Malaki 4 - KYERƐW KRONKRONAWURADE da kɛse no 1 Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ fononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo Awurade na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa baa. 2 Na mo a musuro me din no, trenee wia bepue ama mo, na ayaresa wɔ ne ntaban ase, na mubefi adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ, 3 na mubetiatia abɔnefo so, na wɔbɛyɛ nso mo nan ase, ɛda a mereyɛ eyi no so, asafo Awurade na ose. Kɔkɔbɔ ne bɔhyɛ 4 Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛde ne atemmude no. 5 Hwɛ, meresoma odiyifo Elia mabrɛ mo, ansa na Awurade da kɛse a ɛyɛ hu no aba. 6 Na ɔbɛdannan agyanom koma aba mma so, ne mma koma aba agyanom so, na mamma mamfa mmusu mammɛbɔ asase no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana