ma. 38 Na ɔno de, ɔwɔ ɔkorow no to ada sumii so. Ɛnna wonyan no see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛremem yi, ɛmfa wo ho anaa? 39 Na Yesu teɛteɛɛ mframa no, na osee po no sɛ: Mua w’ano, yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn. 40 Na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na moyɛ ahufo sɛɛ? Adɛn na munni gyidi? 41 Na wosuroe yiye, na wosisee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na mframa ne po mpo tie no yi? |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana