Marko 10 - KYERƐW KRONKRONAwaregyae ho asɛmmisa ( Mateo 19.1-9 ) 1 Na ɔsɔre fii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya noho; na nkurɔfo akuwakuw boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn bio, na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio. 2 Na Farisifo no ba bebisaa no sɛ ɔbarima wɔ ho kwan sɛ ogyaa ne yere anaa? Wɔde resɔ no ahwɛ. 3 Na obua see wɔn sɛ: Dɛn na Mose hyɛɛ mo no? 4 Na wɔkae sɛ: Mose maa kwan sɛ ɔnkyerɛw awaregyae nhoma mma no na onnyaa no. 5 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mo komaden nti na ɔkyerɛw saa ahyɛde yi maa mo; 6 na efi adebɔ mfiase no, ɔbarima ne ɔbea na Onyankopɔn bɔɔ wɔn. 7 Eyi nti na ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, 8 na wɔn baanu akɔyɛ ɔhonam koro. 9 Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu. 10 Na ɔwɔ ofie no, n’asuafo no bisaa no asɛm no ara bio. 11 Na osee wɔn sɛ: Obiara a obegyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforo no, na wasɛe aware ɔbea no fam, 12 na sɛ ɔbea no nso gyaa ne kunu na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware. Kristo hyira mmofra ( Mateo 19.13-15 ; Luka 18.15-17 ) 13 Na wɔde mmofra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so; na n’asuafo no kaa wɔn a wɔde wɔn bae no anim. 14 Na Yesu hui no, anyɛ no abodwo, na osee wɔn sɛ: Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan; na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea. 15 Nokware mise mo sɛ: Obiara a ɔrennye Onyankopɔn ahenni sɛ abofra no, ɔrenkɔ mu koraa. 16 Na ɔyɛɛ wɔn atuu de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn. Daa nkwa ( Mateo 19.16-30 ; Luka 18.18-30 ) 17 Na ofii adi kɔɔ ɔkwan so no, obi tutuu mmirika bɛkotow n’anim bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa? 18 Na Yesu see no sɛ: Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye obiako, ɔne Nyankopɔn. 19 Wunim mmara nsɛm no: Nni awu! Nsɛe aware! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Nsisi! Di w’agya ne wo na ni. 20 Na osee no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, eyinom nyinaa mifi me mmofraase na midii so. 21 Na Yesu hwɛɛ no dinn na ɔdɔɔ no, na osee no sɛ: Aka wo ade biako: Kɔ na kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafo, na wubenya agyapade ɔsoro; na bra bedi m’akyi. 22 Na asɛm no nti omunae de awerɛhow kɔe; efisɛ na ɔwɔ ahonyade bebree. 23 Ɛnna Yesu hwɛɛ ne ho hyiae see n’asuafo no sɛ: Sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu? 24 Na ne nsɛm no yɛɛ asuafo no ahodwiriw. Na Yesu bua see wɔn bio sɛ: Mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn [a wɔde wɔn ho to ahonyade so] sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu? 25 Ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu. 26 Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw boroo so, na wosisee wɔn ho sɛ: Ɛnne na hena na wobetumi agye no nkwa? 27 Na Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae sɛ: Nnipa fam na entumi nyɛ, na ɛnyɛ Onyankopɔn fam, efisɛ Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ. 28 Na Petro fii ase see no sɛ: Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa abedi w’akyi. 29 Na Yesu kae sɛ: Nokware mise mo sɛ, obi nni hɔ a wagyaw ofi, anaa nua mmarimanom, anaa nuammeanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa asase, me ne asɛmpa no nti, 30 na ɔrennya afi ne nuammarimanom ne nuammeanom ne ɛnanom ne mma ne nsaase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seisei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu. 31 Na adikanfo pii bɛka akyiri, na akyikafo abedi kan. Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ a ɛto so abiɛsa ( Mateo 20.17-19 ; Luka 18.31-34 ) 32 Na wɔnam kwan so rekɔ Yerusalem; na Yesu di wɔn anim, na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na na wɔn a wodi n’akyi no suro. Na ɔfaa dumien no bio fii ase kaa nneɛma a ɛbɛba no so no kyerɛɛ wɔn sɛ: 33 Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wobeyi onipa ba no ahyɛ asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo nsa, na wɔabu no kumfɔ, na wɔayi no ama wiase amanaman mufo, 34 na wɔagoru ne ho, na wɔatoto ntasu agu no so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa so wasɔre bio. Onyankopɔn ahenni mu dibea ( Mateo 20.20-28 ) 35 Na Sebedeo mma Yakob ne Yohane baa ne nkyɛn besee no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ biribiara a yɛbɛsrɛ wo no, woyɛ ma yɛn. 36 Na osee wɔn sɛ: Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo? 37 Na wosee no sɛ: Nea yɛ ma yɛn ne sɛ: Ma yɛn mu biako ntena wo nifa, na obiako ntena wo benkum, w’anuonyam mu! 38 Na Yesu see wɔn sɛ: Munnim nea mubisa. Mubetumi anom kuruwa a menom ano anaa mobɛma wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo? 39 Na wosee no sɛ: Yebetumi. Na Yesu see wɔn sɛ: Kuruwa a menom ano no de, mobɛnom, na asubɔ a wɔde bɔ me no, wɔde bɛbɔ mo; 40 na me nifa ne me benkum tena de, ɛnyɛ me de sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a wɔasiesie ama wɔn. 41 Na edu no tee no, Yakob ne Yohane asɛm no anyɛ wɔn abodwo. 42 Na Yesu frɛɛ wɔn bae na osee wɔn sɛ: Munim sɛ wɔn a wobu wɔn sɛ wodi wiase amanaman so no di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi. 43 Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛse no, ɔbɛyɛ mo somfo, 44 na obiara a ɔpɛ sɛ obedi mo kan no, ɔbɛyɛ mo nyinaa akoa. 45 Na onipa ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii. Onifuraeni Bartimeo adehu ( Mateo 20.29-34 ; Luka 18.35-43 ) 46 Na woduu Yeriko. Na ɔne n’asuafo no ne nkurɔfokuw bebree refi Yeriko akɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifuraefo no, te kwankyɛn resrɛsrɛ ade. 47 Na ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu Nasareni no, ofii ase teɛɛm sɛ: Dawid ba Yesu, hu me mmɔbɔ! 48 Na nnipa pii kaa n’anim sɛ ommua n’ano; nanso ɔno de, ɔkɔɔ so teɛteɛɛm dennen sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ! 49 Na Yesu gyina kae sɛ: Momfrɛ no! Na wɔfrɛɛ onifuraefo no see no sɛ: Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre, ɔrefrɛ wo! 50 Na ɔtow ne ntama gui sɔre baa Yesu nkyɛn. 51 Yesu bisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na onifuraefo no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mihu ade! 52 Na Yesu see no sɛ: Kɔ, wo gyidi agye wo! Na ntɛm ara ohuu ade, na odii n’akyi ɔkwan no so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana