Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Marko 11 - KYERƐW KRONKRON


Yesu hyɛn Yerusalem nkunimdi mu
( Mateo 21.1-9 ; Luka 19.29-38 ; Yohane 12.12-16 )

1 Na wɔbɛn Yerusalem, Betfage ne Betania wɔ Ngo Bepɔw ho no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu,

2 na osee wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase! Na mudu hɔ pɛ a, mubehu afurum ba a wɔasa no hama a onipa biara ntenaa no so da. Monsan no mfa no mmra!

3 Na sɛ obi se mo sɛ: Adɛn na moyɛ eyi a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma wɔde no aba ha.

4 Na wɔkɔe kohuu afurum ba no sɛ ɔsa ɔpon ano wɔ mfikyiri, abɔnten, na wɔsan no.

5 Na wɔn a wogyina hɔ no mu bi see wɔn sɛ: Moresan afurum ba no ayɛ dɛn?

6 Na asuafo no buaa wɔn sɛnea Yesu kae no, na wɔmaa wɔn kwan.

7 Na wɔde afurum ba no brɛɛ Yesu, na wɔde wɔn ntama guu no so; na ɔtenaa no so.

8 Na nnipa bebree de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no so, na ebinom twitwaa nnubaa fii mfuw mu de sesɛw ɔkwan no so.

9 Na wɔn a wodi anim ne wɔn a wodi akyiri teɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba!

10 Nhyira ne yɛn agya Dawid ahenni a ɛreba no! Hosiana wɔ sorosoro!


Borɔdɔma dua no nnome
( Mateo 21.12-22 ; Luka 19.45-48 )

11 Na ɔhyɛn Yerusalem kɔɔ asɔrefi. Na ɔhwɛɛ nneɛma nyinaa na ade reyɛ asa no, ɔne dumien no fi kɔɔ Betania.

12 Na ade kyee a wofi Betania reba no, ɔkɔm dee no.

13 Na ohuu borɔdɔma bi wɔ akyiri sɛ nhaban wɔ so no, ɔkɔɔ hɔ sɛ ebia obehu biribi wɔ so anaa. Na oduu ho no, wanhu hwee sɛ ahaban nko ara; efisɛ borɔdɔma bere nnui ɛ.

14 Na ɔkasa kyerɛɛ borɔdɔma no sɛ: Obiara renni wo so aba bio da! Na n’asuafo no tee.


Yesu pam aguadifo fi asɔredan no mu

15 Na woduu Yerusalem. Na ɔkɔhyɛn asɔrefi no, ofii ase pam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ ade asɔrefi hɔ; na obutuw sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkongua,

16 na wamma kwan amma obiara ansoa ade amfa asɔrefi hɔ.

17 Na ɔkyerɛkyerɛe see wɔn sɛ: Wɔnkyerɛwee sɛ wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi ama amanaman nyinaa? Na mo de, mode ayɛ adwowtwafo bon.

18 Na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no tee, na wɔhwehwɛe sɛ wobekum no; nso wosuro no, efisɛ ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuw no nyinaa nwonwa.

19 Na ade sae no, ofii kurom hɔ.


Borɔdɔma no wu ne ɛho adesua

20 Na anɔpatutu a wɔretwam no, wohui sɛ borɔdɔma no awu fi ne ntini ase.

21 Na Petro kaee see no sɛ: Rabi, hwɛ, borɔdɔma a wodomee no no awu!

22 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Munnya Onyankopɔn mu gyidi!

23 Na nokware mise mo sɛ, obiara a obese bepɔw yi sɛ: Ma wo ho so kɔhwe po mu na onnye akyinnye ne koma mu, na obegye adi sɛ nea ɔka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.

24 Eyi nti mise mo sɛ: Ade biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mubenya, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.

25 Na sɛ mugyina hɔ rebɔ mpae, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso akyɛ mo.

26 [Na sɛ moamfa ankyɛ a, mo agya a ɔwɔ soro no nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.]


Yesu tumi ho asɛmmisa
( Mateo 21.23-27 ; Luka 20.1-8 )

27 Na wɔbaa Yerusalem bio. Na ɔnenam asɔrefi no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no baa ne nkyɛn,

28 na wobisaa no sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi? Anaasɛ hena na ɔmaa wo tumi sɛ yɛ eyinom?

29 Na Yesu see wɔn sɛ: Mebisa mo asɛm biako, na mummua me, na mɛkyerɛ mo tumi ko a mede yɛ eyinom:

30 Yohane asubɔ no, efi soro anaasɛ efi nnipa? Mummua me!

31 Na wɔdwennwene ho kae sɛ: Sɛ yɛka sɛ efi soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnne ɛdɛn nti na moannye no anni?

32 Anaa yɛnka sɛ: Efi nnipa? Nanso wosuro nkurɔfokuw no; efisɛ nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifo ampa.

33 Na wobua see Yesu sɛ: Yennim. Na Yesu see wɔn sɛ: Me nso merenka tumi ko a mede yɛ eyinom menkyerɛ mo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan