Marko 14 - KYERƐW KRONKRONWɔpam Yesu tiri so ( Mateo 26.1-5 ; Luka 22.1-2 ) 1 Na aka nnanu na Twam ne Apiti afahyɛ adu no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no hwehwɛe sɛnea wɔbɛyɛ akyere no nyansam na wɔakum no. 2 Na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na basabasa amma ɔman no mu. Ɔdɔ akyɛde bi ( Mateo 26.6-13 ; Yohane 12.1-8 ) 3 Na ɔwɔ Betania, Simon kwatani fi. Na ɔtenaa ɔpon ho no, ɔbea bi a okura sradehuam toa, a ngo huamhuam a ne bo yɛ den wɔ mu bae, na ɔbɔɔ toa no hwie guu ne mpampam. 4 Na ebinom wɔ hɔ a anyɛ wɔn abodwo wɔ wɔn mu, na wɔkekae sɛ: Adɛn nti na wɔsɛee ngo huamhuam yi? 5 Anka wobetumi atɔn ngo huamhuam yi agye bɛboro denare ahasa, na wɔde ama ahiafo. Na wonwiinwii tiaa no. 6 Na Yesu kae sɛ: Munnyaa no! Adɛn na morehaw no? Wayɛ me ho adwuma pa. 7 Na mowɔ ahiafo mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, mutumi yɛ wɔn yiye; na me de, menni mo nkyɛn daa. 8 Wayɛ nea obetumi; wadi kan asra me nipadua ama me sie da. 9 Nokware mise mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, nea ɔbea yi ayɛ nso wɔbɛka de ayɛ no nkae. Yuda yi Yesu ma ( Mateo 26.14-16 ; Luka 22.3-6 ) 10 Na Yuda Iskariot, dumien no mu biako, siim kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn sɛ obeyi no ama wɔn. 11 Na wɔtee no, ɛyɛɛ wɔn anigye, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛe sɛnea obenya kwan ayi no ama bere a ɛsɛ mu. Twam no siesie ( Mateo 26.17-19 ; Luka 22.7-13 ) 12 Na Apiti da a edi kan a wokum Twam guan no, n’asuafo no bisaa no sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wokodi Twam no? 13 Na ɔsomaa n’asuafo no mu baanu, na osee wɔn sɛ: Monkɔ kurow no mu! Na onipa bi a ɔso ahina behyia mo; munni n’akyi, 14 na baabiara a ɔbɛhyɛn no, munse ofiwura no sɛ: Kyerɛkyerɛfo no se: Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafo bedi mu Twam no wɔ? 15 Na ɔno ara bɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔahyehyɛ mu, na wɔasiesie mu; ɛhɔ na munsiesie Twam no mma yɛn! 16 Na asuafo no siim kɔe, na woduu kurow no mu no, wohuu sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no, na wosiesiee Twam no. Adidi a edi akyiri no — ɔfatwafo adiyi ( Mateo 26.20-29 ; Luka 22.14-23 ; Yohane 13.21-26 ) 17 Na eduu anwummere no, Yesu ne dumien no bae. 18 Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae sɛ: Nokware mise mo sɛ, mo a mo ne me redidi yi, mo mu biako beyi me ama. 19 Na wɔn werɛ howee, na wofii ase bisaa no mmiako mmiako sɛ: Ɛyɛ me? 20 Na osee wɔn sɛ: Ɛyɛ dumien no mu biako a ɔne me to nsa asanka mu no a. 21 Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye ma no. Adidi Kronkron asehyɛ 22 Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo hyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Munnye! Eyi ne me honam. 23 Na ɔfaa kuruwa no daa ase de maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi. 24 Na osee wɔn sɛ: Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam foforo no mogya a nnipa bebree nti wɔrehwie agu. 25 Nokware mise mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio de bɛkɔ akosi da a mɛnom no foforo Onyankopɔn ahenni no mu. Petro pa ho nkɔmhyɛ ( Mateo 26.30-35 ; Luka 22.31-34 ; 22.39 ) 26 Na wɔtoo dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so. 27 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa hintidua; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguan no abɔ apete. 28 Na me wusɔre akyi no, medi mo anim makɔ Galilea. 29 Na Petro see no sɛ: Sɛ ɛbɛyɛ wɔn nyinaa hintidua po a, me de, ɛrenyɛ me hintidua. 30 Na Yesu see no sɛ: Nokware mise wo sɛ, ɛnnɛ anadwo yi, akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa. 31 Na Petro de, ɔkasae anibere so sɛ: Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu po a, merempa wo da! Na saa ara na wɔn nyinaa nso kae. Getsemane awerɛhow ( Mateo 26.36-46 ; Luka 22.40-46 ) 32 Na woduu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na osee n’asuafo no sɛ: Montena ha, na menkɔbɔ mpae ansa. 33 Na ɔfaa Petro ne Yakob ne Yohane kaa ne ho, na ne ho fii ase hiahiaa no, na ne ho yeraw no. 34 Na osee wɔn sɛ: Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu; montena ha, na monwɛn! 35 Na ɔkɔɔ n’anim kakra kobutuw fam, na ɔbɔɔ mpae sɛ, sɛ ebetumi a, dɔn no ntwa ne ho nkɔ. 36 Na ɔkae sɛ: Abba, agya! Wutumi ade nyinaa yɛ; yi kuruwa yi fi me ho kɔ; nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ. 37 Na ɔba behuu wɔn sɛ wɔadeda, na osee Petro sɛ: Simon, woada? Woantumi anwɛn dɔnhwerew biako? 38 Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw. 39 Na osiim kɔe bio kɔbɔɔ mpae kaa asɛnkoro no ara. 40 Na ɔsan bae behuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani pam so, na wonhu nea wɔmfa mmua no. 41 Na ɔbae ne mprɛnsa so, na osee wɔn sɛ: Afei de, monna na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ, wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa. 42 Monsɔre mma yɛnkɔ, hwɛ, nea ɔreyi me ama no abɛn! Yuda ne asraafo ba ( Mateo 26.47-58 ; Luka 22.47-55 ; Yohane 18.2-18 ) 43 Na amonom hɔ ara, ogu so rekasa no, Yuda, dumien no mu biako, bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no nkyɛn ka ne ho. 44 Na nea oyii no mae no ama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ: Nea mefew n’ano no, ɔne no, monkyere no, na monso no mu yiye mfa no nkɔ! 45 Na odui no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Rabi! Na ofew n’ano. 46 Na wɔde wɔn nsa kosoo no mu kyeree no. 47 Na wɔn a wogyina hɔ no mu biako twee ne nkrante de bɔɔ ɔsɔfo panyin akoa twaa n’aso. Yesu kyere ne n’asuafo no guan 48 Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Moaba sɛnea moreba odwowtwafo so de nkrante ne mmaa rebɛkyere me? 49 Daa mewɔ mo nkyɛn asɔrefi mekyerɛkyerɛ no, moankyere me; na sɛ kyerɛw nsɛm no bɛba mu ntia! 50 Na wɔn nyinaa gyaw no guanee. 51 Na aberante bi a ofura nwera de akata n’adagyaw so dii n’akyi; na wɔkyeree no; 52 na ogyaw nwera no, fii wɔn nsa de adagyaw guanee. Yesu gyina ɔsɔfo panyin anim 53 Na wɔde Yesu kɔɔ ɔsɔfo panyin no nkyɛn, na asɔfo mpanyimfo ne mpanyimfo ne kyerɛwfo no nyinaa behyiae. 54 Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya. ( Mateo 26.59-68 ; Luka 22.63-71 ; Yohane 18.19-24 ) 55 Na asɔfo mpanyimfo ne baguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adanse pɛe sɛ wokum no, nanso wɔannya bi. 56 Na nnipa pii dii adansekurum tiaa no, nanso wɔn adanse no anhyia. 57 Na ebinom sɔre dii adansekurum tiaa no sɛ: 58 Yɛate sɛ ɔka sɛ: Medwiriw asɔredan a wɔde nsa ayɛ yi, na nnansa mu mɛto bi a wɔamfa nsa anyɛ. 59 Na ɛno ho mpo wɔn adanse no anhyia. 60 Na ɔsɔfo panyin no sɔre gyinaa mfinimfini bisaa Yesu sɛ: Wummua bi? Ɛdɛn ho na eyinom di adanse tia wo yi? 61 Nanso omuaa n’ano, na wammua bi. Na ɔsɔfo panyin no bisaa no bio, na osee no sɛ: Wone Kristo no, nea wohyira no no ba no anaa? 62 Na Yesu kae sɛ: Mene no; na mubehu onipa ba no sɛ ɔte tumi nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum mu. 63 Na ɔsɔfo panyin no sunsuanee ne ntade mu kae sɛ: Ɛdɛn hia na ehia yɛn adansefo bio? 64 Moate n’abususɛm no; mudwen ho dɛn? Na wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ ɛsɛ sɛ owu. 65 Na ebinom fii ase hinam ntasu guu no so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wosee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotɔre. Petro pa Yesu ( Mateo 26.69-75 ; Luka 22.56-62 ; Yohane 18.15-18 , 25-27 ) 66 Na Petro wɔ fam adiwo hɔ no, ɔsɔfo panyin no mmaawa mu biako bae, 67 na ohuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa kae sɛ: Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam! 68 Na ɔsanee sɛ: Minnim na mente nea woka yi ase po. Na ofii adi kɔɔ abrannaa no mu, na akokɔ bɔnee. 69 Na abaawa no huu no bio, na ofii ase ka kyerɛɛ wɔn a wogyina hɔ no sɛ: Oyi fra wɔn mu bi. 70 Na ɔsanee bio. Na ɛkyɛe kakra no, wɔn a wogyina hɔ no ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: Ampa wofra wɔn mu; efisɛ woyɛ Galileani. 71 Na ofii ase dii nsew, na ɔkekaa ntam sɛ: Minnim onipa a moreka ne ho asɛm yi. 72 Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa. Na ne werɛ howee pii, na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so ma osui! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana