Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 20 - KYERƐW KRONKRON


Ɔman mpanyin no animguase
( Mateo 21.23-27 ; Marko 11.27-33 )

1 Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ ɔman no wɔ asɔrefi na ɔreka asɛmpa no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no baa no so,

2 na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Ka tumi ko a wode yɛ nneɛma yi kyerɛ yɛn, anaasɛ hena na ɔmaa wo tumi yi?

3 Na obua see wɔn sɛ: Me nso mebisa mo asɛm biako na monka nkyerɛ me:

4 Yohane asubɔ no, efi soro anaasɛ efi nnipa?

5 Na wɔdwennwen sisee wɔn ho sɛ: Sɛ yɛka sɛ efi soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnne adɛn nti na moannye no anni?

6 Na sɛ yɛka sɛ efi nnipa a, ɔman no nyinaa besiw yɛn abo; efisɛ wogye di ampa sɛ Yohane yɛ odiyifo.

7 Na wobuae sɛ wonnim nea efi.

8 Na Yesu nso see wɔn sɛ: Me nso menka tumi ko a mede meyɛ eyinom menkyerɛ mo.


Akuafo bɔne no
( Mateo 21.33-46 ; Marko 12.1-12 )

9 Na ofii ase buu ɔman no bɛ yi sɛ: Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔde fɛm akuafo bi, na ogyaw hɔ kɔɔ baabi kɔkyɛe.

10 Na bere no dui no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafo no nkyɛn, sɛ wɔmma no bobe turo no mu aba no bi; na akuafo no hwee no ma ɔnam nsansa kɔe.

11 Na ɔsan somaa akoa foforo; na ɔno nso, wɔhwee no bɔɔ no adapaa ma ɔnam nsansa kɔe.

12 Na ɔsomaa nea ɔto so abiɛsa; na ɔno nso, wopirapiraa no pam no fii hɔ.

13 Na bobe turo wura no kae sɛ: Menyɛ no dɛn? Mɛsoma me dɔba; ebia wɔbɛfɛre no.

14 Na akuafo no huu no no, wɔdwennwen sisee wɔn ho sɛ: Ɔdedifo no ni; momma yenkum no, na apɛgyade no nyɛ yɛn dea.

15 Na wɔtwee no fii bobe turom hɔ kokum no. Enti ɛdɛn na bobe turo wura no bɛyɛ wɔn?

16 Ɔbɛba abɛsɛe akuafo yi, na ɔde bobe turo no ama afoforo. Na wɔtee no, wɔkae sɛ: Onyame mpa ngu!

17 Na ɔhwɛɛ wɔn anim kae sɛ: Na ɛdɛn na wɔakyerɛw sɛ: Ɔbo a abantofo apa no, ɛno na abɛyɛ tweaso tibo.

18 Obiara a ɔbɛhwe ɔbo no so no, obebubu; na nea ɛbɛhwe no so no, ɛbɛpɛtɛw no.

19 Na Akyerɛwfo ne asɔfo mpanyin no hwehwɛe sɛ wɔde wɔn nsa koso no mu akyere no dɔn no ara mu, nanso wosuroo ɔman no; efisɛ wohui sɛ bɛ a obui no, ɔde wɔn.


Towyi ho asɛmmisa
( Mateo 22.15-22 ; Marko 12.13-17 )

20 Na wɔtɛw no, na wɔsomaa akwansrafo bi a wɔpatuw yɛɛ wɔn anim sɛnea wɔyɛ nnipa trenee sɛ wɔnkɔpɛ no asɛm, na wɔayi no ahyɛ amrado mmara ne ne tumi nsa.

21 Na wobisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ wokasa na wokyerɛkyerɛ yiye, nanso womfɛre obiara anim, na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu.

22 Yɛwɔ ho kwan sɛ yeyi tow ma Kaesare anaasɛ yennyi?

23 Na ohuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

24 Momfa denare mmɛkyerɛ me! Hena mfonini ne nkyerɛwee na ɛwɔ so yi? Na wɔkae sɛ: Kaesare de.

25 Na osee wɔn sɛ: Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn.

26 Na wɔantumi annya n’asɛm bi anso mu ɔman no anim, na ne mmuae no yɛɛ wɔn nwonwa, na womuaa wɔn ano.


Owusɔre ho asɛmmisa
( Mateo 22.23-33 ; 22.46 ; Marko 12.18-27 ; 12.34 )

27 Na Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ no mu bi bae bebisaa no

28 sɛ: Kyerɛkyerɛfo, Mose kyerɛw maa yɛn sɛ: Sɛ obi nua wu, na ɔwɔ yere, na wanwo mma a, ne nua no mfa ne yere no nware, na ɔnwo mma, mma nea wawu no.

29 Nso anuanom baasɔn tenaa ase. Na nea odi kan waree yere, wannya ɔba na owui.

30 Na nea ɔto so abien

31 ne nea ɔto so abiɛsa waree no; na saa ara na wɔn baasɔn nyinaa waree no, na wɔannyaw mma, na wowuwui.

32 Na akyiri no, ɔbea no nso wui.

33 Na afei owusɔre mu no, ɔbɛyɛ wɔn mu hena yere? Efisɛ wɔn baasɔn no aware no.

34 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Wiase yi mma ware, na wɔde wɔn ma aware;

35 na wɔn a wobebu wɔn sɛ ɛsɛ wɔn sɛ wɔn nsa bɛka wiase foforo no ne ɔsɔre a wɔbɛsɔre afi awufo mu no de, wɔnware, nso wɔmfa wɔn mma aware.

36 Nso wontumi nwu bio; na wɔte sɛ abɔfo, na wɔyɛ Onyankopɔn mma, sɛ wɔyɛ owunyan mma ntia.

37 Na ɛfa awufo nyan ho de Mose nso kyerɛɛ wɔ wura no ho asɛm no mu sɛ ɔfrɛ Awurade sɛ: Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.

38 Na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de; efisɛ wɔn nyinaa te ase ma no.

39 Na Akyerɛwfo no mu bi buae sɛ: Kyerɛkyerɛfo, woaka no yiye.

40 Na eyi akyi no, wɔantumi ammisa no asɛm bi bio.


Dawid ba no ne Dawid wura
( Mateo 22.41-45 ; Marko 12.35-37 )

41 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na wɔka sɛ: Kristo no yɛ Dawid ba?

42 Na Dawid ankasa ka nnwom nhoma no mu sɛ: Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa

43 kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso.

44 Enti Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?


Akyerɛwfo ho kɔkɔbɔ
( Mateo 23.1 ; 23.5-7 ; 23.14 ; Marko 12.38-40 )

45 Na ɔman no nyinaa retie no, osee asuafo no sɛ:

46 Monhwɛ mo ho yiye Akyerɛwfo a wɔpɛ ntade atenten mu nantew, na wɔpɛ gua so nkyia ne mpanyin nkongua hyia adan mu ne mpanyin tenabea adidi ase no ho;

47 wɔn na wɔbɔ akunafo apoo, nanso wɔboapa bɔ mpae atenten kyerɛ. Eyinom na wobenya afobu a ɛso.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan