Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 22 - KYERƐW KRONKRON


Wɔbɔ Yesu ho pɔw bɔne
( Mateo 26.1-5 ; Marko 14.1-2 )

1 Na Apiti afahyɛ a wɔfrɛ no Twam no bɛnee.

2 Na asɔfo mpanyimfo ne Akyerɛwfo no hwehwɛe sɛnea wɔbɛyɛ na wɔakum Yesu efisɛ wosuro ɔman no.

3 Na Satan kɔhyɛn Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dumien no mu biako no mu.

4 Na ɔne asɔfo mpanyin ne asafohene no kɔkasae kyerɛe sɛnea ɔbɛyɛ na wayi no ama wɔn.

5 Na ɛyɛɛ wɔn anigye, na wɔne no hyehyɛe sɛ wɔbɛma no sika bi.

6 Na ɔpenee; na ɔhwehwɛe sɛnea obenya kwan ayi no ama wɔn wɔ nkurɔfokuw no akyi.


Twam no siesie
( Mateo 26.17-29 ; Marko 14.12-25 )

7 Na afei Apiti da a ɛsɛ sɛ wokum Twam guan no dui.

8 Na ɔsomaa Petro ne Yohane sɛ: Monkɔ nkosiesie Twam no mma yɛn, na yemmedi.

9 Na wobisaa no sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie?

10 Na osee wɔn sɛ: Hwɛ, mudu kurow no mu a, onipa bi a ɔso ahina a nsu wɔ mu behyia mo; munni n’akyi nkɔ ofi a ɔbɛkɔ mu no mu.

11 Na munse ofiwura no sɛ: Kyerɛkyerɛfo se wo sɛ: Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafo bedi mu Twam no wɔ?

12 Na ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔahyehyɛ mu; ɛhɔ na munkosiesie!

13 Na wɔkɔ kohui sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no, na wosiesiee Twam no.


Adidi a edi akyiri

14 Na dɔn no dui no, ɔbɛtenaa ase, na asomafo no ka ne ho.

15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔpɛ na mepɛe sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahu amane.

16 Na mise mo sɛ, merenni bi bio, gye da a ɛbɛba mu Onyankopɔn ahenni mu.

17 Na ɔfaa kuruwa no daa ase, na ɔkae sɛ: Munnye eyi, na monkyɛ mu!

18 Na mise mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio, gye da a Onyankopɔn ahenni no bɛba.


Adidi kronkron no asehyɛ

19 Na ɔfaa abodoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Eyi ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.

20 Saa ara nso na wowiee adidi no, ɔfaa kuruwa no kae sɛ: Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.

21 Nso hwɛ, nea ɔreyi me ama no ne me te pon ho didi.

22 Na Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔahyɛ no de, nanso onipa a obeyi no ama no nnue!

23 Na wofii ase bisabisae wɔ wɔn mu sɛ, hena ara na ɔrebɛyɛ saa ade yi.


Yesu kasa tia ahomaso
( Mateo 20.25-27 ; Marko 10.42-44 )

24 Na akasakasa bi nso baa wɔn mu sɛ, wɔn mu hena na wobebu no kɛse.

25 Na osee wɔn sɛ: Wiase amanaman ahemfo di wɔn so ahensɛm, na wɔn a wodi wɔn so tumi no, wɔfrɛ wɔn adɛɛfo.

26 Na mo de, monnyɛ sa, na mmom nea ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na nea ɔyɛ otitiriw no nyɛ sɛ nea ɔsom.

27 Na hena na ɔso, nea ɔte aduan ho anaasɛ nea ɔsom? Ɛnyɛ nea ɔte aduan ho? Na me de, mewɔ mo mu sɛ nea ɔsom.

28 Na mone wɔn a wɔda so ka me ho me sɔhwɛ mu.

29 Na me nso sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo,

30 na moadidi na moanom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatena nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.


Petro pa ho nkɔmhyɛ
( Mateo 26.31-35 ; Marko 14.27-31 ; Yohane 13.36-38 )

31 Simon, Simon, hwɛ, anka na Satan pɛ sɛ onya mo, na ohuhu mo so sɛ aburow.

32 Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidi. Na wo de, sɛ daakye wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den!

33 Na Petro see no sɛ: Awurade, masiesie me ho sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne owu mu.

34 Na ose: Petro, meka mekyerɛ wo sɛ, ɛnnɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woasan mprɛnsa sɛ wunnim me.


Kɔkɔbɔ bi

35 Na osee wɔn sɛ: Mesomaa mo a na munkura sika kotoku ne akwantu bɔtɔwa ne mpaboa no, so biribi hiaa mo anaa? Na wose: Anhia yɛn hwee.

36 Ɛnna osee wɔn sɛ: Afei de, nea ɔwɔ sika kotoku no, ɔmfa, ne akwantu bɔtɔwa saa ara; na nea onni bi no, ma ɔntɔn ne ntama mfa ntɔ nkrante.

37 Na mise mo sɛ, eyi a wɔakyerɛw nso, etwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofo mu. Na nea ɛfa me ho no wɔ awiei.

38 Na wose: Awurade, hwɛ, nkrante abien ni. Na osee wɔn sɛ: Ɛdɔɔso.


Getsemane awerɛhow
( Mateo 26.30 ; 26.36-46 ; Marko 14.26 ; 14.32-42 )

39 Na ofii adi, na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ Ngo Bepɔw so; na asuafo no nso dii n’akyi.

40 Na oduu hɔ no, osee wɔn sɛ: Mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu!

41 Na ɔtwee ne ho fii wɔn nkyɛn bɛyɛ sɛ nea wɔtow ɔbo a, ɛbɛtɔ no, ɔkotow ne nan anim bɔɔ mpae

42 sɛ: Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ na ɛnyɛ hɔ.

43 Na ɔbɔfo fii soro beyii ne ho kyerɛɛ no hyɛɛ no den.

44 Na ɔwɔ owu yaw mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam.

45 Na ɔsɔre fii mpaebɔ mu baa asuafo no nkyɛn no, obehuu wɔn sɛ awerɛhow nti wɔadeda,

46 na osee wɔn sɛ: Adɛn na moda? Monsɔre mmɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu.


Yesu kyere
( Mateo 26.47-56 ; Marko 14.43-49 ; Yohane 18.2-11 )

47 Na ogu so kasa no, hwɛ, nnipakuw bi bae a dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim. Na otwiw bɛn Yesu befew n’ano.

48 Na Yesu bisaa no sɛ: Yuda, wode mfewano na ɛreyi Onipa Ba no ama?

49 Na wɔn a wɔwɔ ne ho no huu nea ɛrebɛba no, wobisaa no sɛ: Awurade, yɛmmobɔ wɔn nkrante anaa?

50 Na wɔn mu biako bɔɔ ɔsɔfo panyin akoa, na otwaa n’aso nifa.

51 Na Yesu buae sɛ: Momma no nso ha ara! Na ɔkaa n’aso no yɛɛ no yiye.

52 Na afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne asɔrefi asafohene ne mpanyimfo a wɔbaa no so no sɛ: Mobae sɛnea moreba odwowtwafo so na mukura nkrante ne mmaa yi?

53 Me ne mo wɔ asɔrefi hɔ daa no, moankyere me; na eyi ne mo bere ne sum tumi.


Petro pa ne wura
( Mateo 26.57-58 ; 26.69-75 ; Marko 14.53-54 ; 14.66-72 ; Yohane 18.12-18 ; 18.25-27 )

54 Na wɔkyeree no kɔe, na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panyin fi. Na Petro de, odi wɔn ntɛntɛnso wɔ akyirikyiri.

55 Na wɔsɔɔ ogya adiwo hɔ na wɔtenaa ho no, Petro bɛtenaa wɔn mu.

56 Na abaawa bi huu no sɛ ɔte gya no ho, na ɔhwɛɛ no dinn kae sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam.

57 Na ɔsanee sɛ: Ɔbea, minnim no.

58 Na ankyɛ na ɔfoforo huu no, na ose: Wo nso wufi wɔn mu. Na Petro se: Barima, mimfi wɔn mu.

59 Na ɛno akyi bɛyɛ sɛ dɔnhwerew biako no, ɔfoforo bi nso de bɛtoo so sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam ampa, efisɛ ɔyɛ Galileani.

60 Na Petro se: Barima, minnim nea wuse yi. Na amonom hɔ ara a ogu so kasa no, akokɔ bɔnee.

61 Na Awurade dan ne ho hwɛɛ Petro anim; na Petro kaee Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no.

62 Na Petro fii adi kosui yayaayaw.


Yesu ho fɛwdi
( Mateo 26.67-68 ; Marko 14.65 )

63 Na mmarima a wokura Yesu mu no goruu ne ho hwee no.

64 Na wɔkataa n’ani bobɔɔ n’ani so, na wosee no sɛ: Hyɛ nkɔm, Hena na ɔbɔɔ wo no!

65 Na abususɛm pii keka ho a wɔka guu no so.


Yesu gyina bagua mu
( Mateo 26.59-66 ; Marko 14.55-64 )

66 Na ade kyee no, ɔman mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne Akyerɛwfo no behyiae, na wɔde no kɔɔ wɔn asennii

67 kae sɛ: Wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn! Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ mise mo a, morennye nni;

68 na sɛ nso mibisa mo a, moremmua me.

69 Na efi nnɛ, Onipa Ba no bɛtena Onyankopɔn tumi nifa so.

70 Na wɔn nyinaa kae sɛ: Ɛnne na wone Nyankopɔn ba no anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaka, na mene no.

71 Na wose: Adanse bɛn na ehia yɛn bio? Na yɛn ankasa ate afi n’anom.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan