Marko 3 - KYERƐW KRONKRONHomedadi ho asɛm ( Mateo 12.9-14 ; Luka 6.6-11 ) 1 Na ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa adwodwo, 2 na wɔtɛw no sɛ ɔbɛsa no yare homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano. 3 Na osee onipa a ne nsa adwodwo no sɛ: Sɔre gyina mfinimfini! 4 Na obisaa wɔn sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa anaa bɔne homeda? Sɛ wogye obi nkwa anaasɛ wokum no? Na wɔyɛɛ komm. 5 Na ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden nti ɛyɛɛ no yaw, na osee onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe; na ne nsa no san yɛɛ yiye. 6 Na Farisifo no fii adi no, ntɛm ara wɔne Herodefo kotuu ne ho agyina sɛnea wobɛsɛe no. Nnipakuw pii hyia wɔ mpoano ( Mateo 12.15-16 ; Luka 6.17-19 ) 7 Na Yesu ne n’asuafo no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuw pii fi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wofi Yudea, 8 Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipa kuw pii a wɔtee nneɛma a ɔyɛe no baa ne nkyɛn. 9 Na osee n’asuafo no sɛ, nkurɔfokuw no nti ɔkorow ketewa bi ntwɛn no, na wɔankyere no so. 10 Na ɔsaa nnipa pii yare nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree no so sɛ wobesuso no mu. 11 Na ahonhom fi nso hu no a, wɔhwehwe ase n’anim, na wɔteɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no. 12 Na ɔbraa wɔn ketee sɛ wonnyi no nkyerɛ. Yesu yi dumien no ( Mateo 10.1-4 ; Luka 6.12-16 ) 13 Na ɔkɔɔ bepɔw so; na ɔfrɛɛ wɔn a ɔno ara pɛ, na wɔbaa ne nkyɛn. 14 Na oyii wɔn mu dumien sɛ wɔnka ne ho na ɔnsoma wɔn asɛnka, 15 na wɔanya ahonhommɔnetu so tumi. 16 Na oyii dumien no, na ɔtoo Simon din Petro; 17 Sebedeo ba Yakobo, ne ne nua Yohane, na ɔtoo wɔn din Boanerges, ase ne ɔprannaa mma; 18 ne Andrea ne Filipo ne Bartolomeo ne Mateo ne Toma, ne Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo ne Kanani Simon, 19 ne Yuda Iskariot a oyii no mae no. Yesu abusuafo 20 Na ɔbaa fie. Na nkurɔfokuw behyiae bio a enti wɔantumi annidi po. 21 Na n'abusuafo tee no, wofi bae sɛ wɔrebɛtwe no akɔ; efisɛ wɔkae sɛ: Ne tirim ka no. Yesu kasa tia nyaatwom ( Mateo 12.24-32 ; Luka 11.15-22 ; 12.10 ) 22 Na akyerɛwfo a wofi Yerusalem bae no kae sɛ: Ɔwɔ Beelsebub, na ahonhommɔne panyin so na ɔnam tu ahonhommɔne. 23 Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebu mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan? 24 Na sɛ ahenni bi ne ne ho di asi a, ahenni no ntumi nnyina. 25 Na sɛ ofi bi ne ne ho di asi a, ofi no ntumi nnyina. 26 Na sɛ Satan sɔre ɔno ara ne so, na ɔne ne ho di asi a, ɔrentumi nnyina, ɛnne na n’awiei ara nen. 27 Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfow n’afide, gye sɛ ɔkyekyere ɔhoɔdenfo no kan, ansa na wafow ne fi nneɛma. 28 Nokware mise mo sɛ, wɔde nnipa mma bɔne ne abususɛm a wɔbɛka nyinaa bekyɛ wɔn; 29 na mmom nea ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no de, ɔrennya fakyɛ da, na daa afobu da no so. 30 Efisɛ wɔkae sɛ: Ɔwɔ honhom fi. Yesu abusua mapa ( Mateo 12.46-50 ; Luka 8.19-21 ) 31 Ɛnna ne na ne ne nuanom ba begyinaa mfikyiri soma kɔɔ ne nkyɛn kɔfrɛɛ no. 32 Na nkurɔfokuw tete ne ho. Na wosee no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina adihɔ rehwehwɛ wo. 33 Na obuaa wɔn sɛ: Hena ne me na ne me nuanom? 34 Na otwaa n’ani hwɛɛ wɔn a wɔtete ne ho no hyiae no, ɔkae sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom ni! 35 Na obiara a ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, ɔno ara ne me nuammarima, ne me nuabea, ne me na. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana