Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 5 - KYERƐW KRONKRON


Asuafo no frɛ
( Mateo 4.18-22 ; Marko 1.16-20 )

1 Na ɛbae sɛ nkurɔfokuw no kyeree no so sɛ wobetie Onyankopɔn asɛm no, na ogyina Genesaret tare no ho;

2 na ohuu akorow abien sɛ esisi ɔtare no ho, na apofofo no afi mu kɔhoro wɔn asawu.

3 Na ɔkɔɔ ɔkorow no biako a ɛyɛ Simon dea no mu srɛɛ no sɛ ɔntwe mfi fam kakra. Na ɔtenaa ase no, ofi ɔkorow no mu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no.

4 Na ogyae kasa no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: Twiw kɔ nea ɛdɔ, na munkogu mo asawu nyi nam!

5 Na Simon buae sɛ: Owura, yɛayɛ adwuma anadwo yi nyinaa, na yɛannya hwee, nanso w’asɛm nti megu asawu no.

6 Na wɔyɛɛ saa no, wobumaa mpataa pii; a na wɔn asawu no retetew.

7 Na wonyamaa wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow biako no mu no sɛ wɔmmra mmeso wɔn mu; na wɔbae, na wɔhyɛɛ akorow abien no mama ma anka ɛreyɛ amem.

8 Na Simon Petro hui no, ɔhwee Yesu anan ase kae sɛ: Fi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛfo.

9 Na ɔne wɔn a wɔka ne ho nyinaa, mpataa dodow a woyii no nti, wɔn ho dwiriw wɔn;

10 na sɛ nso ɛyɛɛ Yakob ne Yohane, Sebedeo mma a wɔyɛ Simon mfɛfo ara nen. Na Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ: Nsuro! Efi nnɛ wubeyi nnipa.

11 Na wɔde akorow no baa asase so no, wogyaw ne nyinaa hɔ dii n’akyi.


Ɔkwatani bi ayaresa
( Mateo 8.1-4 ; Marko 1.40-45 )

12 Na ɛbae sɛ ɔwɔ nkurow no biako mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam ani nyinaa baa hɔ. Na ohuu Yesu no, ɔde n’anim butuw fam srɛɛ no sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.

13 Na ɔteɛɛ ne nsa kaa no kae sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na kwata no fii ne ho kɔe.

14 Na ɔbraa no sɛɔnnka nnkyerɛ obiara; na ose: Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na w’ahofi nti kɔma sɛnea Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse.

15 Nanso ne ho asɛm trɛwee mmom, na nkurɔfo akuwakuw pii behyiae sɛ wobetie no, na wasa wɔn nyarewa.

16 Nanso ɔtwee ne ho kɔɔ sare so kɔbɔɔ mpae.


Obubuafo bi ayaresa
( Mateo 9.1-8 ; Marko 2.1-12 )

17 Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne mmara akyerɛkyerɛfo a wofi Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ no so a ɔde sa yare.

18 Na hwɛ, mmarima bi de onipa bi a ɔda kɛtɛ so a ɔyare mmubui bae, na wɔrehwehwɛ ɔkwan de no abɛto n’anim.

19 Na nkurɔfokuw no nti wɔannya ɔkwan a wɔde no bɛfa so aba no, wɔkɔɔ ɔdan no atifi de no faa ntayaa no mu, ne kɛtɛ so, bɛtoo mfinimfini Yesu anim.

20 Na ohuu wɔn gyidi no, osee no sɛ: Onipa, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

21 Na kyerɛwfo ne Farisifo no fii ase susuwii sɛ: Hena ne oyi a ɔka abususɛm yi? Hena na obetumi de bɔne akyɛ sɛ Onyankopɔn nko ara?

22 Na Yesu huu wɔn adwene no, obua see wɔn sɛ: Ɛdɛn na mususuw mo koma mu?

23 Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre na nantew?

24 Na nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, osee obubuafo no sɛ: Mise wo sɛ: Sɔre fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi!

25 Na amonom hɔ ara ɔsɔree wɔn anim faa nea ɔdaa so no fii hɔ kɔɔ ne fi na ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.

26 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na ehu kaa wɔn pii, na wɔkae sɛ: Ɛnnɛ de, yɛahu anwonwade.


Lewi frɛ
( Mateo 9.9-13 ; Marko 2.13-17 )

27 Na eyi akyi no, ofii adi, na okohuu towgyeni bi a ne din de Lewi sɛ ɔte atowgyei, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi!

28 Na ogyaw biribiara sɔre bedii n’akyi.

29 Na Lewi tow no pon kɛse bi wɔ ne fi; na towgyefo ne nnipa foforo pii ne wɔn bɛtenaa hɔ.

30 Na akyerɛwfo ne Farisifo nwiinwii kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi na monom yi?

31 Na Yesu see wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, enhia wɔn ɔyaresafo, na wɔn a wɔyare no.

32 Mammɛfrɛ atreneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.


Mmuadadi ho asɛm
( Mateo 9.14-17 ; Marko 2.18-22 )

33 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafo taa di mmuada na wɔbɔ mpae, na Farisifo asuafo nso yɛ saa ara, na wo asuafo de, wodidi na wɔnom!

34 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mubetumi ama ayeforo asefo no adi mmuada, bere a ayeforokunu ne wɔn wɔ hɔ yi?

35 Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn; saa nna no mu na wobedi mmuada.

36 Na obuu bɛ yi nso kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi mfa ntama foforo sin ntare ntama dedaw mu; ɔyɛ saa a, foforo no betu, efisɛ nea otwa fii foforo no mu no ne dedaw no nsɛ.

37 Na obi mfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, nsa foforo no bɛma nkotoku no apaepae, na ahwiehwie agu, na nkotoku no asɛesɛe.

38 Na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu.

39 Nso obi nnom nsa dedaw nhwehwɛ foforo, na mmom ɔka sɛ: Dedaw no na eye.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan