Marko 13 - KYERƐW KRONKRONAsɔrefi no ho nkɔmhyɛ ( Mateo 24 ; Luka 21.5-36 ) 1 Na ɔrefi asɔrefi hɔ no, n’asuafo no mu biako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, hwɛ abo bi ne aban bi! 2 Na Yesu see no sɛ: Woahu adan akɛse yi? Wɔrennyaw, ɔbo a ɛda ɔbo so a wɔrennwiriw ngu fam. Nneɛma a ebedi akyiri 3 Na ɔte Ngo Bepɔw so asɔrefi ntentenso no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea bisaa no wɔ nkyɛn sɛ: 4 Kyerɛ yɛn bere ko a eyinom bɛyɛ hɔ, na eyinom nyinaa rebɛbam a, ɛho sɛnkyerɛnne ne dɛn? 5 Na Yesu fii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na obi annaadaa mo. 6 Nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na wɔabɛdaadaa nnipa pii. 7 Na sɛ mote ɔko ne akosɛm a, mommma mo koma nntutu! Na etwa sɛ ɛba, nanso na awiei no nnya nnui. 8 Na ɔman bɛsɔre ɔman so, na ahenni asɔre ahenni so, na asasewosow bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm bɛba. Eyinom ne awoko yaw mfiase. Ɔtaa ne asɛmpa no ka ( Mateo 10.17-22 ; Luka 21.12-17 ) 9 Na mo de, monhwɛ mo ho so yiye! Na wobeyi mo ama mpanyimfo bagua, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo begyina amradofo ne ahemfo anim na moadi adanse akyerɛ wɔn. 10 Na etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan. 11 Na sɛ wɔde mo rekɔ akoyi mo ama a, munnnwinnwen nea mobɛka ho ansa; na nea wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka! Efisɛ ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ Honhom Kronkron no ara. 12 Na onua beyi onua ama owu, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofo, na wɔama wɔakum wɔn. 13 Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo. Na nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa. Akyiwade a ɛbɔ ɔman 14 Na sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman no sɛ egyina nea ɛnsɛ no a, (ma nea ɔkenkan no nte ase!) Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so; 15 na nea ɔwɔ ɔdan atifi no nnsian mmma fam, nanso ɔnnhyɛn mu mmmɛfa biribi ne fi. 16 Na nea ɔwɔ afuw mu no nnsan n’akyi mmmɛfa ne ntama. 17 Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma nufu nna no mu no nnue! 18 Na mommɔ mpae, na amma awɔw bere mu. 19 Na nna no bɛyɛ ahohiahia a efi Onyankopɔn adebɔ no mfiase de bedu nnɛ ɛmmae saa da, nanso ɛremma saa bio. 20 Na sɛ Awurade antwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; na wɔn a wɔayi wɔn, a woyii wɔn no nti, obetwa nna no so. 21 Na ɛno na sɛ obi se mo sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! Anaasɛ: Hwɛ, ɔwɔ hɔ a, munnnye nnni! 22 Na Kristo atorofo ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo. 23 Na mo de, monhwɛ yiye, efisɛ madi kan aka ne nyinaa akyerɛ mo dedaw. Onipa ba no ba 24 Na nna no mu ahohiahia no akyi no, owia beduru sum na ɔsram renhyerɛn, 25 na ɔsoro nsoromma betutu ahwe fam, na ɔsoro ahoɔden awosow. 26 Na ɛno na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛse ne anuonyam reba omununkum mu. 27 Ɛno na ɔbɛsoma n’abɔfo, na wɔakɔboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afi mframa anan no mu, afi asase ano akɔpem ɔsoro ano. 28 Munsua borɔdɔma ho bɛ no. Sɛ ne mman nya yɛ frɔmfrɔm na ɛrefefɛw ahaban a, na munim sɛ ahohuru bere abɛn. 29 Saa ara na mo nso, sɛ muhu sɛ eyinom aba a, munhu sɛ abɛn, na adu apon ano. 30 Nokware mise mo sɛ: Awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba ansa. 31 Ɔsoro ne asase betwam, na me nsɛm de, ɛrentwam da. 32 Na da no ne dɔn no de, obi nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko. 33 Monhwɛ yiye, monwɛn na mommɔ mpae! Na munnim da ko a bere no du. 34 Ɛte sɛ onipa a watu kwan agyaw ne fi, na wama ne nkoa tumi, na wama wɔn nyinaa adwuma mmiako mmiako, na wahyɛ ɔpon ano hwɛfo sɛ ɔnwɛn. 35 Enti monwɛn! Na munnim da ko a ofiwura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasum anaa akokɔbɔnee anaa anɔpa, 36 na wammefi mo mpofirim ammehu mo sɛ moadeda. 37 Na nea mise mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monwɛn! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana