Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Marko 2 - KYERƐW KRONKRON


Yesu sa obubuani bi yare
( Mateo 9.1-8 ; Luka 5.17-26 )

1 Na nna bi akyi no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ ofie.

2 Na nnipa pii behyiae a enti wɔansen abobow ano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn.

3 Na wɔde obi a ɔyare mmubui a nnipa baanan so no brɛɛ no.

4 Na esiane nkurɔfokuw no nti, na wontumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɔdan a ɔwɔ mu no so; na wotuu tokuru de kɛtɛ a obubuafo no da so no faa mu gyaagyaa no too mu.

5 Na Yesu huu wɔn gyidi no, osee obubuafo no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

6 Na kyerɛwfo a wɔtete hɔ no mu binom dwennwenee wɔn koma mu sɛ:

7 Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hena na obetumi de bɔne akyɛ gye Onyankopɔn nko ara?

8 Na ntɛm ara a Yesu hui ne honhom mu sɛ wɔdwennwene wɔn mu saa no, osee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwennwene eyinom mo koma mu?

9 Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wobese obubuafo no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew.

10 Na sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ onipa ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, osee obubuafo no sɛ:

11 Mise wo sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi!

12 Na ɔsɔree, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ fii wɔn nyinaa anim kɔe; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam kae sɛ: Yenhuu saa bi da!


Yesu frɛ Lewi
( Mateo 9.9-13 ; Luka 5.27-32 )

13 Na ofii adi bio kɔɔ mpoano; na nkurɔfo no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.

14 Na ɔretwam no, ohuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atowgyei, na Yesu see no sɛ: Di m’akyi! Na ɔsɔre dii n’akyi.

15 Na ɛbae sɛ ɔte adidii ne fi no, towgyefo ne nnebɔneyɛfo bebree ne Yesu ne n’asuafo bɛtenaa adidii; na wɔn a wodi n'akyi no dɔɔso.

16 Na kyerɛwfo a wofi Farisifo mu no hui sɛ ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi no, wobisaa n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi yi?

17 Na Yesu tee no, osee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, enhia wɔn ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare no. Mammɛfrɛ treneefo na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.


Abuadadi ho asɛmmisa
( Mateo 9.14-17 ; Luka 5.33-38 )

18 Na Yohane asuafo ne Farisifo redi mmuada; na nnipa bi bebisaa no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafo ne Farisifo asuafo di mmuada, na w’asuafo de, wonni mmuada?

19 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Ayeforokunu ne wɔn wɔ hɔ yi, ayeforohyia ahɔho no betumi adi mmuada anaa? Mmere dodow a ayeforokunu no wɔ wɔn nkyɛn no de, wɔrentumi nni mmuada.

20 Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, ɛno mu na wobedi mmuada.

21 Obi mfa ntama foforo sin ntaa atade dedaw mu; anyɛ saa a, ntaamu no tew fi mu, foforo no befi dedaw no mu, na ntetewee no ayɛ kɛse.

22 Na obi mfa bobesa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, bobesa foforo no bɛpaepae nkotoku no, na bobesa no ahwiehwie agu, na nkotoku no nso asɛe. Na wɔde bobesa foforo gu nkotoku foforo mu.


Homedadi ho asɛm
( Mateo 12.1-8 ; Luka 6.1-5 )

23 Na ɛbae sɛ ɔkɔfaa aburofuw bi mu homeda bi, na n’asuafo no rekɔ no, wofii ase pempan aburow mmɛtem no bi.

24 Na Farisifo no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔyɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi?

25 Na osee wɔn sɛ: Monkenkan nea Dawid yɛe bere a ehiaa no na ɔkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn?

26 Sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi, ɔsɔfo panyin Abiatar bere so, na okodii kyerɛ abodoo a obiara nni ho kwan sɛ odi, gye asɔfo nko ara, na ɔmaa wɔn a wɔne no nam no bi nso no?

27 Na osee wɔn sɛ: Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ onipa.

28 Na enti onipa ba no yɛ homeda nso wura.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan