Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 7 - KYERƐW KRONKRON


Akoa bi ayaresa
( Mateo 8.5-13 )

1 Na ɔwiee ne nsɛm nyinaa ka wɔ nkurɔfo no asom no, ɔkɔhyɛn Kapernaum.

2 Na asraafo ha so panyin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu.

3 Na ɔtee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafo mpanyimfo kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa n’akoa no yare.

4 Na woduu Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no dennen sɛ: Ɔfata sɛ wobɛyɛ saa ade yi ama no;

5 efisɛ ɔdɔ yɛn man, na ɔno na wasi hyiadan ama yɛn.

6 Na Yesu ne wɔn kɔe. Na ɔreyɛ abɛn ofi no ho no, asraafo ha so panyin no somaa ne nnamfo bi baa ne nkyɛn besee no sɛ: Owura, nhaw wo ho, na mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase;

7 enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko na m’akoa no ho nyɛ no den.

8 Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na sɛ mise oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo sɛ: Bra! a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi! a, ɔyɛ.

9 Na Yesu tee eyi no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔdan ne ho kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw a wodi n’akyi no sɛ: Mise mo sɛ, Israel mu po minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ.

10 Na wɔn a wɔsomaa wɔn no san kɔɔ fie no, wokohuu akoa a ɔyaree no sɛ ne ho ayɛ no den.


Nain kunafo no ba

11 Na ɛbae sɛ n’adekyee no, ɔkɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu, na n’asuafo ne nkurɔfo pii ne no kɔe.

12 Na ɔbɛn kurow no pon akyi no, hwɛ, wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na ba koro refi adi, na ɔbea no yɛ okunafo; na kurom hɔfo pii ka ne ho.

13 Na Awurade huu ɔbea no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na osee no sɛ: Nsu!

14 Na ɔbae bɛkaa funnaka no, na wɔn a wɔso no gyinae. Na ɔkae sɛ: Aberante, mise wo sɛ: Sɔre!

15 Na owufo no sɔre tenaa ase, na ofii ase kasae, na ɔde no maa ne na.

16 Na ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifo kɛse asɔre yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.

17 Na ne ho asɛm yi trɛwee Yudea nyinaa ne asase a atwa ho ahyia nyinaa so.


Osuboni Yohane ahoyeraw
( Mateo 11.2-19 )

18 Na Yohane asuafo kɔkaa eyinom nyinaa ho asɛm kyerɛɛ no.

19 Na Yohane frɛɛ n’asuafo no mu baanu somaa wɔn kɔɔ Awurade nkyɛn sɛ: Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?

20 Na nnipa no baa ne nkyɛn no, wɔkae sɛ: Yohane suboni somaa yɛn wo nkyɛn sɛ: Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?

21 Na ɛdɔn no ara mu ɔsaa nnipa bebree yare ne haw ne ahonhommɔne, na pii nso a wɔn ani afura no, ɔma wohuu ade.

22 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ nkɔka nea moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane sɛ: Anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafo;

23 na nhyira ne nea merenyɛ no hintidua.


Yesu di Yohane ho adanse

24 Na Yohane abɔfo no kɔe no, ofii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Ɛdɛn na mufii adi kɔɔ sare so kɔhwɛe? Demmire a mframa rehim?

25 Anaasɛ ɛdɛn na mufi kɔhwɛe? Onipa a ɔhyɛ ntade bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetenam yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfi.

26 Anaasɛ ɛdɛn na mufi kɔhwɛe? Odiyifo anaa? Yiw, mise mo sɛ, nea ɔsen odiyifo po ni.

27 Oyi ne nea wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo adi w’anim a obesiesie wo kwan adi w’anim.

28 Mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn no mu biara nyɛ kɛse nsen Yohane; nanso nea ɔyɛ akumaa Onyankopɔn ahenni mu no yɛ kɛse sen no.

29 (Na nkurɔfo a wɔtee nyinaa ne towgyefo gyee Onyankopɔn nnwuma too mu ma wɔde Yohane asubɔ no bɔɔ wɔn asu;

30 na Farisifo ne mmarakyerɛfo no de, wɔpoo Onyankopɔn tirim asɛm a ɛwɔ hɔ ma wɔn, na wɔamma wammɔ wɔn asu.)

31 Na ose: Hefo ho na mede nnɛ mma yi mɛto? Na wɔte sɛ hefo?

32 Wɔte sɛ mmofra a wɔtete gua so refrɛfrɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Yɛahyɛn atɛntɛbɛn ama mo, na moansaw; yɛatwa agyaadwo, na moansu.

33 Na Yohane suboni aba, onnidi na ɔnnom nsa, na muse: Ɔwɔ honhommɔne.

34 Onipa ba no aba, odidi na ɔnom, na muse: Hwɛ, onipa didifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo.

35 Nanso nyansa mma nyinaa bu no bem.


Ɔbea debɔneyɛfo

36 Na Farisifo no mu biako hyiaa no adidi; na ɔkɔɔ Farisini no fi kɔtenaa adidii.

37 Na hwɛ, ɔbea debɔneyɛfo bi a ɔwɔ kurow no mu tee sɛ ɔte adidii Farisini no fi no, ɔde ngo huamhuam toa ma bae,

38 na obegyinaa n’akyi ne nan ho, na ɔresu, na ofii ase de nusu no fɔw ne nan ho, na ɔde ne tinwin popaa ho, na ofew ne nan ho, na ɔde ngo huamhuam no sraa ho.

39 Na Farisini a ohyiaa no adidi no hui no, ɔkae ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifo a, anka obehu onii ne ɔbea ko a ɔde ne nsa aka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.

40 Na Yesu bua see no sɛ: Simon, mewɔ asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ose: Kyerɛkyerɛfo, ka!

41 Ose: Boseabɔni bi wɔ akafo baanu; obiako de no denare ahanum, na obiako de no aduonum.

42 Na wonnya biribi ntua no, ɔde kyɛɛ wɔn baanu nyinaa kwa. Enti kyerɛ me wɔn mu nea ɔbɛdɔ no bebrebe.

43 Na Simon buae sɛ: Misusuw sɛ nea ɔde bebrebe kyɛɛ no no. Na osee no sɛ: Woabua no yiye.

44 Na ɔdan n’ani kyerɛɛ ɔbea no see Simon sɛ: Woahu ɔbea yi? Mebaa wo fi, woamma me nsu angu me nan so, na ɔbea yi de, ɔde ne nusu afɔw me nan ho, na ɔde ne tinwin apopa ho.

45 Woamfew m’ano; na ɔbea yi de, efii sɛ mebaa ha yi, onnyaee me nan ho few ɛ.

46 Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbea yi de, ɔde ngo huamhuam asra me nan ho.

47 Na eyi nti mise wo sɛ, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ, efisɛ ɔdɔ pii. Na nea wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔdɔ kakraa bi.

48 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo.

49 Na wɔn a wɔne no te adidii no fii ase kekae wɔn mu sɛ: Hena ne oyi a ɔde bɔne nso kyɛ?

50 Na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan