Luka 17 - KYERƐW KRONKRONHintiduato 1 Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Ɛdan sɛ dɛn ara a, hintiduato bɛba de, nanso nea ɛnam no so bɛba no nnue! 2 Anka eye ma no sɛ wɔde owiyammo kyekyere ne kɔn mu kɔtow no kyene po mu sen sɛ ɔbɛto nketewa yi mu biako hintidua. Bɔne fakyɛ 3 Monhwɛ mo ho so yiye! Na sɛ wo nua fom a, ka n’anim; na sɛ ɔsakra n’adwene a, fa kyɛ no! 4 Na sɛ ɔfom wo mpɛn ason da koro, na ɔsan ba wo nkyɛn mpɛn ason ka sɛ: Masakra m’adwene a, fa kyɛ no! 5 Na asomafo no see Awurade sɛ: Ka yɛn gyidi ho! Gyidi mu tumi 6 Na Awurade se: Sɛ mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ ankye dua yi sɛ: Wo ntini ntutu na kɔtɛw ɛpo mu! Na ebetie mo. Nokwaredi 7 Mo mu hena na ɔwɔ akoa a ofuntum asase anaasɛ ɔhwɛ mmoa, na ofi afum ba ofie a, obese no sɛ: Bɛsen ntɛm kɔtena adidii? 8 Na ɔrense no sɛ: Siesie nea medi, na bɔ abɔso bɛsom me, na minnidi na mennom ansa, na akyiri no, wo nso woakodidi na woanom? 9 Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ nea wɔahyɛ no no? 10 Saa ara na mo nso sɛ moyɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn so; yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Akwatafo du ayaresa 11 Na ɛbae sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea. 12 Na ɔrekɔ akuraa bi ase no, mmarima du bi a wɔyɛ akwatafo hyiaa no a wogyinagyina akyirikyiri, 13 na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Owura Yesu, hu yɛn mmɔbɔ! 14 Na ohuu wɔn no, osee wɔn sɛ: Monkɔ na momfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfo. Na ɛbae sɛ wɔrekɔ no, wɔn ho fii. 15 Na wɔn mu biako hui sɛ ne ho asan no, ɔsan n’akyi de nne kɛse beyii Nyankopɔn ayɛ, 16 na ɔde n’anim butuw fam wɔ ne nan ase daa no ase. Ɔno de, ɔyɛ Samariani. 17 Na Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ du no na wɔn ho fii? Na baakron no de, wɔwɔ he? 18 Wɔanhu wɔn mu biara a ɔsan de anuonyam brɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnanani yi nko? 19 Na osee no sɛ: Sɔre kɔ, wo gyidi agye wo. Onyankopɔn ahenni no ba 20 Na Farisifo no bisaa no sɛ da bɛn na Onyankopɔn ahenni bɛba no, obuaa wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni mma sɛ ani tuae, 21 nanso wɔrenka sɛ: Hwɛ ha anaa ɛhɔ! Na hwɛ, Onyankopɔn ahenni no, mo mu na ɛwɔ. 22 Na ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: Nna bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mubehu Onipa Ba no nna no mu biako, na morenhu. 23 Na wobese mo sɛ: Hwɛ ha! Anaa: Hwɛ hɔ! a, monnkɔ, nso munnni wɔn akyi! 24 Na sɛnea anyinam a ɛpa tew ɔsoro ase fa hyerɛn kɔ ɔsoro ase, fa baabi no, saa ara nso na onipa Ba no bɛyɛ ne da no mu. 25 Nanso etwa sɛ ohu amane pii na nnɛ mma yi po no ansa. Noa ne Lot nna ho mfatoho 26 Na sɛnea ɛyɛe Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ onipa Ba no nna mu. 27 Wodidii, wɔnomee, wɔwaree yerenom na wɔmaa aware de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na nsuyiri no bae, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa. 28 Sɛ nso ɛyɛe Lot nna mu no, wodidii, wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, woduae, na wɔsisii adan. 29 Na da a Lot fii Sodom kɔe no, na ogya ne sufre fi soro tɔe, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa. 30 Saa ara na ɛbɛyɛ ɛda a onipa Ba no beyi ne ho adi no. 31 Da no ara, nea ɔwɔ ɔdan atifi na ne biribi wɔ ɔdan mu no, mma onnsian mmmɛfa; na nea ɔwɔ afuw mu no nso, mma ɔnnsan n’akyi. 32 Monkae Lot yere no! 33 Obiara a ɔbɛhwehwɛ sɛ ogye ne kra no, ebefi ne nsa, na obiara a ne kra befi ne nsa no wobegye no nkwa. 34 Mise mo sɛ: Anadwo no, nnipa baanu bɛda mpa koro so; wɔbɛfa obiako, na wɔagyaw obiako. 35 Mmea baanu bɛbom ayam awi; wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako. 36 [Mmarima baanu bɛtena afum; wɔbɛfa obiako, na wɔagyaw obiako.] 37 Na wobua see no sɛ: Ɛhe, Awurade? Na osee wɔn sɛ: Nea funu wɔ no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana