Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 23 - KYERƐW KRONKRON


Yesu gyina Pilato anim
( Mateo 27.1-2 , 11-31 ; Marko 15.1-5 ; Yohane 18.28-38 )

1 Ɛnna nnipakuw no nyinaa sɔre de no kɔɔ Pilato anim.

2 Na wofii ase totoo n’ano sɛ: Yɛahu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabra sɛ wonnyi tow mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ankasa ne ɔhene Kristo no.

3 Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na obuaa no sɛ: Woaka.

4 Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Minhu afobusɛm biara onipa yi mu.

5 Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ofii ase Galilea na ɔde abedu ha yi.

6 Na Pilato tee Galilea din no, obisae sɛ onipa no yɛ Galileani anaa?


Wɔde Yesu kɔma Herode

7 Na ohui sɛ ofi Herode asase so no, ɔma wɔde no kɔmaa Herode; na nna no mu no, na ɔno ankasa nso wɔ Yerusalem.

8 Herode huu Yesu no, n’ani gyei sɛ; efisɛ ɔpɛe sɛ ohu no akyɛ, na wate ne ho nsɛm ntia. Na n’ani da so sɛ ɔbɛyɛ sɛnkyerɛnne bi na wahu.

9 Na obisabisaa no nsɛm bebree, nanso wammua no.

10 Nso na asɔfo mpanyin ne Akyerɛwfo no gyina hɔ, na wɔtoto n’ano ara.

11 Na Herode ne ne dɔm bɔɔ no adapaa, goruu ne ho, na ɔhyɛɛ no atade hanahana bi de no kɔmaa Pilato bio.

12 Na da no ara na Pilato ne Herode faa adamfo; na kan no de, na anka wɔyɛ aka.


Pilato di ma Yesu

13 Na Pilato frɛɛ asɔfo mpanyin ne mpanyimfo ne ɔman no boaa ano

14 ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mode onipa yi abrɛ me sɛ obi a ɔsɛe ɔman; na hwɛ, mahwehwɛ no mu mo anim, na manhu nsɛm a mode totoo n’ano no mu afobusɛm biara onipa yi mu.

15 Herode nso anhu; na ɔma wɔde no brɛɛ me, na hwɛ, ɔnyɛɛ nea ɛfata sɛ wokum no.

16 Enti mɛhwe no, na magyaa no.

17 [Nso ɛsɛ no sɛ daa, afahyɛ no mu, ogyaa ɔdeduani biako ma wɔn].

18 Na wɔn nyinaa teɛɛm prɛko sɛ: Fa oyi kɔ, na gyaa Baraba ma yɛn!

19 (Ɔno na sakasaka bi a ɔkɔyɛe kurow no mu hɔ ne awudi nti wɔde no akɔto afiase).


Obu no kumfɔ

20 Na Pilato pɛe sɛ ogyaa Yesu nti, ɔkasa kyerɛɛ wɔn bio.

21 Na wɔteɛɛm sɛ: Bɔ no asɛnnua mu, bɔ no asɛnnua mu!

22 Na ɔkaa nea ɛto so abiɛsa kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Manhu nea ɛfata sɛ wokum no, enti mɛhwe no, na magyaa no.

23 Na wɔde nne kɛse kɔɔ so kae sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu; na wɔn nne boroo ne de so.

24 Na Pilato buu atɛn sɛ ɛnyɛ sɛnea wobisae no.

25 Na ogyaa nea sakasaka ne awudi nti wɔde no kɔtoo afiase a wɔsrɛɛ no no maa wɔn, na Yesu de, oyii no mae sɛnea wɔpɛ.


Yerusalem mmea

26 Na wɔde no rekɔ no, wosoo Simon, ɔbarima bi a ofi Kirene a ofi n’afum reba no mu, na wɔde asɛnnua no too no so sɛ ɔnsoa nni Yesu akyi.

27 Na ɔman no mu nnipakuw kɛse dii n’akyi, ne mmea a wɔredi no nkɔmmɔ na wɔresu no.

28 Na Yesu dan n’ani kyerɛɛ wɔn kae sɛ: Yerusalem mmabea, munnsu me, na munsu mo ho ne mo mma!

29 Na hwɛ, nna bi reba a wɔbɛka sɛ: Nhyira ne abonin ne ɔyafunu a ɛnwoe da ne nufu a wonnumii da.

30 Ɛnna wobefi ase aka akyerɛ mmepɔw sɛ: Monhwe yɛn so! Ne nkoko sɛ: Monkata yɛn so!

31 Na sɛ wɔde eyi reyɛ duamono a, dɛn na wɔde bɛyɛ duwui?

32 Na wɔde nnebɔneyɛfo baanu nso kaa ne ho kɔe sɛ wonkokum wɔn.


Golgota
( Mateo 27.33-56 ; Marko 15.22-41 ; Yohane 19.17-30 )

33 Na woduu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea no, ɛhɔ na wɔsɛn no ne nnebɔneyɛfo no, obiako wɔ ne nifa, na obiako wɔ benkum.

34 Na Yesu kae sɛ: Agya, fa kyɛ wɔn, na wonnim nea wɔreyɛ! Na wɔtweee ntonto de kyɛɛ ne ntama mu.

35 Na ɔman no gyina hɔ rehwɛ. Na mpanyimfo no nso yii no ahii sɛ: Ogyee binom; sɛ oyi ne Kristo no a Onyankopɔn ayi no no a, ma onnye ne ho ɛ!


Yesu ho fɛwdi

36 Na asraafo no nso goruu ne ho, na wɔbaa ne nkyɛn bɛmaa no nsa kekakeka,

37 na wɔkae sɛ: Sɛ woyɛ Yudafo hene a, gye wo ho!

38 Na nkyerɛwee bi nso wɔ n’atifi sɛ: Oyi ne Yudafo hene.


Odwowtwafo a ɔsakraa n’adwene no

39 Na nnebɔneyɛfo a wɔasɛn wɔn no mu biako yaw no sɛ: Ɛnyɛ wo ne Kristo no? Gye wo ho ne yɛn!

40 Na obiako no buaa no kaa n’anim sɛ: Wo nso wunsuro Onyankopɔn sɛ wowɔ afobu koro yi ara mu yi?

41 Na yɛn de de, ɛteɛ pɛpɛɛpɛ, na yɛanya nea ɛsɛ yɛn nneyɛe no; na oyi de, ɔnyɛɛ mfomso ade biara.

42 Na ɔkae sɛ: Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a, kae me!

43 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nokware mise wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho Paradise hɔ.


Yesu wu

44 Na ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so asia no, esum duruu asase nyinaa so de kosii dɔn a ɛto so akron.

45 Na owia duruu sum; na asɔredan mu ntama a etwa mu no mfinimfini tewee.

46 Na Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ. Na ɔkaa saa no, ogyaa mu.


Ne wu ka nkurɔfokuw no

47 Na asraafo ha so panyin no huu nea aba no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa trenee.

48 Na nkurɔfo akuwakuw a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ ade no nyinaa huu nea aba no, wɔbobɔɔ wɔn koko so san kɔe.

49 Na n’amannifo nyinaa ne mmea a wodii n’akyi fii Galilea no abegyina akyirikyiri rehwɛ nneɛma yi.


Yesu sie
( Mateo 27.57-61 ; Marko 15.42-47 ; Yohane 19.38-42 )

50 Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔyɛ baguani na ɔyɛ onipa pa na ɔteɛ,

51 no de, wampene wɔn agyina ne wɔn nneyɛe no so. Ofi Yudafo kurow Arimatea mu, na ɔno ankasa nso retwɛn Nyankopɔn ahenni no.

52 Ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ no Yesu amu no.

53 Na okoyi kyekyee no nwera mu, na ɔde kɔtoo ɔda a wɔatwa no ɔbo mu a onipa bi nnaa mu da mu.

54 Na ɛda no yɛ ahosiesie da, na homeda rebɛn.

55 Na mmea no nso a wɔne no fi Galilea bae no dii akyi kɔhwɛɛ ɔda no ne sɛnea wɔde n’amu no too mu fae.

56 Na wɔsan besiesiee nnuru ne ngo huamhuam; na homeda no wɔyɛɛ komm homee sɛnea mmara no te no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan