Luka 6 - KYERƐW KRONKRONHomeda sɛe ( Mateo 12.1-8 ; Marko 2.23-28 ) 1 Na ɛbae sɛ homeda bi ɔkɔfaa aburofuw bi mu, na n’asuafo no pempan mmɛtem no bi, na wɔposae wɔ wɔn nsa mu wee. 2 Na Farisifo no mu binom see wɔn sɛ: Adɛn na moyɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ homeda? 3 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkenkan nea ɔkɔm dee Dawid ne wɔn a wɔka ne ho no, ɔyɛe no? 4 Sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi kɔfaa Kyerɛ Abodoo no dii, na ɔde bi maa wɔn nso a wɔka ne ho a obi nni ho kwan sɛ odi bi, gye sɛ asɔfo nko ara? 5 Na osee wɔn sɛ: Onipa ba no yɛ homeda nso wura. 6 Na ɛbae sɛ homeda foforo bi nso ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awu. 7 Nso akyerɛwfo ne Farisifo no tɛw no sɛ ɔbɛsa yare homeda anaa, na wɔanya no akɔtoto n’ano. 8 Nanso ohuu wɔn adwene, enti osee onipa a ne nsa awu no sɛ: Sɔre gyina mfinimfini! Na ɔsɔre gyinae. 9 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Merebebisa mo: Dɛn na ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ homeda, papa anaa bɔne, sɛ wobegye obi nkwa anaasɛ wobekum no? 10 Na ɔhwɛɛ wɔn nyinaa anim hyiae ka kyerɛɛ no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔyɛɛ sa, na ne nsa no san yɛɛ yiye. 11 Na wɔn de, abufuw yɛɛ wɔn ma, na wotuu adekode wɔde bɛyɛ Yesu ho agyina. Asomafo dumien no paw ( Marko 3.13-19 ) 12 Na ɛbae sɛ nna no mu ofii adi kɔɔ bepɔw so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae anadwo mu no nyinaa. 13 Na ade kyee no, ɔfrɛɛ n’asuafo no bae, na oyii wɔn mu dumien a ɔfrɛɛ wɔn asomafo; 14 Simon a ɔfrɛɛ no Petro ne ne nua Andrea, Yakob ne Yohane, Filipo ne Bartolomeo, 15 Mateo ne Toma, Alfeo ba Yakob ne Simon a wɔfrɛ no Selote, 16 Yakob ba Yuda ne Yuda Iskariot a oyii no mae no. 17 Na ɔne wɔn sianee no, obegyinaa baabi a ɛhɔ yɛ tamaa: Ɔne n’asuafo bebree ne nnipa pii a wofi Yudea nyinaa ne Yerusalem ne Tiro ne Sidon mpoano, a wɔbae sɛ wobetie no, na wasa wɔn yare, 18 ne wɔn a ahonhom fi haw wɔn; na ɔsaa wɔn yare. 19 Na nkurɔfokuw no nyinaa hwehwɛe sɛ wɔde wɔn nsa bɛka no, efisɛ ahoɔden fi no mu ba; na ɔsaa wɔn nyinaa yare. Sare so asɛnka ( Mateo 5.3-4 ; 5.6 ; 5.11-12 ) 20 Na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ n’asuafo no kae sɛ: Nhyira ne mo ahiafo, na Onyankopɔn ahenni yɛ mo dea. 21 Nhyira ne mo a ɔkɔm de mo yi, na wɔbɛma moamee. Nhyira ne mo a moresu yi, na mobɛserew. 22 Nhyira ne mo sɛ nnipa kyi mo, na woyi mo fi wɔn mu, na wɔyaw mo, na wɔbɔ mo dimmɔne onipa ba no nti. 23 Momma mo ani nnye da no, na munni ahurusi! Na hwɛ, mo akatua so ɔsoro; na saa ara na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifo no. 24 Nanso mo a moyɛ adefo de, munnue! Na moanya mo awerɛkyekye dedaw. 25 Mo a moamee, munnue! Na ɔkɔm bɛde mo. Mo a moreserew yi, munnue! Na mo werɛ bɛhow, na moasu. 26 Nnipa nyinaa kasa mo ho yiye a, munnue! Na saa ara nso na wɔn agyanom de yɛɛ atoro adiyifo no. Monnɔ mo atamfo! ( Mateo 5.39-48 ) 27 Na mise mo a mote yi sɛ: Monnɔ mo atamfo, monyɛ wɔn a wɔtan mo yiye, 28 munhyira wɔn a wɔdome mo, mommɔ mpae mma wɔn a wɔhaw mo! 29 Nea ɔbɔ w’aso biako mu no, dan biako no nso ma no. Na nea ɔfa w’atade nkataso no, mfa w’atade nhyɛase nso nkame no! 30 Obiara a ɔsrɛ wo no, ma no! Na nea ogye w’ade no, mmisa no bio! 31 Na sɛnea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara! 32 Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfo nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn. 33 Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo yiye no yiye a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfo nso yɛ saa ara. 34 Na sɛ mofɛm wɔn a mo ani da so sɛ mubegye wɔn hɔ bio a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfo nso fɛm nnebɔneyɛfo sɛ wobegye wɔn hɔ saa ara. 35 Na monnɔ mo atamfo, na monyɛ wɔn yiye na momfɛm wɔ nea ani nni biribi so, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ nea ɔwɔ sorosoro no mma, efisɛ ɔno de, oye ma bonniayɛfo ne nnipa bɔne. 36 Enti monyɛ timmɔbɔ sɛnea mo agya nso yɛ timmɔbɔ no. Ntɛnyi bɔne ( Mateo 7.1-5 ) 37 Nanso mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mummmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo. 38 Momma, na wɔama mo; susukora pa a wɔamia so na wɔawosow na abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio. 39 Na obuu wɔn bɛ sɛ: Onifuraeni betumi akyerɛ onifuraeni kwan? Wɔn baanu nyinaa renhwe amoa mu anaa? 40 Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo; nea wasua biribi ahu na ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo. 41 Na ɛdɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua aniwa so, na mpuran a ɛda wo ankasa aniwa so de, wunhu? 42 Ɛbɛyɛ dɛn na wubetumi aka akyerɛ wo nua sɛ: Onua, ma minyi duaa a ɛda w’aniwa so no! Na wo ankasa aniwa so mpuran de, wunhu? Nyaatwomni, yi mpuran no fi w’aniwa so kan, ansa na woahu ade yiye de ayi wo nua aniwa so duaa. 43 Na dua pa biara nni hɔ a ɛsow aba bɔne, nanso dua bɔne biara nni hɔ a ɛsow aba pa. 44 Na dua biara n’aba na wɔde hu; na wɔntetew borɔdɔma wɔ nsɔe so, nanso wɔntetew obobe aba nguare so. 45 Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adepa adi, na onipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adebɔne adi; na efi nea ayɛ koma ma aboro so no mu na ano ka. 46 Na ɛdɛn na mofrɛ me: Awurade, Awurade, na monyɛ nea mise? 47 Obiara a ɔba me nkyɛn na otie me nsɛm na ɔyɛ no, mɛkyerɛ mo nea ɔsɛ no: 48 Ɔte sɛ onipa a ɔtoo aban, na otutu ma ɛkɔɔ fam pa ara, na ɔtoo ase ɔbotan so; na nsu yirii no, ɛfaa aban no ho, na antumi anwosow no, efisɛ wɔtoo no yiye. 49 Na nea ɔte na ɔnyɛ no te sɛ onipa a ɔtoo aban asase ani, na enni fapem; ɛno na nsu yirii faa ho, na ntɛm ara ɛhwee ase, na aban no sɛee koraa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana