Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Malaki 1 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn dɔ Israel

1 Awurade atemmusɛm a ɔnam Malaki so de brɛɛ Israel ni.

2 Medɔ mo, Awurade na ose. Na moka se: Wode dɛn na adɔ yɛn? So Esau nyɛ Yakob ne nua? Awurade asɛm ni; nanso medɔɔ Yakob,

3 na metan Esau, na mayɛ ne mmepɔw no afo, ne n’agyapade nso sare so sakraman ade.

4 Sɛ Edom ka se: Wɔapɛtɛw yɛn, nanso yɛbɛsan akɔ akosisi agowagow no a, sɛ asafo Awurade se ni: Wɔn de, wobesisi, na me nso, medwiriw, na wɔafrɛ wɔn sɛ: Abɔnefosɛm hye, ne: Ɔman a Awurade afa wɔn abufuw de akosi daa.

5 Na mo aniwa behu, na mo de, mobɛka se: Awurade so tra Israel hye no so.


Asɔfo no animtiaabu

6 Ɔba di n’agya ni, na akoa di ne wura ni, na sɛ agya ne me a, me nidi wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he? Asafo Awurade na ɔka akyerɛ mo, asɔfo a mubu me din animtiaa. Na moka se: Ɛdɛn mu na yebu wo din animtiaa?

7 Mode abodoo a ɛho akum brɛ me m’afɔremuka so. Na moka se: Dɛn na yɛde kum wo ho? Sɛ moka sɛ: Awurade pon no yɛ ade a wotumi bu no animtiaa.

8 Na sɛ mode aboa onifuraefo bi ba bɛbɔ afɔre a, so ɛnyɛ bɔne? Na sɛ mode aboa apakye anaa aboa yarefo bi ba a, so ɛnyɛ bɔne anaa? Fa kɔma w’amrado! So n’ani bɛsɔ wo, anaasɛ ɔbɛhwɛ w’anim? Asafo Awurade na ose.

9 Na afei, mode nkotɔsrɛ rehwehwɛ Onyankopɔn anim, sɛ ɔmmɛdom yɛn?. Mo nsam na ɛno fii, so mo nti ɔbɛhwɛ obi anim? Asafo Awurade na ose.

10 Anka eye sɛ mo mu bi kɔtoto apon mu nso, na moansɔ m’afɔremuka so gya kwa. M’ani nsɔ mo hwee, asafo Awurade na ose, na mo nsam ayɛyɛde nyɛ me fɛ.

11 Na efi owia apuei de kosi n’atɔe no me din yɛ kɛse amanaman mu, na wɔhyew aduhuam bɔ afɔre ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛde a ɛho tew ba; na me din yɛ kɛse amanaman mu, asafo Awurade na ose.

12 Nanso muhura ho, sɛ moka se: Awurade pon no, wɔakum ho, na ɛso ade, n’aduan no nso, yɛ ade a wotumi bu no animtiaa.

13 Nso moka se: Hwɛ, ɔbrɛ bɛn ni! Na mopeepee, asafo Awurade na ose, na mode afow ade ne aboa apakye ne aboa yarefo ba, na mode bɛyɛ ayɛyɛde; so megye mo nsam ma ayɛ me fɛ anaa? Awurade na ose.

14 Na wɔadome nea osisi, nea ɔde onini a odi mu wɔ ne nguankuw mu hyɛ bɔ, na ɔde nea asɛe bɔ Awurade afɔre no; efisɛ ɔhenkɛse ne me, asafo Awurade na ose, na me din ho yɛ hu, amanaman mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan