Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 9 - KYERƐW KRONKRON


Yesu soma asuafo dumien no
( Mateo 10.1 ; 10.7 ; 10.9-11 ; 10.14 ; Marko 6.7-13 )

1 Na ɔfrɛɛ dumien no hyiae maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.

2 Na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na wɔnsa yare.

3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa biribiara nntu kwan, mommfa poma anaa bɔtɔwa anaa aduan anaa sika anaa ntade abien abien.

4 Na ofi biara a mobɛkɔ mu no, ɛhɔ ara na montena, na moafi hɔ akɔ.

5 Na wɔn a wɔrennye mo no, mufi kurom hɔ rekɔ a, momporoporow mo anan ase tutuw mfa nni adanse ntia wɔn.

6 Na wosiim hɔ faa nkuraa nyinaa ase mmiako mmiako kaa asɛmpa no, na wɔsaa yare baabiara.


Herode pɛ sɛ ohu Yesu
( Mateo 14.1-2 ; Marko 6.14-16 )

7 Na ɔmansinhene Herode tee nea ɔyɛe nyinaa; na ne tirim yɛɛ no keserenee sɛ ebinom se: Wɔanyan Yohane afi awufo mu,

8 na ebinom se: Elia ayi ne ho akyerɛ, na afoforo se: Tete adiyifo no mu biako asɔre.

9 Na Herode kae sɛ: Yohane de, matwa ne ti, na hena ne oyi a mete ne ho nsɛm a ɛte sɛɛ yi? Na ɔhwehwɛe sɛ ohu no.


Nnipa mpemnum aduanma
( Mateo 14.13-21 ; Marko 6.30-44 ; Yohane 6.1-13 )

10 Na asomafo no san bae, na wɔbɛkaa nea wɔakɔyɛɛ nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ɔfa baabi, kurow a wɔfrɛ no Betsaida no ho.

11 Na nkurɔfo akuwakuw no hui no, wodii n’akyi; na ogyee wɔn kaa wɔn Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na ɔsaa wɔn a ehia wɔn yare.

12 Na ade reyɛ asa; na dumien no bae besee no sɛ: Gya nkurɔfokuw no kwan na wɔnkɔ nkurow ne nkuraase a atwa ahyia yi mu nkɔtena hɔ, na wɔanya aduan; efisɛ nea yɛwɔ ha yi yɛ sare so.

13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma wɔn biribi nni! Na wose: Yenni biribiara sɛ abodoo anum ne mpataa abien pɛ, gye sɛ yɛkɔtɔ aduan ma nkurɔfo yi nyinaa.

14 Na wɔbɛyɛ sɛ mmarima mpemnum. Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Momma wɔntenatena ase akuwakuw bɛyɛ aduonum aduonum.

15 Na wɔyɛɛ sa, na wɔmaa wɔn nyinaa tenatenaa ase.

16 Na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no hwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na obubui de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nkurɔfokuw no.

17 Na wodii, na wɔn nyinaa meemee, na wɔtasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn dumien.


Petro mpaemuka
( Mateo 16.13-28 ; Marko 8.27—9.1 )

18 Na ɛbae sɛ ne nko wɔ hɔ rebɔ mpae no, na n’asuafo no ka ne ho; na obisaa wɔn sɛ: Nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Mene hena?

19 Na wobuae sɛ: Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforo se: Tete adiyifo no mu bi na wasɔre.

20 Na obisaa wɔn sɛ: Mo de, muse mene hena? Na Petro buae sɛ: Onyankopɔn Kristo no.


Yesu hyɛ ne wu ne ne wusɔre ho nkɔm

21 Na ɔhyɛɛ wɔn nyinaa ketee braa wɔn sɛ wɔnnka eyi nnkyerɛ obiara

22 se: Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hu amane pii, na mpanyimfo, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo apo no, na wɔakum no, na da a ɛto so abiɛsa no, wanyan.


Ahopakyi

23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua daa, na onni m’akyi.

24 Na obiara a ɔpɛ sɛ obegye ne kra no, ebefi ne nsa, na nea me nti ne kra befi ne nsa no, obegye no nkwa.

25 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔyera anaasɛ ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?

26 Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔde ɔne n’agya ne n’abɔfo kronkron anuonyam bɛba no.

27 Na nokware mise mo sɛ: Wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onyankopɔn ahenni ansa.


Yesu anuonyam haran
( Mateo 17.1-9 ; Marko 9.2-9 )

28 Na ɛbae sɛ nsɛm yi akyi bɛyɛ sɛ nnawɔtwe no, ɔfaa Petro ne Yohane ne Yakobo, na ɔne wɔn kɔɔ bepɔw so mpaebɔ.

29 Na ɔrebɔ mpae no, n’anim tebea sakrae, na n’atade yɛɛ fitaa, na ɛharanee.

30 Na hwɛ, mmarima baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasae;

31 na woyii wɔn ho adi anuonyam mu, na wɔkaa ne wu a obewu wɔ Yerusalem ho asɛm.

32 Na nna faa Petro ne wɔn a wɔka ne ho no; na wonyanee no, wohuu n’anuonyam no ne mmarima baanu no sɛ wɔne no gyina hɔ.

33 Na ɛbae sɛ wɔrefi ne nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, eye sɛ yɛtena ha, na ma yɛmmɔ asese abiɛsa, wo de biako, Mose de biako, na Elia de biako; efisɛ na onnim nea ɔreka.

34 Na ɔreka saa no, omununkum bae bɛkataa wɔn so; na wɔrekɔ omununkum no mu no, wosuroe.

35 Na ɛnne bi fi mununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me ba a mayi no, muntie no!

36 Na ɛnne no twaam no, wohuu Yesu nko ara. Na womuamuaa so, na nna no mu no, wɔanka nneɛma a wohui no ankyerɛ obiara.


Abofra otwafo bi ayaresa
( Mateo 17.14-23 ; Marko 9.14-32 )

37 Na ɛbae sɛ n’adekyee a wofii bepɔw no so sii fam no, nkurɔfokuw bebree behyiaa no.

38 Na hwɛ, ɔbarima bi a ofi nkurɔfo no mu teɛɛm sɛ: Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, hwɛ me ba yi, na ɔyɛ me ba koro.

39 Na hwɛ, honhom bi kyere no, na ɔpatuw teɛm su, na esinsen no ma n’ano po ahuru, na obu fa so, na ɛden no ansa na egyaa no.

40 Na mesrɛɛ w’asuafo no sɛ wontu no, wɔantumi.

41 Na Yesu buae sɛ: O nnɛ mma a wonni gyidi na wɔakyeakyea, mentena mo nkyɛn na mentɔ me bo ase mo ho nkodu da bɛn? Fa wo ba no bra ha!

42 Na ɔreba no, honhommɔne no him no hwee fam, na esinsen no. Na Yesu teɛteɛɛ honhom fi no, na ɔsaa abofra no yare, na ɔde no maa n’agya.


Yesu hyɛ ne yima ne ne wu ho nkɔm

43 Na Onyankopɔn ahoɔden kɛse yi yɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw. Na nneɛma a Yesu yɛe no nyinaa yɛɛ wɔn nwonwa no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ:

44 Momma nsɛm yi nkɔ mo asom; na wɔrebeyi onipa ba no ahyɛ nnipa nsa.

45 Na wɔante asɛm yi ase, efisɛ na wɔde ahintaw wɔn na wɔanhu. Na wosuroe sɛ wobebisa no asɛm yi.


Ahobrɛase ne onuadɔ
( Mateo 18.1-5 ; Marko 9.33-40 )

46 Na asɛm bi baa wɔn mu sɛ wɔn mu hena na ɔbɛyɛ kɛse?

47 Na Yesu huu wɔn komam nsusuwii no, ɔfaa abofra bi begyinaa ne nkyɛn,

48 na osee wɔn sɛ: Obiara a obegye abofra yi me din mu no, wagye me; na obiara a obegye me no, na wagye nea ɔsomaa me no. Na nea ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔkɛse.

49 Na Yohane buae sɛ: Owura, yehuu sɛ obi de wo din tu ahonhommɔne; na yɛbraa no, efisɛ ɛnyɛ ɔne yɛn na ɛnam.

50 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Mommmara no! Na nea ɔnyɛ biribi ntia mo no na ɔwɔ mo afa.


Samariafo atirimmɔdenfo

51 Na ɛbae sɛ nna a wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro reyɛ awie du no, ɔde sii n’anim sɛ ɔrekɔ Yerusalem.

52 Na ɔsomaa abɔfo dii n’anim; na wɔkɔe no, wɔkɔhyɛn Samariafo akuraa bi ase sɛ wɔrekosiesie hɔ ama no.

53 Na wɔannye no, efisɛ na n’ani kyerɛ Yerusalem.

54 Na n’asuafo Yakob ne Yohane hui no, wɔkae sɛ: Awurade, wopɛ sɛ yɛka na ogya fi soro bɛhyew wɔn?

55 Na ɔdan ne ho kaa wɔn anim.

56 Onipa ba no amma ammɛsɛe nnipa kra, na obegyee wɔn. Na wɔkɔɔ akuraa foforo bi ase.


Wɔn a wɔpɛ biribi ayɛ ansa na wɔadi Kristo akyi
( Mateo 8.19-22 )

57 Na ɛbae sɛ wɔnam kwan mu rekɔ no, obi ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi.

58 Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw; na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.

59 Na ɔka kyerɛɛ ɔfoforo sɛ: Di m’akyi! Na ɔno de, ose: Ma me kwan na minkosie m’agya ansa.

60 Na Yesu see no sɛ: Ma awufo nsie wɔn awufo, na wo de, kɔ na kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm!

61 Na ɔfoforo nso kae sɛ: Awurade, medi w’akyi, na ma me kwan na menkɔkra me fifo ansa.

62 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Obiara a ɔde ne nsa koso funtumdade mu na ɔhwɛ n’akyi no mfata Onyankopɔn ahenni no mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan