Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 16 - KYERƐW KRONKRON


Ofiepanyin nitewfo no

1 Na ɔka kyerɛɛ asuafo no nso sɛ: Ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔwɔ ofiepanyin bi, na wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ ɔresɛe n’ade.

2 Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdɛn na mete wɔ wo ho yi! Bebu wo panyinni ho akontaa, na worenni panyin bio.

3 Na ofiepanyin no kae ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn, efisɛ me wura rebegye me panyinni afi me nsam? Minni ahoɔden a mede betutu, na ahua nso yɛ me aniwu.

4 Yiw, mahu nea mɛyɛ, na wotu me fi me panyinni so a, wɔagye me akɔ wɔn afi.

5 Na ɔfrɛɛ ne wura adefirifo nyinaa mmiako mmiako baa ne nkyɛn see nea odi kan no sɛ: Wode me wura ka ahe?

6 Na ose: Ngohina ɔha. Na osee no sɛ: Gye wo nhoma, na tena ase ntɛm kyerɛw aduonum!

7 Ɛnna osee ɔfoforo sɛ: Na wo nso, ahe na wode? Na ose: Mede awi nkotoku ɔha. Na osee no sɛ: Fa wo nhoma, na kyerɛw aduɔwɔtwe!

8 Na owura no kamfoo ofiepanyin nitewfo no sɛ wadi no nyansam, eyi mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sen hann mma wɔn mfɛfo mu.


Ahonyade kwan pa

9 Na me nso mise mo sɛ: Momfa ahonyade a ɛnteɛ no bi so nya nnamfo, na sɛ ehia mo a, wɔagye mo akɔ daa afi no mu.

10 Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware; na nea ɔnteɛ ade ketewaa mu no, na ɔnteɛ bebree mu nso.

11 Na enti sɛ moanni ahonyade a ɛnteɛ no mu nokware a, hena na ɔde ahode pa no bɛhyɛ mo nsa?

12 Na sɛ moanni obi ade mu nokware a, hena na ɔde mo de nso bɛma mo?


Ɔsom afanu

13 Akoa biara ntumi nsom awuranom baanu. Na ɔbɛtan obiako, na wadɔ obiako no anaasɛ ɔbɛbata obiako ho, na wabu obiako no animtiaa. Muntumi nsom Nyankopɔn ne ahonyade.


Yesu ka Farisifo anim

14 Na Farisifo a wɔyɛ sikapɛfo tee eyinom nyinaa; na wɔserew no.

15 Na osee wɔn sɛ: Moyɛ nnipa a wobu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn de, onim mo koma mu. Na nea ɛyɛ kɛse nnipa mu no yɛ akyide Onyankopɔn anim.

16 Mmara ne adiyifo no bɛpem Yohane so; na efi ɛno so no, wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa, na obiara nam anibere so kɔ mu.

17 Na ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asase betwam sen sɛ mmara no ho nsensanee ketewa biako bɛtɔ.

18 Obiara a ogyaa ne yere na ɔware ɔfoforo no sɛe aware; na obiara a ɔware nea ne kunu agyaa no no sɛe aware.


Ɔdefo ne ohiani no

19 Na ɔdefo bi tenaa ase a ɔhyɛ ntade papa a ne bo yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gye n’ani daa.

20 Na ohiani bi a watutu akuru nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’abobow ano.

21 Na ne kɔn dɔe sɛ odi mporoporowa a efi ɔdefo no pon so agu fam no bi mee; nanso akraman bae bɛtaforoo n’akuru mu.

22 Na ɛbae sɛ ohiani no wui, na abɔfo bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefo no nso wui, na wosiee no.

23 Na ɔmaa n’ani so wɔ asaman no, na ɔwɔ aninyanne kɛse mu, na ohuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ otweri ne kokom.

24 Na ɔteɛɛm sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro na ɔmfa ne nsatea ano nkɔbɔ nsu mu, na ɔmfa mmedwudwo me tɛkrɛma; na merehu amane ogyaframa yi mu.

25 Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote ase no, wunyaa ahotɔ na Lasaro de, ohuu amane; na afei ne werɛ akyekye, na wo nso, worehu amane.

26 Na eyi nyinaa nna nkyɛn, oku kɛse da yɛne mo ntam a wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha yi ba mo nkyɛn no ntumi mma, na wɔn nso a wɔwɔ noho ntumi ntra mma yɛn nkyɛn.

27 Na ose: Ɛnne, agya, mesrɛ wo sɛ soma no ma ɔnkɔ m’agya fi;

28 na mewɔ nuammarima baanum, na onkodi adanse nkyerɛ wɔn, na wɔn nso amma aninyanne mu ha yi bi.

29 Na Abraham kae sɛ: Wɔwɔ Mose ne adiyifo no; ma wontie wɔn!

30 Na ose: Dabi, agya Abraham, na sɛ obi fi awufo mu kɔ wɔn nkyɛn a, ɛnna wɔbɛsakra wɔn adwene.

31 Na osee no sɛ: Sɛ wɔantie Mose ne adiyifo no a, obi fi awufo mu sɔre mpo a, wɔrennye no nni.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan