Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Marko 16 - KYERƐW KRONKRON


Yesu wusɔre no
( Mateo 28.1-8 ; Luka 24.1-12 ; Yohane 20.1-10 )

1 Na homeda no twaa mu no, Maria Magdalene ne Yakob ne na Maria ne Salome tɔɔ nnuhuam sɛ wɔde reba abɛsra no.

2 Na da a edi nnawɔtwe kan no anɔpahema, wɔbaa ɔda no so, na awia apue.

3 Na wosisee wɔn ho sɛ: Hena na obemuni ɔbo no afi ɔda no ano ama yɛn?

4 Na wɔmaa wɔn ani so no, wohui sɛ ɔbo a ɛso kokuroo no amuni dedaw.

5 Na wɔkɔɔ ɔda no mu no, wohuu aberante bi sɛ ɔte nifa so hyɛ atade tenten fitaa, na wɔbɔɔ piriw.

6 Na osee wɔn sɛ: Mommmɔ piriw; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyan, onni ha. Monhwɛ faako a wɔde no toe!

7 Na monkɔ nkɔka nkyerɛ n’asuafo ne Petro sɛ ɔredi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mubehu no, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no.

8 Na wofii adi ntɛm ara guan fii ɔda no ho; na ahopopo ne ahodwiriw aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; efisɛ na wosuro.


Maria Magdalene hu Yesu

9 [Na ɔsɔree da a edi nnawɔtwe kan anɔpatutu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ Maria Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no kan].

10 Na ɔkɔe kɔka kyerɛɛ wɔn a wɔne no tenae a wɔn werɛ ahow na wɔresu no.

11 Na wɔn de wɔtee sɛ ɔte ase na wɔahu no no, wɔannye wɔn anni.


Yesu yi ne ho adi kyerɛ Asuafo baanu
( Luka 24.36-49 ; Yohane 20.19-23 )

12 Eyinom akyi no, oyii ne ho adi suban foforo so kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam rekɔ akuraa hɔ no.

13 Na wɔn nso ba bɛka kyerɛɛ nkae no; na wɔnnye nso anni.

14 Akyiri no a dubiako no te adidii no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim, ogye a wonnye nni no ne wɔn komaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wohuu no sɛ wasɔre no anni nti.


Asomafo no asɛmpa ka

15 Na osee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔde nyinaa.

16 Nea ogye di na wɔabɔ no asu no, wobegye no nkwa, na nea onnye nni no, wobebu no fɔ.

17 Na nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wobegye adi no akyi: Me din mu, wobetu ahonhommɔne, wɔbɛkasa kasa foforo,

18 wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom awuduru biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.


Yesu sorokɔ
( Luka 24.50-53 ; Asomafo 1.4-11 )

19 Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasae akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nifa.

20 Na wɔn de, wofii hɔ kɔe kɔkaa asɛm no mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma nam nsɛnkyerɛnne a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan