Marko 15 - KYERƐW KRONKRONWɔde Yesu kɔgyina amrado anim ( Mateo 27.1-2 ; Luka 23.1-5 ; Yohane 18.28-38 ) 1 Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne baguafo no nyinaa kɔɔ agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔe kɔhyɛɛ Pilato nsa. 2 Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na Yesu bua see no sɛ: Wo na woreka. 3 Na asɔfo mpanyimfo no totoo n’ano pii. 4 Na Pilato bisaa no bio sɛ: Wummua hwee? Hwɛ nsɛm pii a wɔka gu wo so yi! 5 Na Yesu ammua hwee bio ma ɛyɛɛ Pilato nwonwa. 6 Nso daa, afahyɛ no mu no, ogyaa ɔdeduani biako biara a wɔsrɛ no ma wɔn. 7 Na obi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Baraba a wɔagu no ne wɔn a wɔasɔre atia aban no, na wɔadi awu basabasayɛ no mu no mpokyerɛ. 8 Na nkurɔfokuw no kɔe kofii ase srɛɛ no dennennen sɛ ɔnyɛ sɛnea ɔyɛ ma wɔn daa no. 9 Na Pilato bua see wɔn sɛ: Mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no mema mo? 10 Na ohui sɛ nitan nti na asɔfo mpanyimfo no yii no mae. 11 Na asɔfo mpanyimfo no hwanyan nkurɔfokuw no mu sɛ wɔmma onnyaa Baraba mmom mma wɔn. 12 Na Pilato bua see wɔn bio sɛ: Ɛdɛn na mopɛ sɛ meyɛ nea mofrɛ no Yudafo hene no? 13 Na wɔteɛɛm bio sɛ: Bɔ no asɛnnua mu! 14 Na Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteɛɛm dennennen sɛ: Bɔ no asɛnnua mu. 15 Na Pilato pɛe sɛ ɔsɔ nkurɔfokuw no ani nti, ogyaa Baraba maa wɔn; na Yesu de, ɔhwee no mpire no, oyii no mae sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. Yesu ho fɛwdi 16 Na asraafo no de no kɔɔ amrado aban no adiwo hɔ, na wɔfrɛɛ asraafokuw no nyinaa hyiae. 17 Na wɔhyɛɛ no atade kɔkɔɔ bi, na wɔnwenee nsɔe abotiri hyɛɛ no, 18 na wofii ase kyiaa no sɛ: Yudafo hene, Mo! 19 Na wɔde abaa paa n’atifi, na wɔtoo ntasu guu no so, na wobuu nkotodwe sɔree no. Golgota ( Mateo 27.31-56 ; Luka 23.26-49 ; Yohane 19.16-30 ) 20 Na wowiee ne ho fɛwdi no, woyii atade kɔkɔɔ no, de n’ankasa atade hyɛɛ no. Na wɔde no kɔe sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu. 21 Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ofi afum retwam a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo n’agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no. 22 Na wɔde no koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota; (ne nkyerɛase ne tikwankorabea so). 23 Na wɔmaa no nsa a wɔde aduhuam afra mu, nanso wannye. 24 Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, na wɔkyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto hwehwɛɛ nea ɛbɛyɛ obiara de. 25 Na ɛyɛ dɔn a ɛto so abiɛsa mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu. 26 Na wɔkyerɛw n’afɔdisɛm no wɔ n’atifi sɛ: YUDAFO HENE NO! 27 Na wɔsɛn akwamukafo baanu kaa ne ho, obiako wɔ ne nifa, na obiako wɔ ne benkum; 28 [na kyerɛw a ese: Wɔakan no afra amumɔyɛfo mu no baa mu]. 29 Na wɔn a wɔretwam no kaa abususɛm tiaa no wosow wɔn ti kae sɛ: Ao, wo a wudwiriw asɔredan na wusi no nnansa ni! 30 Gye wo ho fi asɛnnua no so si fam! 31 Saa ara na asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no dii ne ho fɛw wɔ wɔn ntam sɛ: Ogyee ebinom, na ontumi nnye ne ho. 32 Afei ma Kristo no, Israel hene, mfi asɛnnua no so nsi fam, na yenhu na yennye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso yaw no. Yesu wu 33 Na dɔn a ɛto so asia no mu no, esum duruu asase nyinaa so kosii dɔn a ɛto so akron. 34 Na dɔn a ɛto so akron no mu no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A ne nkyerɛase ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me yi? 35 Na wɔn a wogyina hɔ no binom tee no, wɔkae sɛ: Hwɛ, ɔrefrɛ Elia! 36 Na obiako tuu mmirika de sapɔw kɔbɔɔ nsa kekakeka bi mu de tuaa demmire ano, de maa no sɛ ɔnom, na onipa ko kae sɛ: Munnyae mma yɛnhwɛ sɛ, Elia bɛba abeyi no asi fam anaa? 37 Na Yesu de nne kɛse teɛɛm no, owui. 38 Na ntama a etwa asɔredan mu no mu tew abien fi soro besii fam. 39 Na asraafo ha so panyin a ogyina n’anim ntentenso no tee sɛ ɔteɛɛm saa na ɔrewu no, ɔkae sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ Onyame ba! 40 Na mmea bi nso wɔ hɔ a na wogyina akyirikyiri rehwɛ, na Maria Magdalene nso ne Yakob kumaa ne Yose ne na Maria, ne Salome ka ho; 41 nso ɔwɔ Galilea no, na wodi n’akyi, na wɔsom no, ne mmea afoforo pii a wɔka no ho baa Yerusalem no. Yesu amu sie ( Mateo 27.57-61 ; Luka 23.50-55 ; Yohane 19.38-42 ) 42 Na enya duu anwummere, na ɛyɛ ahosiesie da a ɛne da a edi homeda anim no nti, 43 Yosef a ofi Arimatea, baguani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. 44 Na Pilato adwene mu yɛɛ no naa, efisɛ onnim sɛ wawu ampa anaa; na ɔfrɛɛ asraafo ha so panyin no bisaa no sɛ owui akyɛ anaa? 45 Na asraafo ha so panyin no bɛkae sɛ wawu no, ɔde amu no kyɛɛ Yosef. 46 Na Yosef tɔɔ nwera, na oyii Yesu de nwera no kyekyeree ne ho, na ɔde no kɔtoo ɔda a wɔatwa no ɔbotan bi mu mu, na opiaa ɔbo de kataa ɔda no ano. 47 Na Maria Magdalene ne Maria, Yose ne na, huu faako a wɔde no toe. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana