Luka 24 - KYERƐW KRONKRONYesu sɔre fi awufo mu ( Mateo 28.1-8 ; Marko 16.1-8 ; Yohane 20.1-13 ) 1 Na da a edi nnawɔtwe kan no anɔpahema, wɔkɔɔ ɔda no so, na wɔde nnuru huamhuam a wɔasiesie no bae. 2 Na wohuu ɔbo no sɛ apirew afi ɔda no ano, 3 na wɔhyɛn mu no, wɔanhu Awurade Yesu amu no. 4 Na ɛbae sɛ eyi yɛɛ wɔn tirim keserenee no, hwɛ, mmarima baanu begyinaa wɔn nkyɛn a wɔhyɛ ntade a ɛhyerɛn. 5 Na ehu kaa wɔn ma wosisii wɔn ti ase, na mmarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mohwehwɛ ɔteasefo no awufo mu yi? 6 Onni ha, na wasɔre. Monkae sɛnea ɔwɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ mo 7 sɛ: Etwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa, na wɔbɔ no asɛnnua mu, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre bio. 8 Na wɔkaee ne nsɛm no; 9 na wɔsan fii ɔda no so bɛkaa nneɛma yi nyinaa kyerɛɛ dubiako no ne wɔn a aka no nyinaa. 10 Na Maria Magdalene ne Yohana ne Yakob ne na Maria ne mmea a wɔka wɔn ho no na wɔbɛkaa eyinom kyerɛɛ asomafo no. 11 Nanso wɔn nsɛm no yɛɛ wɔn sɛ nsɛnhunu, na wɔannye wɔn anni. 12 Na Petro de, ɔsɔre tutuu mmirika kɔɔ ɔda no so, na ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu no, ohuu nwera no sɛ egu fa, na ofii hɔ kɔɔ fie, na nea aba no yɛɛ no nwonwa. Emaus kɔ ( Marko 16.12-13 ) 13 Na hwɛ, da no ara wɔn mu baanu siim kɔɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a efi Yerusalem rekɔ hɔ bɛyɛ sɛ nkwansimma aduosia ase. 14 Na wɔredi nsɛm a aba yi nyinaa ho nkɔmmɔ. 15 Na ɛbae sɛ wɔredi nkɔmmɔ na wobisabisaa wɔn ho no, Yesu ankasa twiw bɛnee ne wɔn bɔɔ anan kɔe. 16 Nanso wɔasuso wɔn aniwa mu, na wɔanhu no. 17 Na obisaa wɔn sɛ: Nkɔmmɔ bɛn na monam redi a mo werɛ ahow yi? 18 Na wɔn mu biako a wɔfrɛ no Kleopa buaa no sɛ: So wo nko ne ɔhɔho wɔ Yerusalem a wunnim nsɛm a aba hɔ nnansa yi anaa? 19 Na obisaa wɔn sɛ: Nsɛm bɛn? Na wosee no sɛ: Nea ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi, nneyɛe ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho, 20 sɛnea asɔfo mpanyin ne yɛn mpanyimfo de no kɔmae sɛ wommu no fɔ nkum no, na wɔbɔɔ no asɛnnua mu. 21 Na yɛn de, yɛn ani daa so sɛ anka ɔno na ɔrebegye Israel. Nanso eyi nyinaa akyi no, nnansa ni a nsɛm yi sii. 22 Na mmea bi a wofi yɛn mu abɛma yɛn ho adwiriw yɛn. Wɔkɔɔ ɔda no so ahemadakye yi, 23 na wɔanhu n’amu no wɔ hɔ no, wɔba bɛkae sɛ wɔahu abɔfo bi wɔn ani so nso a wɔkae sɛ ɔte ase. 24 Na wɔn a wɔne yɛn wɔ hɔ no mu binom kɔɔ ɔda no so, na wokohui sɛnea mmea no nso kae no ara; na ɔno ankasa de, wɔanhu no. 25 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: O adwenharefo a moyɛ nyaa mo komam sɛ mubegye nea adiyifo no aka nyinaa adi! 26 Ɛnsɛ sɛ Kristo no behu saa amane no ansa na wakɔ n’anuonyam mu anaa? 27 Na ofii Mose ne Adiyifo nyinaa so kyerɛɛ wɔn kyerɛw nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase. 28 Na wɔrebɛn akuraa a wɔrekɔ ase no, ɔyɛe sɛnea ɔrekɔ n’anim. 29 Na wɔhyɛɛ no dennennen sɛ: Tena yɛn nkyɛn, na onwini adwo, na ade reyɛ asa. Ɛnna ɔhyɛn mu ne wɔn kɔtenae. 30 Na ɛbae sɛ ɔne wɔn te adidii no, ɔfaa abodoo hyiraa so, na obubui de maa wɔn. 31 Na wɔn ani buei, na wohuu no; na ɔno de, otu yerae wɔn anim. 32 Ɛnna wosisee wɔn ho sɛ: Ɔne yɛn rekasa ɔkwan mu na obuee kyerɛw nsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, so yɛn akoma mu anyɛ yɛn dɛdɛɛdɛ anaa? Asuafo baanu no san kɔ Yerusalem 33 Na wɔsɔree dɔn no ara mu san baa Yerusalem; na wobehui sɛ dubiako no ne wɔn a wɔka wɔn ho no aboaboa wɔn ho ano 34 reka sɛ: Awurade anyan ampa, na wayi ne ho akyerɛ Simon. 35 Na baanu no nso kaa nea esii ɔkwan mu ne sɛnea wohuu no abodoobubu mu no kyerɛɛ wɔn. Yesu yi ne ho adi kyerɛ asuafo no ( Marko 16.14-18 ; Yohane 20.19-23 ; 1 Korintofo 15.5 ) 36 Na wɔrekasa saa no, ɔno ara ankasa begyinaa wɔn mfinimfini, na osee wɔn sɛ: Asomdwoe nka mo! 37 Na wɔbobɔɔ piriw, na wosuro susuwii sɛ wɔahu ɔsaman. 38 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mo bo tutu, na adɛn nti na adwene sɔresɔre mo koma mu? 39 Monhwɛ me nsa ne me nan sɛ ɛyɛ m’ankasa; momfa mo nsa nka me nhwɛ, efisɛ ɔsaman nni nam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ yi. 40 Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. Odidi wɔ wɔn anim 41 Na anigye nti wɔda so nnye nni na ɛyɛɛ wɔn nwonwa no, obisaa wɔn sɛ: Mowɔ aduan bi wɔ ha anaa? 42 Na wɔmaa no apataa a wɔatoto sin bi. 43 Na ogye dii wɔn anim. Ɔkyerɛ anyamesɛm ase 44 Na osee wɔn sɛ: Eyi ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ etwa sɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara ne Adiyifo ne Nnwom mu wɔ me ho no nyinaa ba mu. 45 Ɛno na obuee wɔn adwene mu ma wɔtee kyerɛw nsɛm no ase. 46 Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ, Kristo no behu amane, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre afi awufo mu, 47 na wɔafa ne din so akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ amansan nyinaa mu, na wobefi ase wɔ Yerusalem. 48 Na mone eyinom ho adansefo. 49 Na hwɛ, meresoma m’agya bɔhyɛ no maba mo so; enti montena kurow no mu nkosi sɛ wɔbɛma mo ahoɔden afi soro. Yesu sorokɔ ( Marko 16.19 ; Asomafo 1.4-14 ) 50 Na ɔde wɔn fii adi koduu Betania; na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. 51 Na ɛbae sɛ ɔrehyira wɔn no, ɔne wɔn paepaee mu, na wɔmaa no so kɔɔ soro. 52 Na wɔkotow sɔree no, na wɔde anigye kɛse san baa Yerusalem. 53 Na wɔwɔ asɔrefi hɔ daa yii Onyankopɔn ayɛ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana